Ahwɛfo Akwantufo—Mfɛfo Adwumayɛfo wɔ Nokware no Mu
Wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu no, na ahwɛfo akwantufo a wɔkɔsrasra asafo ahorow no hyɛ wɔn den wɔ hɔ. Wɔde wɔn ho mae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aboa wɔn a wɔwɔ asafo ahorow no mu no ma wɔakɔ so anantew sɛnea ɛfata Onyankopɔn; na wɔanhwehwɛ wɔn ankasa mfaso.—Asomafo no Nnwuma 11:23, 24; 14:21, 22; 15:32; 20:2, 31-35; Filipifo 2:20-22, 29; 1 Tesalonikafo 2:5-12.
Ɛnnɛ nso Yehowa Adansefo nya ahwɛfo akwantufo ho mfaso. Mmarima yi de mfe pii anya Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no mu osuahu ne sɛ ahwɛfo nso. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de wɔn ho ama wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no, wɔmmfa wɔn ho nhyɛ honam fam adwuma ne fie asɛyɛde ahorow mu. Wɔ wɔn a wɔaware no fam no, wɔne wɔn yerenom nyinaa taa de wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no mu.
Wɔde asafo ahorow bɛyɛ 18-25 hyɛ ɔmansin sohwɛfo nsa ma ɔhwɛ so. Ɔsra asafo biara a ɛwɔ ɔmansin no mu bɛyɛ mprenu afe biara na wɔ mfe abien anaa abiɛsa akyi no, wɔde no kɔ ɔmansin foforo mu. Wɔ saa kwan yi so no, asafo ahorow no tumi nya ɔmansin so ahwɛfo ahorow osuahu ne wɔn mmɔdenbɔ ahorow mu mfaso.
Ɔmansin sohwɛfo no hwehwɛ asafo no honhom fam tebea ne ne dwumadi mu. Ɔma ɔkasa ahorow wɔ asafo no mu na ɔne mpanyimfo ne asafo mu asomfo no nso hyiam susuw sɛnea wobetumi ama wɔn som adwuma wɔ asafo no mu anya nkɔso ho.
Wɔ dapɛn no mu no ɔne ne yere, sɛ waware a, ka Adansefo a wɔwɔ hɔ no ho na wɔboa ma wɔn afie afie som adwuma no nya nkɔso. Ɔne ne yere no kɔsra anigyefo afoforo nso na wɔhyɛ wɔn nkuran wɔ nokware no mu. Wubetumi aka ma wɔabɛsra wo.
Ɔmantam sohwɛfo no nso wɔ honhom mu su horow ne osuahu a ɛte saa ara. Ofi ɔmansin biako mu kɔ foforo mu na ɔsom wɔ ɔmansin nhyiam ahorow ase. Ɔne ne yere nso ne Adansefo a wɔwɔ ɔmansin a ɔwom no asafo ahorow no biako mu yɛ asɛnka adwuma. Ɔno na ɔhwɛ ɔmansin nhyiam no dwumadi ho nsiesiei a etwa to ho nsɛm so na ɔma ɔkasa ahorow wɔ nhyiam no ase a baguam ɔkasa no ka ho.
Sɛ ahwɛfo akwantufo no wie wɔn nsrahwɛ wɔ asafo anaa ɔmansin bi mu a, wɔkɔ foforo mu, na wɔyɛ saa ara kosi sɛ wɔbɛkɔ asafo anaa ɔmansin ahorow no nyinaa mu wɔ bɛyɛ asram asia mu; afei wɔsan fi ase bio.
Wɔ aman pii so no, ahwɛfo akwantufo no de kar anaasɛ lɔre na etu kwan no. Wɔ aman afoforo so no, ebia wɔde baesekre na ɛkɔ anaasɛ wɔnantew mpo. Asafo ti no na etua ɔhwɛfo kwantufo no akwantu no ho ka ahorow, na wɔma ɔne ne yere sika kakra ma wɔde tua ɛka ahorow a wɔbɔ no. Mpɛn pii asafo no mufo na wɔma ɔhwɛfo kwantufo no ne ne yere dabere ne aduan.
Ɔsom adwuma yi gye ho a wɔde bɔ afɔre. Ɛyɛ ahwɛfo akwantufo no ne wɔn yerenom botae sɛ wɔbɛsom asafo ahorow no a wɔmfa adesoa a emu yɛ duru biara nto wɔn so.—1 Tesalonikafo 2:9.
• Ná ahwɛfo akwantufo atirimpɔw ne dɛn wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu?
• Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo akwantufo a wɔwɔ hɔ nnɛ ba bɛyɛ wɔn a wɔfata a wɔde wɔn ho ma ɔsom adwuma yi?
• Ka ɔmansin ne ɔmantam so ahwɛfo adwuma no ne sɛnea wɔtra ase ho asɛm.
[Kratafa 20 mfonini]
Ɔmantam sohwɛfo rekasa wɔ ɔmansin nhyiam ase
[Kratafa 21 mfonini ahorow]
Ɔmansin so ahwɛfo de ɔkyerɛkyerɛ ma wɔ afie afie asɛnka adwuma no ho, wɔkasa kyerɛ asafo mu mpanyimfo, wɔkɔsra anigyefo a wɔne wɔn yɛ Bible adesua, wɔkasa kyerɛ asafo no