Obiara Benya Nkuranhyɛ Afi Ne Yɔnko Hɔ
1. Hokwan soronko bɛn na ahwɛfo akwantufo nsrahwɛ ma yenya?
1 Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa asafo a ɛwɔ Roma no sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, na mama mo honhom mu akyɛde bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim; anaa me ne mo nyinaa, obiara anya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi so, me ne mo nyinaa de.” (Rom. 1:11, 12) Saa ara na nnɛ ahwɛfo akwantufo nsrahwɛ ma yenya hokwan hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran.
2. Dɛn nti na wodi kan ka ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ho asɛm ansa na waba?
2 Asafo No: Wɔtaa ka ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ho asɛm kyerɛ asafo no bɛyɛ asram abiɛsa ansa na waba. Eyi boa yɛn ma yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nhyehyɛe mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya so mfaso yiye. (Efe. 5:15, 16) Sɛ woyɛ honam fam adwuma a, ebia wubetumi asrɛ kwan afi adwuma mu wɔ saa nnawɔtwe no mu na wode wo ho ahyɛ asɛnka adwuma no mu. Ebinom yɛ nhyehyɛe yɛ akwampaefo aboafo wɔ ɔsram a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn asafo no mu. Sɛ woayɛ w’adwene sɛ wubetu kwan a, so wubetumi ayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a saa dapɛn no bɛto wo?
3. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra yɛn na yɛpɛ sɛ yenya nkuranhyɛ a, dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?
3 Ade titiriw a enti ɔmansin sohwɛfo bɛsra yɛn ne sɛ ɔbɛhyɛ yɛn nkuran na wama yɛn ntetee wɔ asɛnka adwuma no mu. So wobɛkyerɛw wo din na wo ne ɔmansin sohwɛfo no anaa ebia ne yere anantew? Ɔmansin sohwɛfo no ani gye ho sɛ ɔne adawurubɔfo ahorow, a ebia wɔn a wonni osuahu pii anaa wɔn ho nkokwawee kɛse no ka ho bɛnantew wɔ asɛnka mu. Yɛn nyinaa betumi asua biribi afi sɛnea odi adanse no mu, na yɛde nyansahyɛ biara a ebia ofi ayamye mu de bɛma yɛn no ayɛ adwuma. (1 Kor. 4:16, 17) Sɛ woto nsa frɛ no ma ɔne wo bedidi a, ɛno nso bɛma moanya hokwan foforo a mode bɛhyɛ mo ho nkuran. (Heb. 13:2) Esiane sɛ osiesie ɔkasa ahorow ma ɛfa mo asafo no ho nti, ɛsɛ sɛ wutie no yiye.
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahyɛ yɛn ɔmansin sohwɛfo nkuran?
4 Ɔmansin Sohwɛfo No: Ná ɔsomafo Paulo ne anuanom a ɔsom wɔn no nyinaa yɛ pɛ efisɛ ɔno nso hyiaa nsɛnnennen na na dadwen hyɛ no so. Ná ohia nkuranhyɛ, na bere a wɔhyɛɛ no nkuran no, n’ani sɔe. (2 Kor. 11:26-28) Bere a asafo a ɛwɔ Roma no tee sɛ Paulo a saa bere no na ɔda afiase no reba hɔ no, wɔn mu binom twaa akwansin 46 kohyiaa no wɔ Apia Gua so! “Paulo ani bɔɔ wɔn so pɛ na ɔdaa Onyankopɔn ase na otwaa ne koma too ne yam.” (Aso. 28:15) Saa ara na mo nso mubetumi ahyɛ mo ɔmansin sohwɛfo nkuran. Momfa “nidi mmɔho” mma no denam anigye a mode bɛboa wɔ ne nsrahwɛ no mu so. (1 Tim. 5:17) Monkyerɛ mmɔden a ɔbɔ wɔ mo ho no ho anisɔ. Sɛ ɔne ne yere hu mo gyidi, mo dɔ, ne mo boasetɔ a, wɔn ani gye.—2 Tes. 1:3, 4.
5. Dɛn nti na yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ nnɛ?
5 Yɛn mu hena na onhia nkuranhyɛ wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu? (2 Tim. 3:1) Yɛ nhyehyɛe nnɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne ɔmansin sohwɛfo no bɛyɛ adwuma yiye wɔ dapɛn titiriw no mu. Amansin so ahwɛfo ne adawurubɔfo nyinaa betumi ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. Yɛyɛ saa a, yɛn nso ‘yɛbɛkɔ so akyekye yɛn ho yɛn ho werɛ na yɛahyehyɛ yɛn ho den.’—1 Tes. 5:11.