Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 January kr. 7
  • ‘Paulo Daa Onyankopɔn Ase Na Otwaa Ne Koma Too Ne Yam’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Paulo Daa Onyankopɔn Ase Na Otwaa Ne Koma Too Ne Yam’
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Obiara Benya Nkuranhyɛ Afi Ne Yɔnko Hɔ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nya Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ No Ho Mfaso Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Wɔyɛ Adwumaden De Som Yɛn
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Ahwɛfo Akwantufo—Mfɛfo Adwumayɛfo wɔ Nokware no Mu
    Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde Wɔ Wiase Nyinaa
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 January kr. 7
Paulo reda Onyankopɔn ase sɛ anuanom no atwa kwan abehyia no

KRISTOFO ABRABƆ

‘Paulo Daa Onyankopɔn Ase Na Otwaa Ne Koma Too Ne Yam’

Bere a asafo a ɛwɔ Roma no tee sɛ Paulo reba no, wotuu anuanom mmarima bi ma wotwaa kwan bɛyɛ akwansin 40 anaa kilomita 64 kohyiaa no. Ɔdɔ a anuanom no yii wɔn yam daa no adi kyerɛɛ Paulo no, ɛkaa no sɛn? “Paulo ani bɔɔ wɔn so pɛ na ɔdaa Onyankopɔn ase na otwaa ne koma too ne yam.” (Aso 28:15) Ɛwom, na wonim Paulo sɛ obi a ɔhyɛ asafo horow a ɔsrasra wɔn no den, nanso saa bere yi a ɔyɛ deduani yi de, ɔno mmom na anuanom no hyɛɛ no nkuran.​—2Ko 13:10.

Ɛnnɛ nso, amansin so ahwɛfo tutu akwan kɔ asafo ahorow mu kɔhyɛ anuanom den. Sɛnea ɛto Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa no, wɔn nso ɛtɔ da a wɔbrɛ, wodwinnwen, na wɔn abam tumi bu. Bere foforo a ɔmansin sohwɛfo ne ne yere bɛba abɛsra mo asafo no, dɛn na wubetumi ayɛ na ama wɔanya akokoduru, sɛnea ɛbɛyɛ a “obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ”?​—Ro 1:11, 12.

  • Ɔmansin sohwɛfo bi reyɛ asɛnka nhyiam

    Kɔ asɛnka nhyiam. Nnawɔtwe a ɔmansin sohwɛfo abɛsra asafo no yɛ nnawɔtwe titiriw, enti sɛ adawurubɔfo de nneɛma bɔ afɔre na wɔde wɔn ho hyɛ dwumadi a ɛbɛkɔ so no mu a, ɛhyɛ no nkuran. (1Te 1:2, 3; 2:20) Susuw ho hwɛ sɛ wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ saa bosome no mu anaa. Wubetumi ne wɔn abom ayɛ asɛnka adwuma no? Wubetumi ne wɔn mu baako akɔyɛ wo Bible adesua? Sɛ wɔne adawurubɔfo ahorow kɔ asɛnka a, wɔn ani gye. Wɔn a wɔyɛ foforo anaa wɔn ho nhyɛɛ da nkokwawee nso, ahwɛfo no ne wɔn yerenom ani gye ho sɛ wɔne wɔn bɛkɔ asɛnka.

  • Abusua bi ato nsa afrɛ ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere, na abusua no regye wɔn fɛw so

    Som wɔn hɔho. Wubetumi ama wɔn baabi ada anaa? Aduan a wobedi nso, wubetumi ayɛ ho nhyehyɛe? Woyɛ saa a, ɛbɛma ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere ahu sɛ wodɔ wɔn. Ɛnyɛ biribi kɛse biara na wɔrehwehwɛ.​—Lu 10:38-42.

  • Ɔmansin sohwɛfo bi ne mpanyimfo no reyɛ nhyiam

    Akwankyerɛ ne afotu a ɔde bɛma no, tie na fa yɛ adwuma. Ɔmansin sohwɛfo no fi ɔdɔ mu boa yɛn ma yehu sɛnea yebetu mpɔn wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu. Ɛtɔ da a, ebia ebehia sɛ ɔde afotu a emu yɛ den ma yɛn. (1Ko 5:1-5) Sɛ yɛyɛ osetie na yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma n’ani gye.​—Heb 13:17.

  • Anuanom a wɔwɔ asafo bi mu rekyerɛ ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere ho anisɔ

    Kyerɛ nneɛma ho anisɔ. Ma ɔmansin sohwɛfo no ne ne yere nhu sɛ, woanya adwuma a wɔreyɛ no so mfaso. Wubetumi aka akyerɛ wɔn anaasɛ wubetumi akyerɛw nsɛm bi agu krataa anaa kaad so de ama wɔn.​—Kol 3:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena