Rwanda Taa Kristofo
“SAA nkurɔfo yi yɛ akwanside ma yɛn man no ahobammɔ. Ɛnyɛ nea wogye di nti na yɛbɔ wɔn sobo na mmom wɔahyɛ da de nyamesom redi dwuma de to mmara na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ saa. Wɔrehaw afoforo, wɔreyɛ wɔn ho atoro adiyifo na wɔredaadaa nnipa a wɔba fam no.” Aban temmufo bi a wɔfrɛ no Alphonse Nkubito na ɔkaa saa nsɛm a ɛyɛ yaw a wɔde kanyan abufuw yi. Bere bɛn? Bere a wɔredi Yehowa Adansefo 89 ne wɔn mma 3 asɛm no. Wɔ he? Ɔman Ahobammɔ Asennibea wɔ ɔman a wɔfrɛ no Rwanda a ɛwɔ Afrika no mu. Ɛyɛ asennibea a ɛkorɔn sen biara wɔ saa ɔman no mu.
Wɔbɔɔ wɔn sobo a anibere wom ahorow pii: “Wɔrekanyan ɔmanfo ma wɔatew atua atia tumidi, wɔnyɛ osetie mma nniso, wɔyɛ baguam nhyiam a wɔabara na wobu ɔman no sɛnkyerɛnnede ahorow animtiaa.” Efi October 2-17, 1986 no, asennibea a Simon Ntahomvukiye na na ɔyɛ ne temmufo no tiee asɛm no. Asennibea no buu Adansefo no mu 49 atɛn wɔ October 24 mu: “Wodi fɔ!” Wɔde wɔn mu dodow no ara guu afiase mfe du du. Wɔde Augustin Murayi ne ne yere Rachel Ndayishimiye ne Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Rwagasore Justin nkutoo guu afiase mfe 12.
Nanso nea asennibea no yɛe nnansa yi yɛ nneɛma ahorow a Rwanda aban mpanyimfo ayɛ de atia Yehowa Adansefo wɔ mfe anan a atwam no mu no mu nea etwa to. Sɛ anototo ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ atuatewfo a wɔkanyan afoforo ma wɔyɛ asoɔden no yɛ nokware a, ɛnde nea enti a Rwanda aban ayɛ ade a emu yɛ den a ɛte sɛɛ no bɛyɛ nea ntease wom. Ɛda adi sɛ onipa a ɔwɔ ntease biara nni hɔ a obenya aban bi ho mfomso wɔ bɔ a ɔrebɔ ne ho ban wɔ atuatew ho no ho. Nanso nokwasɛm a ɛwom no ne nea ɛwɔ he? Dɛn ade ankasa na ama wɔyɛ nyamesomfo a wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ wɔpɛ asomdwoe, wodi mmara so na wɔyɛ nnipa a wɔkyerɛ obu ma afoforo na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne afoforo bɛyɛ biako no ayayade saa?
WƆKYEKYEE RWANDA SƐ ƐMMƐYƐ ƆMAN A ƐWƆ AHOFADI
Rwanda yɛ ɔman a esua nanso ɛyɛ fɛ a ɛyɛ aman a emu nnipa dɔɔso pii wɔ wiase no mu biako. Wɔtaa frɛ no Afrika Switzerland esiane mmepɔw atenten a nsukyerɛmma wowɔ atifi a ɛwɔ hɔ no nti. Ɛwom sɛ Rwanda wɔ nkyempɛ (equator) no ase pɛɛ de, nanso wim tew na ɛyɛ nwini wɔ hɔ efisɛ ɔman no ankasa gu mmepɔw ahorow so.
Efi bere a Rwanda bɛyɛɛ kwasafoman wɔ 1961 mu no, ahyia akwanside ahorow pii a ɛsɛ sɛ edi ho dwuma. Wɔaka Rwanda ho asɛm wɔ Encyclopedia Americana mu sɛ ɔman a ɛde ne ho “ahyɛ sohyialism ne demokrase mu.” Nanso esiane sɛ Rwanda nni “nneɛma a ɛdɔɔso a ɛbɛma anya sika” nti, ayɛ den sɛ ebegyina n’anan so wɔ sika fam. Wɔde aduan a wɔkra fi amannɔne na ama emu nnipa a wɔredɔɔso ntɛmntɛm no wɔ mfe pii mu. Mmoa kɛse a wonya fi Belgium, Canada, Federal Republic of Germany, France, Scandinavia ne United States aboa ɔman no kɛse nso.
