Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 11/15 kr. 15-20
  • Sɛnea Ahwɛfo Akwantufo Som sɛ Afiehwɛfo Anokwafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Ahwɛfo Akwantufo Som sɛ Afiehwɛfo Anokwafo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn Adwuma Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ
  • Ofiehwɛ Adwuma no Mu Nkonim a Wodi
  • Su Afoforo a Ɛho Hia
  • Wɔn Adwuma a Ɛyɛ Anigye no so Akatua Horow
  • Ahwɛfo Akwantufo—Wɔyɛ Akyɛde Wɔ Nnipa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ahwɛfo Akwantufo—Mfɛfo Adwumayɛfo wɔ Nokware no Mu
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ—Nsiesiei a Ɛma Yenya Honhom Mu Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 11/15 kr. 15-20

Sɛnea Ahwɛfo Akwantufo Som sɛ Afiehwɛfo Anokwafo

“Sɛnea mo nyinaa nyinyaa ɔdom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn dom ahorow no so afiehwɛfo pa.”—1 PETRO 4:10.

1, 2. (a) Wobɛkyerɛ asɛmfua “ofiehwɛfo” ase dɛn? (b) Henanom na wɔka afiehwɛfo a Onyankopɔn de wɔn di dwuma no ho?

YEHOWA de Kristofo anokwafo nyinaa di dwuma sɛ afiehwɛfo. Ofiehwɛfo taa yɛ ɔsomfo a ɔhwɛ fie bi so. Obetumi ahwɛ ne wura nnwuma nso so. (Luka 16:1-3; Galatifo 4:1, 2) Yesu frɛɛ n’anokwafo kuw a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no “ofiepanyin nokwafo.” Ɔde “nea ɔwɔ nyinaa,” a Ahenni asɛnka dwumadi ahorow ka ho, ahyɛ ofiehwɛfo yi nsa.—Luka 12:42-44; Mateo 24:14, 45.

2 Ɔsomafo Petro kae sɛ Kristofo nyinaa yɛ Onyankopɔn ayamye a wada no adi wɔ akwan horow so no ho afiehwɛfo. Kristoni biara wɔ ɔfã bi a obetumi adi ho dwuma sɛ ofiehwɛfo nokwafo. (1 Petro 4:10) Kristofo mpanyimfo a wɔapaw wɔn yɛ afiehwɛfo, na wɔn mu bi ne ahwɛfo akwantufo. (Tito 1:7) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yebu saa mpanyimfo akwantufo yi? Su ne botae horow bɛn na ɛsɛ sɛ wonya? Na ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ mmoa kɛse?

Wɔn Adwuma Ho Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ

3. Dɛn nti na yebetumi afrɛ ahwɛfo akwantufo sɛ “afiehwɛfo pa”?

3 Kristofo awarefo bi kyerɛw krataa kɔmaa ɔhwɛfo kwantufo bi ne ne yere kae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛka anisɔ a yɛwɔ ma bere a munya maa yɛn, ne ɔdɔ a muyii no adi kyerɛɛ yɛn no nyinaa. Sɛ́ abusua no, yɛanya mfaso kɛse wɔ mo nkuranhyɛ ne afotu a mode maa yɛn no nyinaa so. Yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so nyin wɔ honhom fam, nanso ɛdenam Yehowa ne anuanom mmarima ne mmea te sɛ mo mmoa so no, adwumaden no bɛyɛ mmerɛw kakra.” Wɔtaa ka nsɛm a ɛte sɛ eyi efisɛ ahwɛfo akwantufo kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo ankorankoro ho anigye, sɛnea ofiehwɛfo pa di ne fiefo ahiade ho dwuma yiye no. Ebinom nim kasa yiye. Bebree bɔ mmɔden kɛse wɔ asɛnka adwuma no mu, na wonim afoforo sɛ wɔwɔ dɔ ne mmɔborohunu. Sɛ ahwɛfo akwantufo nya ɔdom akyɛde horow a ɛte saa na wɔde di dwuma de som afoforo a, wobetumi afrɛ wɔn “afiehwɛfo pa” ma afata.

4. Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho afei?

4 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea wɔhwehwɛ ofiehwɛfo ho ne sɛ wohu no ɔnokwafo.” (1 Korintofo 4:2) Mfɛfo Kristofo a wɔsom wɔn wɔ asafo foforo mu dapɛn biara no yɛ hokwan soronko a ɛyɛ anigye. Na ɛyɛ asɛyɛde a emu yɛ duru nso. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na ahwɛfo akwantufo betumi ayɛ wɔn fiehwɛ adwuma no nokwaredi mu na wɔadi nkonim?

