Ɔmansin Nhyiam a Ɛbɛboa Yɛn ma Yɛde Yɛn Adwene Asi Honhom mu Nneɛma So
1. Nsiesiei a Yehowa ayɛ a ɛbɛboa ma yɛayɛ asɛmpaka adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no bi ne dɛn?
1 Yehowa fi ayamye mu kasa kyerɛ yɛn, ɔtete yɛn, na ɔma yɛn nkuranhyɛ a yehia na ama yɛatumi ayɛ asɛmpaka adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Mat. 24:14; 2 Tim. 4:17) Ɔmansin nhyiam a yɛyɛ no afe biara no ka saa nsiesiei no ho. Ɔmansin nhyiam dwumadi foforo a yɛbɛyɛ no 2010 ɔsom afe no mu no asɛmti ne “Fa W’adwene Si Honhom mu Nneɛma So,” na egyina Romafo 8:5 ne Yuda 17-19 so. Wobefi ase February 8, 2010 dapɛn no mu.
2. (a) Akwan bɛn so na yebenya ɔmansin nhyiam no so mfaso? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔmansin nhyiam ahorow a yɛayɛ atwam no aboa wo wɔ asɛnka adwuma no mu?
2 Sɛnea Yebenya so Mfaso: Dwumadi no bɛboa yɛn ma yɛahu asiane a ɛwɔ nneɛma a ebetumi agye yɛn bere na atwetwe yɛn adwene afi nneɛma a ɛho hia sen biara ankasa so no mu. Yebehu sɛnea yɛbɛko atia su a ɛma yɛyɛ nea yɛpɛ, na yebesusuw nea ɛma obi yɛ honhom muni no nso ho. Ɔkasa a wɔakyekyɛm a wɔbɛma no Kwasida no bɛma yɛahu sɛnea ankorankoro ne mmusua betumi ahyɛ wɔn honhom fam yiyedi mu den bere a wohyia nhyɛso ne wɔn gyidi ho sɔhwɛ ahorow no. Dwumadi no bɛboa yɛn ma yɛabɔ yɛn koma ho ban, na yɛne Onyankopɔn ntam akɔ so ayɛ papa. Afei nso, ɛbɛma yɛde yɛn adwene asi nhyira a wɔn a wɔbɔ wɔn honhom fam yiyedi ho ban benya no so.
3. Bere bɛn na wobɛyɛ mo ɔmansin nhyiam a edi hɔ no, na dɛn na ɛsɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛyɛ?
3 Sɛ wunya hu bere ne beae a wɔbɛyɛ mo ɔmansin nhyiam a edi hɔ no a, yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woakotie nnanu dwumadi no nyinaa bi. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa hyira nsiyɛfo adwuma so.—Mmeb. 21:5.
4. Dɛn na yɛhwɛ kwan paa sɛ yebenya wɔ ɔmansin nhyiam a ɛrenkyɛ biara yɛbɛyɛ no ase?
4 Nokwarem no, akyɛde pa yi nyinaa fi Yehowa hɔ. Dwumadi a akoa nokwafo kuw no asiesie yi ara na yehia na ama yɛakɔ so ayɛ yɛn adwuma sɛ Kristofo. Yɛda Yehowa ase paa sɛ ofi ɔdɔ mu ayɛ nsiesiei a ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛaso anidaso ho mpaemuka no mu pintinn a yenhinhim.’—Heb. 10:23-25; Yak. 1:17.