Nanso Rwanda akannifo ayɛ nneɛma pa pii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ ahofadi a wɔn manfo wɔ no ho ban. Sɛ nhwɛso no, Rwandafo Mmara hyɛ ɔsom ne ahonim ho ahofadi ho bɔ wɔ mmara no Nkyekyem 18. Nkyekyem 20 hyɛ hokwan a wɔwɔ sɛ wobehyiam wɔ asomdwoe mu ho bɔ. Nkyekyem 22 hyɛ tow a ɛnsɛ sɛ wɔtow hyɛ obi fie so ho bɔ. Rwanda ka nso sɛ edi Wiase Nyinaa Mpaemuka a ɛfa Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ ho no so.
Enti ɛyɛ asɛm a ɛne ne ho bɔ abira sɛ wɔde ahofadi bɛkame Yehowa Adansefo wɔ asase a wɔako denneennen de apere ahofadi no so. Nea ɛyɛ anigye no, Rwandafo mu bɛyɛ fã de wɔn ho hyɛ wɔn nananom som ahorow mu na fã a wɔaka no yɛ Roman Katolekfo. Enti nkɛntɛnso a Katolek Asɔre no wɔ wɔ ɔman no mu amammuisɛm mu no mu yɛ den. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi ara na Katolekfo Sɔfo Panyin Nsengiyumba Vincent yɛ Rwanda amanyɛkuw biako pɛ no boayikuw kɛse no muni. Asɔre no wɔ sukuu ahorow pii, na wɔ aban no atesɛm krataa akyi no, ɛno na etintim nsɛmma nhoma biako pɛ a ɛwɔ ɔman no mu no. Ɛda adi sɛ Katolekfo wɔ ɔsom mu ahofadi wɔ Rwanda.
Ete sɛ nea nsɛm a esisii wɔ Rwanda amanyɛkuw biako pɛ a ɛne M.R.N.D. (Movement Revolutionnaire Nationale du Developpement) no mu nnansa yi na efii taa a wɔtaa Yehowa Adansefo no ase. Bere a wobu Rwandafo sɛ wɔyɛ amanyɛkuw no mufo bere a wɔadi mfe 18 no, wɔhwehwɛ sɛ amanyɛkuw no mufo nyinaa beyi ntoboa (Rwandafo Francs 100—bɛyɛ U.S. dɔla biako) wɔ nnansa yi mfe no mu. Ntoboa yi boa ma amanyɛkuw no nya sika. Esiane sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu nti, wɔmpene so sɛ wobeyi ntoboa yi.
Ade foforo nso ne kɔ a wɔkɔ so si so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ “nsrabɔ” mu no. Nokwarem no, eyi yɛ amammui bere a wɔde bɔ wɔn nsam, wɔtow nnwom a wɔka amammui fene ahorow mpɛn pii. Wɔ bere a wɔde da ɔmampɛ adi a emu yɛ den yi mu no, Yehowa Adansefo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so akura wɔn som mu na wɔayɛ wɔn asomdwoe adwuma a ɛne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka akyerɛ afoforo no. (Mateo 24:14) Adansefo a wɔwɔ Rwanda no nnɔɔso na wɔn dodow yɛ 483 pɛ wɔ 1986 mu. Nanso esiane sɛ wɔawe ahinam so sɛ wɔremfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm biara mu nti, aban no de n’ani asi wɔn so.
NNEƐMA A EDI KAN A WƆYƐ DE TIAA RWANDA KRISTOFO
Ɛde rekɔ 1982 awiei mu hɔ no, Yehowa Adansefo hyɛɛ da de too Rwanda aban no anim sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn som no hyɛ mmara ase. Dɛn na efii mu bae? Wɔkyeree nnipa baasa a wɔn nyinaa yɛ Kristofo asomfo a wɔde wɔn nsii hyɛɛ adesrɛ yi ase no, na wɔde wɔn koguu afiase a wɔanni wɔn asɛm. Wɔne Rwakabubu Gaspard ne I’Mugarula Mpakaniye a wofi Kigali ne Joseph Koroti a ofi Gisenyi. Afe biako twaam. Wɔ October 18, 1983 mu no, Ɔtemmufo Muliganda Mathias de mmarima baasa no mu biara too afiase sɛ “wɔabɔ korɔn” anaasɛ “wɔadi gyidifo sika.” Wɔamfa adanse biako pɛ mpo a wɔde begyina atosɛm yi akyi amma. Nnipa a wohui no gyee eyi toom sɛnea na ɛte no ara pɛ: atɛnkyea a ɛda adi pefee.