Ofiehwɛ Adwuma no Mu Nkonim a Wodi

5, 6. Dɛn nti na ɔhwɛfo kwantufo ho a ɔde bɛto Yehowa so wɔ mpaebɔ mu ho hia kɛse?

5 Sɛ ahwɛfo akwantufo bedi nkonim sɛ afiehwɛfo a, wɔn ho a wɔde bɛto Yehowa so wɔ mpaebɔ mu no ho hia. Esiane wɔn bere nhyehyɛe ne asɛyɛde pii a wɔwɔ nti, ɛtɔ mmere bi a wobetumi ate ɔbrɛ nka. (Fa toto 2 Korintofo 5:4 ho.) Enti ɛho hia sɛ wɔyɛ wɔn ade ma ɛne odwontofo Dawid dwom yi hyia: “Dan w’adesoa to Awurade [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.” (Dwom 55:22) Dawid nsɛm yi nso yɛ awerɛkyekye: “Nhyira ne Awurade [Yehowa, NW] a ɔsoa yɛn adesoa ma yɛn daa daa.”—Dwom 68:19.

6 Ɛhe na Paulo nyaa ahoɔden de dii ne honhom fam asɛyɛde ahorow ho dwuma? Ɔkyerɛwee sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Yiw, Yehowa Nyankopɔn na ɔmaa Paulo ahoɔden. Saa ara na Petro tuu fo sɛ: “Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu.” (1 Petro 4:11) Onua bi a na ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo mfe pii no sii Onyankopɔn so a obi de ne ho bɛto so dua, kae sɛ: “Sɛ woredi ɔhaw ahorow ho dwuma a, fa wo ho to Yehowa so bere nyinaa, na hwehwɛ n’ahyehyɛde no hɔ mmoa.”

7. Ɔkwan bɛn so na kari a wɔkari pɛ ho hia wɔ ɔhwɛfo kwantufo bi adwuma mu?

7 Ɛho hia sɛ ɔhwɛfo kwantufo a odi nkonim kari pɛ. Te sɛ Kristofo foforo no, ɔbɔ mmɔden sɛ ‘ɔbɛsɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ.’ (Filipifo 1:10)a Sɛ asafo mu mpanyimfo no wɔ asɛm bi ho nsɛmmisa a, nyansa wom sɛ wɔne ɔmansin sohwɛfo a ɔbɛsra wɔn no susuw ho. (Mmebusɛm 11:14; 15:22) Ɛda adi sɛ nsɛm a ɛkari pɛ a ɔbɛka ne Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɔde bɛma no bɛyɛ mpanyimfo no mmoa kɛse bere a wafi asafo no mu kɔ na wɔtoa so di asɛm no ho dwuma no. Wɔ nsɛm a ɛte saa mu no, Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Nea wote fii m’anom, adansefo bebree anim no, ɛno ara na fa hyɛ nnipa anokwafo a wobetumi akyerɛkyerɛ ebinom nso nsa.”—2 Timoteo 2:2.

8. Dɛn nti na Bible adesua, nhwehwɛmu, ne nsusuwho ho hia?

8 Kyerɛwnsɛm sua, nhwehwɛmu, ne nsusuwho yɛ ahiade a ɛma wotumi de afotu a ɛfata ma. (Mmebusɛm 15:28) Ɔmantam sohwɛfo bi kae sɛ: “Sɛ yɛne mpanyimfo hyia a, ɛnsɛ sɛ yesuro sɛ yebegye atom sɛ yennim asɛmmisa pɔtee bi ho mmuae.” Mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobenya “Kristo adwene” wɔ asɛm bi ho no ma wotumi de afotu a egyina Bible so a ɛbɛboa afoforo ma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde ma. (1 Korintofo 2:16) Ɛtɔ mmere bi a na ɛho hia sɛ ɔhwɛfo kwantufo bi kyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no kɔhwehwɛ akwankyerɛ. Ne nyinaa mu no, Yehowa mu gyidi ne nokware no ho dɔ ho hia kɛse koraa sen edin anaa anotew. Sɛ́ anka Paulo de ‘nsɛm anaa nyansa a ɛtra so bɛkasa’ no, ɔde “mmerɛw ne ehu ne ahopopo bebree” na efii ne som adwuma no ase wɔ Korinto. So eyi nti ne so amma mfaso? Nea ɛne eyi bɔ abira no, ɛboaa Korintofo no ma wɔn gyidi ‘annyina nnipa nyansa so, na mmom egyinaa Onyankopɔn tumi so.’—1 Korintofo 2:1-5.

Su Afoforo a Ɛho Hia

9. Dɛn nti na mpanyimfo akwantufo hia tema?

9 Tema boa ahwɛfo akwantufo ma wotumi yɛ nneɛma pa. Petro hyɛɛ Kristofo nyinaa nkuran sɛ ‘wonhuhu mma wɔn ho,’ anaasɛ wonnya “tema.” (1 Petro 3:8, NW ase hɔ asɛm) Ɔmansin sohwɛfo bi te nka sɛ ɛho hia sɛ ‘wɔkyerɛ asafo no muni biara ho anigye na wofi nokwaredi mu tie no.’ Paulo de honhom a ɛte saa ara kyerɛwee sɛ: “Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.” (Romafo 12:15) Suban a ɛte saa no ka ahwɛfo akwantufo ma wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛte wɔn mfɛfo gyidifo haw ne wɔn tebea ahorow ase. Ɛno ansa na wobetumi de Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛma denhyɛ a sɛ wɔde di dwuma a ebetumi aboa ankasa ama. Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔbɔ mmɔden kɛse wɔ tema a wonya ma afoforo mu nsa kaa krataa yi fii asafo bi a ɛbɛn Turin, Italy, hɔ sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wo ho hia nkurɔfo a, ma nkurɔfo ho nhia wo; sɛ wopɛ sɛ afoforo ani gye wo ho a, ma w’ani nnye afoforo ho; sɛ wopɛ sɛ afoforo dɔ wo a, dɔ afoforo; sɛ wopɛ sɛ afoforo boa wo a, yɛ krado sɛ wobɛboa afoforo. Eyi ne nea yɛasua afi wo hɔ!”

10. Dɛn na amansin ne amantam so ahwɛfo aka afa ahobrɛase a wobenya ho, na nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ eyi mu?

10 Sɛ ahwɛfo akwantufo brɛ wɔn ho ase na wɔma afoforo tumi bɛn wɔn a, ɛboa ma wɔn so tumi ba mfaso kɛse. Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ: “Ɛho hia kɛse sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase.” Na ɔbɔ ahwɛfo akwantufo a wɔyɛ foforo no kɔkɔ sɛ: “Mommma anuanom a wɔyɛ adefo no nnnya mo so nkɛntɛnso wɔ ɔkwan a ɛmfata so esiane nea ebia wɔbɛyɛ ama mo nti, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mofa saafo no nkutoo nnamfo, na mmom mommɔ mmɔden ne afoforo nni nsɛm wɔ ɔkwan a animhwɛ biara nnim so bere nyinaa.” (2 Beresosɛm 19:6, 7) Na ɔhwɛfo kwantufo a ɔwɔ ahobrɛase ankasa no remmu ne ho sɛ obi a ne ho hia dodo sɛ Asafo ti no nanmusifo. Ɔmantam sohwɛfo bi kaa ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Brɛ wo ho ase na nya ɔpɛ sɛ wubetie anuanom. Yɛ obi a afoforo tumi bɛn no bere nyinaa.” Sɛ́ onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no, anka Yesu Kristo betumi ayɛ ma nkurɔfo asuro no, nanso na ɔbrɛ ne ho ase ma afoforo tumi bɛn no araa ma mmofra mpo bɛnee no a na wonsuro. (Mateo 18:5; Marko 10:13-16) Ahwɛfo akwantufo pɛ sɛ mmofra, nnipa a wɔadu mpanyin afe so, wɔn a wɔn mfe akɔ anim—nokwarem no, obiara, ne asafo no muni biara—bɛn wɔn a wonsuro.

