Yɛ Wo Asɛnka No Anibere So
1 “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mat. 24:14) Yesu nam saa asɛm yi so maa n’asuafo huu hia a ehia sɛ wɔka Ahenni ho asɛm no kyerɛ. Ɔma ɛdaa adi sɛ ɛyɛ ahiasɛm. Na nsɛmmɔnedi awiei a ɛbɛba no rentumi nni asɛm a ɛho hia yi a wɔbɛka akyerɛ no anim. Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ ne Ba no nsam no beyi nsɛmmɔnedi afi hɔ koraa, nanso na eyi bɛyɛ bere a wɔaka asɛm no akyerɛ “de adi amanaman nyinaa adanse” no akyi nkutoo.
2 Nea esi hia a asɛnka adwuma no ho hia so dua bio no, Paulo tuu Timoteo fo sɛ, “Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.” Na ɛsɛ sɛ Timoteo kyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu, nanso na ‘asɛmpaka adwuma’ no nso ho hia. Enti Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ ‘onwie ne som adwuma no koraa’ denam asɛnka adwuma no mu kyɛfa a obenya wɔ tebea horow nyinaa mu no so. Na ɛsɛ sɛ ɔde boasetɔ “kyerɛkyerɛ” nanso na ɛsɛ sɛ ɔde ntɛmpɛ ne anibere yɛ adwuma.—2 Tim. 4:2, 5.
YEBETUMI AYƐ NO DƐN?
3 Ɛnnɛ, wɔrekyerɛkyerɛ yɛn ma yɛaka “ahenni no ho asɛmpa yi” na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no anibere so. Nea ɛrekɔ so wɔ wiase no kyerɛ sɛ amanaman no rebɛn wɔn awiei ntɛmntɛm. Bere pii nni hɔ a yɛde bɛyɛ saa adwuma a ɛho hia yi. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ asɛnka adwuma yi ansa na awiei no aba? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ akyerɛkyerɛfo pa bere a yɛde ntɛmpɛ reyɛ adwuma no?
4 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de nhoma fɛfɛ bi ama na aboa ma yɛayɛ yɛn adwuma a ɛho hia no. Ɛno ne nhoma: Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye. Yɛn nsa kaa no 1976 mu, nanso ɛbo a ɛsom no nkɔɔ fam. Aka yɛn asuafoyɛ adwuma no kɛse na ɛda so ara yɛ nhoma a etu mpɔn wɔ afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔde wɔn ho akɔhyɛ Onyankopɔn ahenni ase no mu. Mprempren yɛwɔ pii wɔ Engiresi ne Twi mu, enti yɛpɛ sɛ yɛde yɛ adwuma pii wɔ June ɔsram no mu.
5 Yegye di sɛ munim nhoma ketewa yi mu nsɛm yiye. Wɔkyerɛw ti a edi kan, “Ɛhe na Yetumi Hu Asɛmpa Nnɛ?” na aboa ma woafi ofie Bible adesua foforo ase. Wubetumi ayɛ no dɛn?
6 Bere a wode nhoma no rema no, si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛyɛ nhoma a ɛboa ma obi nya Bible mu nimdeɛ ne anisɔ no so dua. Ɛka Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a wobeyi amumɔyɛ, ɔko, ɔkɔm, ɔyare ne owu mpo afi mu no ho asɛm. Wubetumi adan akɔ anigye tebea a wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 4 no so na woabisa onii a wo ne no rekasa no sɛ ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔbɛfa atesɛm krataa da koro anɔpa na wakenkan nsɛm atitiriw a wɔabobɔ din wɔ kratafa 5, nkyekyem 8, no biako anaa. Hena na ɔrempɛ sɛ ɔkenkan sɛ: “Adan Nyɛ Nã—Obiara Nya Adwuma Pa”? Anaasɛ, “Amumɔyɛ To Atwa”? Na eyi nso ɛ: “Wɔayi Ɔyare ne Mpanyinyɛ Afi Hɔ—Wɔagu Ayaresabea ne Mmeae a Wɔdeda Afunu Nyinaa”? So ɛte sɛ adaeso? Dabi, ɛbɛbam efisɛ Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ. (Tito 1:2) Na wɔakyerɛkyerɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne nsɛm afoforo a ɛho hia mu yiye wɔ Asɛmpa nhoma no mu.
7 Sɛ onii retie asɛm no yiye a, wubetumi akyerɛ sɛnea wɔakyerɛw nhoma no ma aboa nkurɔfo ma wɔate Bible no ase no tiaa, na wode nkyekyem ahorow bi ayɛ ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ sɛnea wɔdan kɔ Bible no so mpɛn pii de di nea wɔakyerɛw no ho adanse. (Hyɛ no nsow nso sɛ ɛyɛ a wɔde kyerɛw nsɛm ahorow bi hyehyɛ asemmisa no ano wɔ kratafa no ase hɔ. Wɔhyɛ nyansa sɛ wɔnkenkan eyi nka nea ɛwɔ nkyekyem no mu no ho.) Mommɔ nkyekyem kakra ho nkɔmmɔ, sɛ ebia nea ɛwɔ kratafa 5 no, na hyɛ nyansa sɛ wobɛsan aba bere a ɛfata yiye mu.
8 Saa nhoma yi a wode bɛkyerɛ wɔ afie afie adansedi mu akyi no, ebia wubehu sɛ woankasa w’abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo ani begye ho kɛse. Na wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no nso ɛ? So wubetumi asusuw afoforo a ebia wɔn ani begye ho nso ho? Mfɛfo adwumayɛfo? Mfɛfo sukuufo? Wɔn a yɛne wɔn wɔ adwuma nhyehyɛe? Ofiewuranom? Afipamfo? Hwehwɛ ɔkwan biara a wobɛfa so de nhoma yi ama.
NEA ƐDA ANIM
9 Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so a ɛbɛba ne nea ɛbɛyɛ a wonim no na ɛma Yehowa ayeyifo nyinaa nya gyidi nnɛ. Enti, wɔ Satan nhyehyɛe yi nna a edi akyiri yi mu no, so ɛnsɛ sɛ yɛka “asɛmpa” no kyerɛ afoforo na wɔn nso abenya gyidi na wɔatwɛn Onyankopɔn ahenni a ebesiesie asase so nsɛm no anaa? Nokwarem no yɛbɛpɛ sɛ yɛbɔ mmɔden a yebetumi biara wɔ June mu na yɛde Asɛmpa nhoma no bi ma obiara a n’ani gye ho. Ɛsɛ sɛ yɛde mmɔdenbɔ kɔ yɛn adwuma no so esiane sɛ bere a aka no sua nti.—Marko 13:10; 1 Pet. 4:7.