Enti wɔde Adansefo baasa no koguu afiase. Suban pa a woyii adi no maa afiase so ahwɛfo no kyerɛɛ obu maa wɔn ma enti wɔde asɛyɛde ahorow hyɛɛ wɔn nsa na wonyaa hokwan ahorow nso wɔ afiase hɔ. Akyiri yi woyii nsɛmmɔnedifo dodow bi fii afiase esiane wɔn bɔne a ɔmampanyin no de kyɛɛ wɔn anaasɛ esiane wɔn abrabɔ pa nti. Adansefo baasa no nso ɛ? Wɔantew nna a wɔde maa wɔn no so da koro mpo?
Wɔkɔɔ so kyekyeree Adansefo no. Wɔde Adansefo baanum guu afiase asram 20 a wɔanni wɔn asɛm. Wɔfrɛ wɔn Habiyambere Samuel, Bakinahurwanga Anastase, Musabyimana Andre, Ruzima Laurent, ne Habimana Enos a wɔn nyinaa fi Shaki. Wɔkyeree Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Twagirangusi Jean-Bosco wɔ n’adwuma mu wɔ Ruhengeri esiane sɛ ne mfɛfo adwumayɛfo binom hui sɛ okura Bible nti. Wɔde no kɔtoo afiase asram anum a wɔanni n’asɛm.
Afei Rwanda aban mpanyimfo binom fii ase sɔre tiaa Yehowa Adansefo kɛse. Ɔsoafo a ɔhwɛ mmara ho nsɛm so a wɔfrɛ no Mugemana Jean Vianney kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw no June 12, 1984 a ɔde kɔmaa Amantam nyinaa so ahwɛfo no mu sɛ: “Ɛnyɛ nea Yehowa Adansefo agyae adwen horow a epira afoforo a wɔka ho asɛm wɔ ɔman no mu nyinaa no ma enti wɔadan yɛn manfo no adwene afi nkɔsodwuma so . . . Ɛsɛ sɛ yɛko tia nsɛm a ɛsɛe adwene a ɛte sɛɛ a asɔre yi mufo ka no denneennen na yɛreka akyerɛ mo mu biara sɛ ɔnyɛ nea obetumi nyinaa mfa mmara wɔn dwumadi ahorow no.” Ɔde krataa yi biako kɔmaa Rwanda Ɔmampanyin. Wɔabara Yehowa Adansefo! Wobuu wɔn ani guu adesrɛ a wɔde too wɔn anim no nyinaa so.
ƆTAA NO MU KƆ SO YƐ DEN
Aban no kɔɔ so kyekyeree Yehowa Adansefo pii wɔ October 1985 mu. Woyii ebinom adi fii wɔn adwuma mu. Wɔpamoo Adansefo mmofra fii sukuu. Wogyee Adansefo no nneɛma fii wɔn nsam. Wɔkɔkyeree Adansefo dunson wɔ Butare ne Nyabisindu mpɔtam hɔ esiane sɛ wɔampene so sɛ wobeyi ntoboa ama amanyɛkuw no nti. Na mmea bi a woturu mmofra ka kuw yi ho. Wɔde atuo to boroo mmea yi kɛse bɛboro dapɛn biako. Wɔhwee ebinom na wɔtoo wɔn mmonnaa wɔ baguam mpo! Wɔkyerɛw wɔn din ne asɛm a ɛne “Mempɛ amanyɛkuw a ɛwɔ ɔman yi mu no” guu biribi so. Nokwarem no, Adansefo no nkaa asɛm a ɛte sɛɛ biara da.