11. Sɛ ɛho behia a, dɛn na ebetumi afi kyɛw a wɔpa mu aba?

11 Nokwarem no, “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu,” na ɔhwɛfo kwantufo biara nni hɔ a ontumi mfom. (Yakobo 3:2) Sɛ wodi mfomso a, kyɛwpa a efi komam a wɔde bɛma no ma mpanyimfo foforo no nya ahobrɛase ho nhwɛso bi. Sɛnea Mmebusɛm 22:4 kyerɛ no, “nea edi ahobrɛase ne Awurade suro [pa] akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.” Na ɛho nhia sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa ‘de ahobrɛase ne wɔn Nyankopɔn nantew’? (Mika 6:8) Bere a wobisaa ɔmansin sohwɛfo bi sɛ dɛn afotu na ɔde bɛma ɔpanyin kwantufo foforo no, ɔkae sɛ: “Nya obu ne nidi kɛse ma anuanom nyinaa, na bu wɔn sɛ wɔkyɛn wo. Wubesua pii afi anuanom hɔ. Brɛ wo ho ase. Nyɛ wo ho onipa soronko. Nyɛ akɛsesɛm.”—Filipifo 2:3.

12. Dɛn nti na nsi a wɔyɛ wɔ Kristofo som adwuma mu ho hia pii?

12 Nsi a ɔhwɛfo kwantufo bi yɛ wɔ Kristofo som adwuma no mu ma ne nsɛm a ɔka yɛ nea mfaso wɔ so kɛse. Nokwarem no, sɛ ɔne ne yere yɛ nsiyɛ ho nhwɛso pa wɔ asɛmpaka adwuma no mu a, wɔhyɛ mpanyimfo, wɔn yerenom, ne asafo no mufo a aka no nkuran ma wɔyɛ nsi wɔ wɔn som adwuma mu. Ɔmansin sohwɛfo bi hyɛɛ nkuran sɛ: “Yɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mahu sɛ, mpɛn pii no, dodow a asafo bi yɛ nsi wɔ ɔsom adwuma no mu no, dodow no ara na wonhyia ɔhaw pii.” Ɔmansin sohwɛfo foforo kae sɛ: “Migye di sɛ sɛ mpanyimfo no ne anuanom mmarima ne mmea no yɛ asɛnka adwuma no, na wɔboa wɔn ma wonya anigye wɔ ɔsom adwuma no mu a, eyi bɛma wɔanya asomdwoe ne abotɔyam kɛse wɔ Yehowa som mu.” Ɔsomafo Paulo ‘de nnamyɛ kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ Tesalonikafo wɔ ɔko bebree mu.’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔde anigye kaee ne nsrahwɛ ne n’asɛnka adwuma no, na wɔn ani gyinae sɛ wobehu no bio!—1 Tesalonikafo 2:1, 2; 3:6.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo kwantufo bi hu bere a ɔne ne mfɛfo Kristofo reyɛ asɛnka adwuma no?

13 Sɛ ɔhwɛfo kwantufo bi ne ne mfɛfo Kristofo reyɛ asɛnka adwuma a, osusuw wɔn nsɛm tebea ne wɔn sintɔ ahorow ho. Ɛwom sɛ ne nyansahyɛ ahorow betumi aboa de, nanso onim sɛ sɛ ebinom ne ɔpanyin a ne ho akokwaw reyɛ asɛnka adwuma a, ehu betumi aka wɔn. Enti, wɔ nsɛm bi mu no, nkuranhyɛ betumi ayɛ nea mfaso wɔ so kɛse asen afotu. Sɛ ɔne adawurubɔfo anaa akwampaefo kɔyɛ Bible adesua a, ebia wɔn ani begye ho sɛ ɔno na ɔbɛyɛ. Ɛda adi sɛ eyi bɛma wɔahu akwan bi a wɔbɛfa so ama wɔn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn.

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ahwɛfo akwantufo kanyan afoforo ma wɔyɛ nsi?

14 Ahwɛfo akwantufo a wɔyɛ nsi kanyan afoforo ma wɔyɛ nsi. Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Uganda ne onua bi de dɔnhwerew biako twaa kwan faa kwaebirentuw bi mu sɛ wɔrekɔyɛ Bible adesua bi a na ennya nkɔso ahe biara. Nsu tɔe kɛse wɔ ɔkwan so araa ma wodui no, na wɔafɔw twɔnn. Bere a abusua a emufo yɛ baasia no behui sɛ wɔn hɔho no yɛ ɔhwɛfo kwantufo no, wɔn ho dwiriw wɔn kɛse. Na wonim sɛ wɔn asɔre mu asɔfo renkyerɛ nguan no ho anigye saa da. Kwasida a edi hɔ no, wɔkɔɔ asafo nhyiam nea edi kan, na wɔdaa ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no adi.

15. Osuahu a ɛyɛ anigye bɛn na ɔmansin sohwɛfo nsiyɛfo bi a ɔwɔ Mexico nyae?

15 Wɔ Mexico mantam a ɛne Oaxaca mu no, ɔmansin sohwɛfo bi bɔɔ mmɔden yɛɛ biribi a na wɔnhwɛ kwan ankasa sɛ ɔbɛyɛ. Ɔyɛɛ nhyehyɛe traa afiase dan mu nnannan anadwo na ama watumi asra nneduafo kuw bi a nnipa baason na wɔwom a na wɔabɛyɛ Ahenni adawurubɔfo no. Ɔkaa nneduafo yi ho nna pii ne wɔn dii adanse wɔ afiase adan no mu mmiako mmiako, na wɔyɛɛ Bible adesua ahorow. Esiane anigye a wɔkyerɛe nti, saa adesua ahorow yi mu bi kɔɔ so ara koduu ɔdasum. Ɔmansin sohwɛfo nsiyɛfo yi kyerɛw sɛ: “Bere a nsrahwɛ no baa awiei no, esiane nkuranhyɛ a yɛn nyinaa nyae nti, na me ne nneduafo no nyinaa ani agye kɛse.”

16. Sɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom hyɛ nkuran a, dɛn nti na mfaso wɔ so kɛse?

16 Ahwɛfo akwantufo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ afoforo nkuran. Bere a Paulo kɔsrasraa asafo ahorow a ɛwɔ Makedonia no, ɔde ‘nsɛm pii hyɛɛ wɔn nkuran.’ (Asomafo no Nnwuma 20:1, 2) Nkuranhyɛ nsɛm betumi ayɛ mmoa kɛse bere a wɔretwe mmofra ne mpanyin nyinaa adwene akɔ honhom fam botae ahorow so no. Wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea kɛse bi mu no, nhwehwɛmu bi a wɔanhyɛ da anyɛ ho nhyehyɛe daa no adi sɛ amansin so ahwɛfo na wɔhyɛɛ ɛhɔnom adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no mu bɛyɛ ɔha biara mu 20 nkuran ma wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Ɛdenam ne nhwɛso pa sɛ daa Ahenni dawurubɔfo so no, ɔhwɛfo kwantufo yere nso hyɛ afoforo nkuran kɛse.

17. Ɔmansin sohwɛfo bi a ne mfe akɔ anim te nka dɛn wɔ hokwan a onya de boa afoforo no ho?

17 Wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne akra a wɔahaw titiriw na wohia nkuranhyɛ. Ɔmansin sohwɛfo bi a ne mfe akɔ anim kyerɛw sɛ: “M’adwuma no fã a ɛma minya anigye a ɛkyɛn so wɔ me mu ne hokwan a minya de boa wɔn a wɔayɛ mmerɛw honhom fam ne wɔn a wɔagogow honam mu a wɔwɔ Onyankopɔn nguankuw no mu no. Nsɛm a ɛwɔ Romafo 1:11, 12 no wɔ ntease titiriw bi ma me, efisɛ minya nkuranhyɛ ne ahoɔden kɛse fi mu bere a mede ‘honhom fam dom akyɛde bi ma saafo no ma ɛhyɛ wɔn den no.’”

Wɔn Adwuma a Ɛyɛ Anigye no so Akatua Horow

18. Botae ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so bɛn na ahwɛfo akwantufo wɔ?

18 Ahwɛfo akwantufo dwen wɔn mfɛfo gyidifo yiyedi ho. Wɔpɛ sɛ wɔhyɛ asafo ahorow no den ma egyina wɔ honhom fam. (Asomafo no Nnwuma 15:41) Ɔhwɛfo kwantufo bi yɛ adwumaden “de hyɛ nkuran, ma wonya abotɔyam, na ɔma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ ɔsom adwuma no na wɔakɔ so de nokware no atra ase.” (3 Yohane 3) Ɔfoforo hwehwɛ sɛ ɔbɛma mfɛfo gyidifo agye ntini wɔ gyidi no mu. (Kolosefo 2:6, 7) Kae sɛ ɔhwɛfo kwantufo no yɛ “yɔnko pa,” na ɛnyɛ sɛ ɔhyɛ afoforo gyidi so. (Filipifo 4:3; 2 Korintofo 1:24) Ne nsrahwɛ no yɛ nkuranhyɛ ne dwumadi kɛse bere, na ɛsan yɛ hokwan a mpanyimfo kuw no nya de hwehwɛ nkɔso a wɔanya mu susuw daakye botae ahorow ho. Asafo mu adawurubɔfo, akwampaefo, asafo mu asomfo, ne mpanyimfo betumi ahwɛ kwan sɛ wɔnam ne nsɛm ne ne nhwɛso so benya denhyɛ, na akanyan wɔn ama adwuma a ɛda wɔn anim no. (Fa toto 1 Tesalonikafo 5:11 ho.) Ɛnde, afei, fi koma nyinaa mu boa ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ahorow, na nya ɔmantam sohwɛfo no som adwuma no mu mfaso kosi ase.

