Nya Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ No Ho Mfaso Yiye
1 Yɛn ani sɔ yɛn nuanom akwantufo no nsrahwɛ ahorow no kɛse! Ampa, wɔyɛ nhwɛso ma yɛn nyinaa wɔ “ɔkasa mu, abrabɔ mu, ɔdɔ mu, gyidi mu, ahotew mu” sɛnea na Timoteo ne Tito yɛ ma asafo horow a wɔsomee no. (1 Tim. 4:12) Nea ɛka Nkaedi ne nhyiam horow ho no, anuanom yi nsrahwɛ ahorow no yɛ nneɛma atitiriw wɔ ɔsom afe no mu ampa.
ANKORANKORO MFASO HOROW
2 Eye sɛ wususuw akwan horow a wubetumi afa so anya ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no ho mfaso yiye no ho. Sɛ nhwɛso no, ebinom di kan yɛ nhyehyɛe na wɔatumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma saa bosome no mu. Ɛdenam adansedi a wɔne no kɔ daa so no, ɛnyɛ nkuranhyɛ kɛse nko na akwampaefo aboafo nya, na mmom ɛboa wɔn nso ma wonya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ wɔ ɔsram no mu no. Mpɛn pii no wohyia nnipa a wɔwɔ asɛm no ho anigye saa dapɛn no mu na enti ɛma wotumi nya sankɔhwɛ bebree a akyiri yi etumi bɛdan Bible adesua ahorow. Ampa, adawurubɔfo a wɔne ɔmansin sohwɛfo no kɔ adansedi nyinaa saa, sɛ wɔyɛ daa akwampaefo o, akwampaefo boafo o, asafo mu adawurubɔfo mmɔdenbɔfo o.—Ɔsɛnk. 11:6.
3 Ebia nhyehyɛe a wubedi kan ayɛ no nso bɛboa wo ma woayɛ nsakrae wɔ bere a wode yɛ wo Bible adesua horow no mu na ɔmansin sohwɛfo no atumi ne wo akɔ. Ne yere nso ani begye sɛ ɔne anuanom mmea pii bɛnantew. Ebia saa nhyehyɛe yi bɛboa wo ma wo mmɔdenbɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no atu mpɔn. (Mmeb. 1:5) Ebia ɛbɛhyɛ onii a wo ne no sua ade no nso nkuran ma wanya nkɔso pii. Sɛ onii a wo ne no yɛ Bible adesua no anya nkɔso akodu baabi a obetumi anya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, dɛn nti na wonto nsa mfrɛ no ne no nkɔ asɛnka wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ bere no mu?
4 Hwɛ sɛ wobɛto nsa afrɛ onii a wo ne no yɛ Bible adesua no akɔ Ahenni Asa so wɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ bere mu. Wɔhyɛɛ nnipa pii a mprempren wɔresom Yehowa nokwaredi mu no nkuran ma wɔkɔɔ wɔn nhyiam a edi kan wɔ saa dwumadi dapɛn titiriw yi mu. Nokwarem no, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa a wɔba nhyiam horow no dodow bɛkɔ anim kɛse wɔ saa dapɛn no mu.
5 Sɛ ɔmansin-sohwɛfo bɛsra asafo no a, ɔbɛpɛ sɛ ɔtra adesua horow a wɔne wɔn a wɔayɛ mmerɛw yɛ no binom mu. Sɛ wɔpaw onuawa bi sɛ ɔnyɛ adesua no a, ɛbɛyɛ papa sɛ ɔmansin sohwɛfo no yɛ no saa bere yi esiane sɛ wɔne onuawa a wayɛ mmerɛw na ɛresua ade nti. Wɔn baanu nyinaa bebu bere a wɔde yɛɛ adesua no ho akontaa, na ɔdawurubɔfo a ɔyɛ adesua no daa no afa sankɔhwɛ no.
6 Ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ “no ma yenya hokwan ne honhom mu onua panyin bɔ fekuw na yenya mfe pii mu osuahu a wanya wɔ Yehowa som mu no ho mfaso. Yebetumi nso ne no abɔ biribiara a ɛhaw yɛn wɔ yɛn honhom fam yiyedi ho no ho nkɔmmɔ. Obetumi de afotu pa ama. Yɛwɔ hokwan nso sɛ yɛne ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere nya fekubɔ a anigye wom denam nsa a yɛbɛto afrɛ wɔn ne wɔn adidi so. Saa fekubɔ yi nso betumi aboa mmofra a wɔwɔ abusua no mu no ma wɔanya anisɔ kɛse ama Yehowa ahyehyɛde no.
MFASO A ASAFO NO NYA.
7 Asafo no nyinaa nso nya mmoa a asomfo no nya wɔ wɔn asɛyɛde ahorow ho dwumadi mu no ho mfaso. Ɛboa wɔn ma wɔde mmoa ma wɔn a wɔayɛ mmerɛw ne afoforo a wohia nkuranhyɛ. Mpɛn pii no ɔmansin sohwɛfo no tumi de nkuranhyɛ ma wɔn a wɔyare anaasɛ wonni ahoɔden, na otumi kɔsra wɔn wɔ wɔn afie anaa ayaresabea mpo, boa wɔn ma wotumi de boasetɔ gyina ɔhaw no ano.
8 Wobetumi ne onua kwantufo no abobɔ nsɛm a ɛfa nhyehyɛe ne nneɛma afoforo a ɛhaw adwene ho ho nkɔmmɔ, titiriw bere a ɔne mpanyimfo ne asafo mu asomfo ahyia no. Bere a saa anuanom yi di afotu a a ɔde ma, akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn asɛnka adwuma no tu mpɔn. Wɔ nsrahwɛ ahorow a ebefi ase ɔsram yi mu no, ɔmansin sohwɛfo no begye bere na waboa ɔkyerɛwfo no wɔ ne dwumadi ahorow mu.
9 Paulo, Tito ne Timoteo yɛɛ nhwɛso pa maa nnɛyi ahwɛfo akwantufo. Anigye bɛn ara na yɛwɔ sɛ yɛwɔ anuanom anokwafo a wɔtete saa ma wɔbɛsrasra yɛn asafo horow no de nkuranhyɛ ne mmoa a yehia na yɛakɔ anim wɔ ɔsom adwuma no mu no brɛ yɛn. (Fil. 2:22) Hwɛ sɛ wubedi kan ayɛ nhyehyɛe na woanya ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no ho mfaso yiye.