Bere a wɔkɔɔ so kyekyeree wɔn no, ayayade a wɔyɛɛ saa nokware Kristofo yi mu bɛyɛɛ den kɛse. Wɔfrɛɛ ɔdansefo ɔbea bi a wɔfrɛ no Coletta Mujawamaliya sɛ wɔrebebisabisa no nsɛm bere a ɔkɔsraa ne kunu André Maniraho a wɔde no ato afiase wɔ Butare no akyi no. Aban mpanyimfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wapa ne gyidi. Wɔkɔfaa n’abusuafo bae sɛ wɔmmɛhyɛ no mma “ɔnsakra n’adwene.” Bere a ɔkɔɔ so kuraa n’adwene horow a egyina Bible so no mu pintinn no, Bourgmestre (Odikro) Kanyabashi Joseph hwee no pasaa! Ɔne ne ba ketewaa a mprempren wadi asram 26 no kɔda afiase asram 11 a edi hɔ no mu. Wɔ August 10, 1986 mu no, wɔkɔkyeree Adansefo 28 ne wɔn nnamfo a wɔwɔ Nyakabanda no fii wɔn afie mu wɔ Bourgmestre Sibomana Straton akwankyerɛ ase. Afei aban mpanyimfo no hwee wɔn mu pii a Ngiruwonsanga, Habiyambere Felicien, ne Munyabarenzi ka ho wɔ baguam. Bere a mogya repram wɔn fi wɔn tirim kosi wɔn nan ase no, wɔde wɔn mu 11 guu lɔre bi a egyina hɔ mu na wɔde wɔn kɔɔ afiase—a aban mpanyimfo a wɔkɔkyeree wɔn no gyinagyina wɔn so.
‘ATEMMU NO TEƐ’
Wɔn a wɔyɛɛ wɔn ayayade kɛse ne Augustin Murayi Nduhira ne ne yere Rachel Ndayishimiye. Ná wonim Murayi yiye wɔ Rwanda, efisɛ na wasom sɛ Mfitiase ne Ntoaso Sukuu Kwankyerɛfo Panyin wɔ Asoɛe a ɛhwɛ nhomasua ho nsɛm so no ase. Wɔ August 11, 1986 mu no, Aban Mmaranimfo Owura Nkubito kɔfrɛɛ no na ɔka kyerɛɛ no sɛ wɔaka akyerɛ no sɛ ɔmmɛkyere no. Mmaranimfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ n’ankasa nni ne ho asɛm biara na mmom wɔahyɛ no sɛ ɛsɛ sɛ odi ahyɛde yi so. Afei Owura Nkubito kae sɛ ɔbɛsrɛ ama Murayi na wama wɔagyaa no—sɛ ɔbɛpa ne gyidi nkutoo a. Afei ɔmaa no nnansa sɛ ɔnkɔ fie nkosusuw asɛm no ho.
Sɛ nokware Kristoni no, Murayi ampene so sɛ ɔbɛpa ne Nyankopɔn. Enti wɔkɔkyeree no na wɔde no kɔtoo afiase August 14. Nnanan akyi no, wɔkɔfrɛɛ Murayi yere ne Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Bimenyimana Vadaste a wɔn nyinaa yɛ adwuma wɔ Sonarwa (National Insurance Company) sɛ wɔrebebisabisa wɔn nsɛm. Ade kyee anɔpa no, wɔde wɔn kɔɔ Central Prison wɔ Kigali.
Bere a wodii wɔn asɛm Wɔ October mu no, Murayi twee adwene sii nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛnyɛ nea wonyaa ne ho asɛm biako pɛ a ɛkyerɛ sɛ na ɔyɛ mmɔtohɔ, ɔnyɛ n’adwuma yiye anaasɛ na ɔyɛ basabasa bere a na ɔyɛ adwuma wɔ aban no asoɛe ahorow no so. Wɔamfa adanse biara amma a ɛkyerɛ sɛ onipa a wonim no yiye yi kanyan afoforo ma wɔtew atua anaasɛ ɔyɛɛ biribi a na ɛne aban akwankyerɛ bɔ abira. Nanso bere a wobuu atɛn October 24 no, ɔne ne yere ne ne yere yɔnko dwumayeni no na wonyaa asotwe kɛse a ɛsen biara—ɛsɛ sɛ wɔda afiase mfe 12! Dɛn ntia? Asɛm bi a efi Rwanda Nsɛm ho Amanneɛbɔbea a wɔkyerɛw no October 25, 1986 no kyerɛ sɛ wɔtwee wɔn aso esiane wɔn dibea ne wɔn nhomanim nti: “Atemmu no teɛ efisɛ wɔn nkutoo ne kuw no mufo a wɔyɛ nhomanimfo na aban no wɔ wɔn mu ahotoso denam dibea a wɔde ama wɔn no so.”
YI A WOYI ADWENE BI A ƐNTEƐ A ANIBERE WOM Fl HƆ
Nea yɛadi kan aka ho asɛm no nyinaa asisi wɔ ɔman a ne Mmara hyɛ ɔsom mu ahofadi ho bɔ mu. Ɛne ɔmampanyin no mmara a ɛfa amanyɛkuw no muni a obi bɛyɛ ho a esii hokwan ahorow a obenya afi mu na ɛnyɛ ɔhyɛ sɛ ɔbɛyɛ amanyɛkuw no muni no so dua no bɔ abira. Nanso wɔde Yehowa Adansefo pii agu afiase a wɔamfa adanse biara a ɛkyerɛ sɛ wɔatutu aban no ase amma. Sɛ aban bi bɛte nka sɛ nnipakuw ketewaa bi a wɔdɔ asomdwoe reyi no hu no yɛ asɛm a ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Ɛda adi sɛ wɔanya adwene bi a ɛnteɛ a ɛyɛ aniberesɛm
Pene a Yehowa Adansefo mpene so so sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ guasodeyɔ bi mu wɔ ɔman sɛnkyerɛnnede ahorow anim no fi ahonim mu a wofi tie Bible ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ wonguan abosonsom biara no. (1 Yohane 5:21; Exodus 20:4-6) Wɔ bere koro no ara mu no, wɔdɔ ɔman a wɔwoo wɔn wom no na wɔkyerɛ obu ma ɔman sɛnkyerɛnnede ahorow, ɛwom sɛ wɔnnsom eyinom de. Sɛ́ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu no yɛ nea wonim yiye a ɛho kyerɛwtohɔ wɔ hɔ. Wɔn gyinabea no yɛ nea egyina Bible so na wɔde di Yesu Kristo ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ “wɔnnyɛ wiase no fã” no so. (Yohane 17:16, NW) Enti ɛnyɛ nea wobetumi afi ahonim mu ayi ntoboa ama Rwanda amanyɛkuw biako pɛ no. Na wɔremmɔ amanyɛkuw no ade a wɔde bɔ koko so no nso.
Yenim sɛ ɛyɛ den ma nnipa binom sɛ wɔbɛte Yehowa Adansefo gyinabea a ɛfa afã biara a wonni ho no ase. Nanso wiase no mu aman a wɔn ani abue no hu sɛ saa Kristofo yi gyinabea a ɛfa wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ amammuisɛm mu no nkyerɛ sɛ wobu ɔman no tumidi animtiaa. Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma nniso ahorow ne aban mpanyimfo de di Bible mu asɛm a ɛwɔ Romafo 13:1 no so: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi [nniso] a ɛwɔ anuonyam no ase.” Afei nso, ɛnyɛ nea wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ afoforo ma wɔagye wɔn adwene a egyina Bible so a ɛfa afã biara a wonni ho no atom.—Hwɛ February 1, 1987 Ɔwɛn-Aban, kratafa 19 nkyekyem 12.
Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo di mmara so na wɔyɛ nnipa a wodi nokware a wotua wɔn tow ahorow. Wɔ Rwanda no, wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ nkɔsodwuma ahorow te sɛ Umuganda (ɔman nnwuma ahorow a aban ahyɛ ho mmara) no mu. Sɛ́ eyi ho adanse no, yɛfa Rwanda atesɛm krataa a wɔfrɛ no Imvaho a wotintim no dapɛn dapɛn a wotintimii October 13-19, 1986 no mu asɛm aka. Ɛdefa Yehowa Adansefo su a woyi adi wɔ ho a wɔde hyɛ ɔman nkɔsodwuma mu ho no, atesɛm krataa no kae wɔ kratafa 8 sɛ: “Wɔne afoforo de wɔn nsa yɛ adwuma; wotua tow ne ntoboa afoforo nso gye nea ɛsɛ sɛ wotua ma amanyɛkuw a edi tumi no nkutoo na wontua.”
Adanse biara nni hɔ a wɔde begyina anototo ahorow a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo nam baguam nhyiam anaasɛ nhoma a wɔatintim so abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkanyan Rwandafo ma wɔatew atua no akyi. Nokwarem no, Yehowa Adansefo no mu biara nni hɔ a wɔkyeree no sɛ ɔreyɛ ɔsom nhyiam anaasɛ na ɔde ne ho ahyɛ wɔn som adwuma no fã bi mu. Enti ɛyɛ den sɛ yebegye adi sɛ Rwanda aban mpanyimfo nyinaa kura adwene a emu yɛ den a ɛte saa wɔ Yehowa Adansefo ho sɛnea ɔman no asennibea a ɛkorɔn sen biara ada no adi no. Wɔka Rwanda ɔmampanyin no ankasa ho asɛm sɛ sodifo pa a ɔwɔ ntease.
Ɔtaa ne atirimɔdenne a ɛrekɔ so wɔ Rwanda no yɛ Yehowa Adansefo ne nnipa a wɔwɔ asase so a wɔdɔ ahofadi nyinaa nwonwa. Nanso Yesu ka siei sɛ wɔbɛtaa n’akyidifo esiane ne din nti. Eyi aba wɔ Rwanda, ɛwom mpo sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no mu pii kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo de. (Mateo 10:17, 18; 24:9) Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn a wodi tumi wɔ Rwanda no betie Mmaranimfo Gamaliel afotu a wɔakyerɛw wɔ Bible no mu wɔ Asomafo no Nnwuma 5:34-39 no, na wɔama Yehowa Adansefo anya ahofadi. Yɛwɔ anidaso sɛ wɔbɛma Kristofo koma pafo yi kwan ma wɔanya hokwan ahorow a nnipa wɔ a mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya no.
Wotintim eyi esiane nnipa ahofadi ho a wosusuw nti,
Governing Body of Jehovah’s Witnesses
25 Columbia Heights
Brooklyn, New York 11201
U.S.A.
[Kratafa 1 adaka]
Wɔanyi Mmea ne Mmofra Amfi Mu
The New York Times a wotintimii Kwasida, October 26, 1986 no, kaa Yehowa Adansefo pii a wɔde wɔn agu afiase mfe bebree yi ho asɛm. Ɛdenam asɛm a krataa yi kae no so no, ɛdaa asɛm a wodii no mu nneɛma a enye no mu biako adi bere a ɛkae sɛ, “Wobuu nnipa a wodii wɔn asɛm a mmea ne mmofra ka ho fɔ” no.—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi no.
Yiw, wɔanyi mmea ne mmofra amfi ayayade kɛse a wɔyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ Rwanda no mu. Wɔyeyaw Kristofo mmea baanan a wɔkyeree wɔn January 22, 1986 no, na wɔamma wɔne Kristofo mmarima baanum a wɔkyeree wɔn nso no kuntu anaasɛ biribi a wɔde bɛkata wɔn ho bere a wɔwɔ afiase no. Wɔfrɛ wɔn Mukamanzi Vestine, Mukamurhirwa Laurene, Niyonagira Beranciile, ne Nyirangirabega Drolatta. Aban mpanyimfo no kae sɛ ‘amanyɛkuw no na ɛtɔɔ kuntu no na esiane sɛ wɔammoa amanyɛkuw no nti wɔamma wɔn kuntu.’
Nanso nea ɛyɛ awerɛhow titiriw ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔama mmofra nso abu amane no. Wɔde Ɔdansefo ɔbea bi a wɔfrɛ no Mujawamana Goletta ne ne ba a wadi mfe abiɛsa ne abofra ketewaa bi too afiase. Ɔdansefo Clotilde Mukanyangezi babarima ketewaa bi ne ne maame de asram 15 a wadi no mu fã kɛse ada afiase. Mprempren Kristoni ɔbea foforo bi a wɔfrɛ no Athanasie Mukankuranga wɔ abofra a wadi asram abien. Ɔwoo abofra no wɔ afiase. Ma a wɔama kwan ma nkokoaa ada afiase a ɛhɔ ntew wɔ wɔn mmofraase no si ɔtan a emu yɛ den a ɛde ɔtaa yi bae no so dua.