Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ama Onyankopɔn Asomfo
1. Nhyehyɛe foforo bɛn na wofii ase wɔ afe 1938 mu, na atirimpɔw bɛn nti na wɔyɛɛ saa?
1 Wɔ afe 1938 mu no, Yehowa ahyehyɛde no fii nhyehyɛe foforo bi ase. Wɔtoo nsa frɛɛ asafo ahorow ma wɔkɔɔ zone assemblies anaa nea ɛnnɛ wɔfrɛ no ɔmansin nhyiam no. Atirimpɔw bɛn nti na wɔyɛɛ saa? January 1939 Informant (nea ɛnnɛ wɔfrɛ no Yɛn Ahenni Som) no buae sɛ: “Nhyiam ahorow yi ka Yehowa Teokrase Ahyehyɛde no ho na aboa ma yɛayɛ n’Ahenni som adwuma no. Akwankyerɛ a yenya wɔ hɔ no ho hia yɛn mu biara sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no yiye.” Sɛ yɛhwɛ sɛnea Ahenni adawurubɔfo anya nkɔanim fi 58,000 wɔ afe 1938 mu abedu 7,000,000 ne akyi wɔ afe 2009 mu no a, ɛda adi pefee sɛ amansin nhyiam redi atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛboa asɛmpakafo ma ‘wɔayɛ adwuma a wɔde ama wɔn no’ ho dwuma!
2. Ɔkasa ahorow bɛn na wɔbɛma wɔ ɔmansin nhyiam ase wɔ ɔsom afe foforo no mu?
2 Ɔsom Afe a Ɛreba no Ɔmansin Nhyiam Asɛmti: Yɛrehwɛ ɔmansin nhyiam a yɛbɛyɛ wɔ ɔsom afe foforo no mu no ne nkuranhyɛ a yebenya wɔ hɔ no kwan. Asɛmti no ne, “Monyɛ Wiase no Fã,” na woyi fii Yohane 15:19. Ɔkasa ahorow a ɛbɛboa Onyankopɔn asomfo no bi ne dɛn? Memeneda no, yebetie ɔkasa a ɛne “Ɔkwan Bɛn so na Bere Nyinaa Som Adwuma no Bɔ Yɛn Ho Ban?” Afei nso, yebetie ɔkasa a wɔakyekyɛm a ɛwɔ afã abiɛsa a n’asɛmti ne “Mma Eyinom Ngu Wo Ho Fĩ”: “Akekaboa No,” “Aguaman Kɛse No,” ne “Aguadifo No.” Kwasida nso, yebetie ɔkasa a wɔakyekyɛm a n’asɛmti ne “Dɔ Yehowa, Na Ɛnyɛ Wiase No.” Ɔkasa ahorow a yɛbɛte no bi ne “Monkɔ so Nyɛ ‘Ahɔho ne Amamfrafo’” ne “Munnya Akokoduru! Mubetumi Adi Wiase no So Nkonim.”
3. Sɛ yɛkɔ ɔmansin nhyiam no a, mfaso bɛn na yebenya?
3 Bere a onuawa bi a wayɛ mmerɛw wɔ ɔsom adwuma no mu kɔɔ ɔmansin nhyiam bi nnansa yi no, ɔkyerɛwee sɛ nhyiam no ma ɔsan susuw ne tebea no ho na wasi ne bo sɛ “ɔbɛyere ne ho wɔ asɛnka mu, na ɔremfa nsɛm nyiyi ne ho ano bio!” Akyinnye biara nni ho sɛ ɔmansin nhyiam dwumadi a wɔayɛ ama ɔsom afe foforo no bɛboa yɛn nyinaa ma yɛadɔ Yehowa mmom sen sɛ yɛbɛdɔ wiase no. (1 Yoh. 2:15-17) Hwɛ sɛ wobɛkɔ bi na woayɛ aso atie dwumadi no sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nhyehyɛe a wofi ɔdɔ mu ayɛ ama Onyankopɔn asomfo no so mfaso kɛse!