Bɔ W’adwene Ho Ban
1. Dɛn ne afe 2013 ɔsom afe no ɔmansin nhyiam no asɛmti, na dɛn nti na wosiesiee dwumadi yi?
1 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmfa wɔn koma, wɔn kra, ne wɔn adwene nyinaa nnɔ Yehowa. (Mat. 22:37, 38) Wɔasiesie afe yi amantam ne amansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw no, na aboa yɛn ma yɛn nipasu ayɛ papa. Sɛ wobɛkae a, yɛn ɔmantam nhyiam no asɛmti ne “Bɔ Wo Koma Ho Ban!” Yɛn da koro nhyiam titiriw no a yɛbɛyɛ wɔ afe 2013 ɔsom afe no mu no asɛmti ne “Bɔ W’ahonim Ho Ban.” Amansin nhyiam a yebefi ase ayɛ wɔ afe 2013 mfiase no nso asɛmti ne “Bɔ W’adwene Ho Ban,” na egyina Mateo 22:37 so. Wɔasiesie dwumadi yi sɛnea ɛbɛboa yɛn mu biara ma wahwehwɛ ne nsusuwii mu a nea enti a ɔyɛ saa ne sɛ ɔbɛma Yehowa ani agye ho kɛse.
2. Bere a dwumadi no rekɔ so no, nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ ho mmuae?
2 Nea Yɛbɛte: Bere a yɛretie ɔmansin nhyiam dwumadi no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nsɛmmisa a ɛma yehu dwumadi no mu nsɛntitiriw yi ho mmuae:
• Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛannwen “nnipa adwene”?
• Dɛn na yebetumi ayɛ de ayi nkataanim a afura wɔn a wonnye nni adwene ani no?
• Adwene bɛn na yɛpɛ sɛ yenya?
• Sɛ yedwinnwen nneɛma a ɛyɛ papa ho a, mfaso bɛn na yenya?
• Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa akyerɛ yɛn nea yɛnyɛ?
• Dɛn na okununom, ɔyerenom, awofo, ne mma betumi ayɛ na ama wɔanya anigye wɔ abusua no mu?
• Dɛn na yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama Yehowa da no?
• Yɛn adwene a yebesiesie ama adwuma kɛse no kyerɛ dɛn?
• Mfaso bɛn na wɔn a wɔde nea yesua di dwuma no nya?
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ nnanu no nyinaa, yɛwɛn yɛn aso tie asɛm no yiye, na yɛde nea yebesua no di dwuma?
3 Satan rebɔ mmɔden sɛ obenya yɛn adwene so tumi na wasɛe no. (2 Kor. 11:3) Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn adwene ho ban na yɛannwen nneɛma a ɛmfata ho. Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nya Kristo adwene na yɛko tia wiase yi a basabasayɛ ahyɛ mu ma no. (1 Kor. 2:16) Enti yɛ nhyehyɛe na kɔ ɔmansin nhyiam no nnanu no nyinaa. Wɛn w’aso tie asɛm no yiye. Nsɛntitiriw a yebetie na yɛde adi dwuma no bɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn adwene, na yɛde nsi ayɛ Ahenni adwuma no.—1 Pet. 1:13.