19, 20. Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom anya nokwaredi a wɔde som no so akatua?

19 Ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom nya akatua kɛse wɔ nokwaredi a wɔde som no ho, na wobetumi anya ahotoso sɛ Yehowa behyira wɔn wɔ papa a wɔyɛ no ho. (Mmebusɛm 19:17; Efesofo 6:8) Georg ne Magdalena yɛ awarefo a wɔn mfe akɔ anim a wɔde mfe pii somee wɔ akwantu adwuma no mu. Obi a na Magdalena adi no adanse bɛboro mfe 20 a atwam no kɔɔ ne nkyɛn wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Luxembourg. Bible ho nhoma a Magdalena de maa Yudani bea yi na ɛma onyaa nokware no ho anigye, na ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Honhom fam onuawa bi a ɔkae sɛ Georg baa ne fie bɛyɛ mfe 40 a atwam no, baa ne nkyɛn. Ɛda adi sɛ asɛmpa no a ɔkaa no anigye so no na ɛmaa ɔbea no ne ne kunu gyee nokware no. Nokwarem no, Georg ne Magdalena nyinaa dii ahurusi.

20 Ɔsom adwuma a ɛsow aba a Paulo yɛe wɔ Efeso no ma onyaa anigye, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛkanyan no ma ɔfaa Yesu nsɛm yi kae sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira [anigye, NW] mmom sen ogye” no. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Esiane ɔma a ɛkɔ so bere nyinaa wɔ akwantu adwuma no mu nti, wɔn a wɔyɛ no nya anigye, titiriw bere a wobehu sɛ aba pa afi wɔn adwuma no mu aba no. Wɔkyerɛw ɔmansin sohwɛfo bi a ɔboaa ɔpanyin bi a na n’abam abu ka kyerɛɛ no sɛ: “‘Woakyekye me werɛ’ kɛse wɔ honhom fam—sen sɛnea wunim. . . . Worentumi nhu mmoa kɛse a woayɛ ama nnɛyi Asaf bi a ‘anka ne nan reyɛ aman’ no.”—Kolosefo 4:11; Dwom 73:2.

21. Dɛn nti na wobɛka sɛ 1 Korintofo 15:58 fa ahwɛfo akwantufo dwumadi ahorow ho?

21 Kristoni bi a n’ani afi a ɔyɛɛ ɔmansin adwuma no mfe pii ani gye ho sɛ obesusuw 1 Korintofo 15:58 ho, baabi a Paulo hyɛɛ nkuran sɛ: “Muntintim, munnhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, efisɛ munim sɛ mo brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.” Akyinnye biara nni ho sɛ ahwɛfo akwantufo wɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu. Na anisɔ bɛn ara na yɛwɔ sɛ wɔde anigye som sɛ Yehowa ayamye ho afiehwɛfo anokwafo!

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “So Wubetumi Anya Anigye Bere a Wowɔ Pii Yɛ No?” a ɛwɔ May 15, 1991, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 28-31 no.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na yebetumi abu ahwɛfo akwantufo sɛ “afiehwɛfo pa”?

◻ Dɛn ne nneɛma bi a ɛboa amansin ne amantam so ahwɛfo ma wɔyɛ mmoa kɛse?

◻ Dɛn nti na ahobrɛase ne nsiyɛ ho hia kɛse ma wɔn a wɔyɛ akwantu adwuma no?

◻ Botae ahorow a ɛyɛ papa bɛn na ahwɛfo akwantufo wɔ?

[Kratafa 16 mfonini]

Ahwɛfo akwantufo hwehwɛ sɛ wɔbɛhyɛ wɔn mfɛfo gyidifo nkuran

[Kratafa 17 mfonini ahorow]

Mmofra ne mpanyin nyinaa betumi anya fekuw a wɔne ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom bɔ no so mfaso

[Kratafa 18 mfonini]

Ɔhwɛfo kwantufo nsiyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu ma afoforo yɛ nsi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena