Mma W’ani Mmpa Sɛnea Nneɛma Gye Ntɛmpɛ No So
ƆKWAN pa biako a Onyankopɔn pene so bɛn na yɛbɛfa so akɔ so afi yɛn kra nyinaa mu asom Yehowa? Ɛne sɛ yɛbɛte nka ankasa wɔ yɛn koma mu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ. Sɛ́ yebefi ɔkra nyinaa mu asom Onyankopɔn no kyerɛ sɛ yɛde yɛn nipa mũ nyinaa bɛsom no, na ɛhwehwɛ sɛ yefi koma mu yɛ biribiara a ɔka sɛ yɛnyɛ no pɛpɛɛpɛ.
Odiyifo Mose sii ahiasɛm yi so dua bere a ɔhyɛɛ Israel man no sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5) Mfehaha pii akyi no, Kristo Yesu tĩĩ saa ahyɛde koro no ara mu sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu.” (Mateo 22:37) Ɔsomafo Paulo twee adwene sii saa ahwehwɛde koro yi ara so bere a ɔka kyerɛɛ Efesofo no sɛ ‘womfi koma mu nyɛ Onyankopɔn apɛde,’ ne bere a ɔhyɛɛ Kolosefo nkuran sɛ: “Adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa] na monyɛ mma nnipa” no.—Efesofo 6:6; Kolosefo 3:23.
Nanso, ɛyɛ den sɛ yebefi yɛn koma ne yɛn kra nyinaa mu asom Onyankopɔn sɛ yɛnte nka wɔ yɛn mu tɔnn sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ anaa sɛnea na yɛte nka bere bi sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ no abrɛ ase—ebia atu ayera koraa a. Ɛnnɛ, yɛte bere a nneɛma gye ntɛmpɛ sen bere foforo biara wɔ onipa abakɔsɛm mu no mu.
Mmere Pɔtee Bi a na Nneɛma Gye Ntɛmpɛ
Mmere pii a na nneɛma gye ntɛmpɛ bae ansa na Kristofo mmere reba. Ɛda adi sɛ na Noa nna no ne bere a ɛkowiee Sodom ne Gomora sɛe mu no yɛ mmere a na nneɛma gye ntɛmpɛ ankasa. (2 Petro 2:5, 6; Yuda 7) Akyinnye biara nni ho sɛ na dwumadi a egye ntɛmpɛ abu so wɔ mfe a na edi Nsuyiri no anim no mu. Ɛwom mpo sɛ na Noa ne n’abusua nnim bere pɔtee a Nsuyiri no befi ase de, nanso “Onyankopɔn suro” a na wɔwɔ no amma wɔanyɛ mmɔtohɔ.—Hebrifo 11:7, NW.
Saa ara nso na ansa na wɔresɛe Sodom ne Gomora no, abɔfo no “piapiaa Lot” ka kyerɛɛ no sɛ: “Guan gye wo kra nkwa.” (Genesis 19:15, 17) Yiw, saa bere no nso, ade a wɔyɛɛ no ntɛm gyee atreneefo nkwa. Mfehaha pii akyi no, wotuu Yudafo nnommum a na wɔwɔ Babilon no fo sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, na monnka ade a ɛho ntew.” (Yesaia 52:11) Wɔ 537 A.Y.B. mu no, nnommum bɛyɛ 200,000 fii Babilon ntɛm so de dii saa nkɔmhyɛ kwan so ahyɛde a na egye ntɛmpɛ no so.
Te a wɔtee nka sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ wɔ saa tebea horow no biara mu no maa wɔn a na wogye di sɛ wɔte mmere a egye ntɛmpɛ mu, na wɔma ɛtraa wɔn adwenem no, fii wɔn kra nyinaa mu somee.
Sɛnea Nneɛma Gye Ntɛmpɛ Wɔ Kristofo Mmere Mu
Wɔka sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ ho asɛm mpɛn pii wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nso mu. “Monhwɛ yiye,” “monwɛn,” “munsiesie mo ho nsie”—nsɛm a Kristo Yesu kae yi nyinaa maa n’akyidifo huu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no yiye. (Mateo 24:42-44; Marko 13:32-37) Bio nso, ne mmebu a ɛfa mmabun du, akoa bɔne no, talente, ne nguan ne mpapo a wɔpaapae wɔn mu ho no nyinaa kanyan akwanhwɛ ne sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ ho nkate.—Mateo 25:1, 14, 15, 32, 33.
Ɛnyɛ sɛ Yesu kaa sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ ho asɛm nko, na mmom ɔde ntɛmpɛ yɛɛ adwuma de gyinaa sɛnea na ne nsɛm no yɛ nokware no akyi nso. Bere bi, bere a nnipakuw no bɔɔ mmɔden sɛ wobesianka no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:42, 43) Afei nso, ɔhyɛɛ n’asuafo no nkuran sɛ wɔnsrɛ otwa Wura no sɛ ɔnsoma adwumayɛfo pii mmra Ne twa adwuma no mu efisɛ “otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua.” (Mateo 9:37, 38) Mpaebɔ so a wɔnam srɛ Onyankopɔn hɔ ade saa no da ntɛmpɛ honhom adi.
Na Saa Ntɛmpɛ no Mfata?
Ebia ebinom bebisa asɛm a ntease wom yi sɛ, Sɛ na ebedi mfehaha pii ansa na “ahohiahia kɛse” a wɔhyɛɛ ho nkɔm no aba a, dɛn nti na wɔtee nka sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ saa bere no?—Mateo 24:21.
Yebetumi agye adi sɛ ɛnyɛ adɛfɛdɛfɛsɛm bi na Yesu de dii dwuma na ama n’akyidifo ayɛ pii wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Dabi, na ɛyɛ ɔdɔ a Yesu wɔ ma n’asuafo no, ne sɛnea Yehowa bu bere ho ntease a edi mũ a ɔwɔ no so na ogyinae de ntɛmpɛ a nneɛma gye ho afotu no mae. Yiw, na Kristo Yesu nim sɛ ntɛmpɛ honhom ho hia na wɔayɛ Yehowa apɛde ma ɛne Onyankopɔn atirimpɔw ahyia. Bio nso, na onim sɛ n’asuafo no ankasa nam te a wɔbɛte nka sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ kosi sɛ ɔbɛba no no so benya so mfaso wɔ honhom fam.
Na Yesu Kristo akyerɛ pefee sɛ wɔbɛyɛ wiase nyinaa adansedi adwuma wɔ bere bi a ɛnware pii mu. (Mateo 24:14; Marko 13:10) Dwumadi yi afã horow daa adi nkakrankakra bere a adwuma no trɛwee no. Nanso na ntɛmpɛ ho hia na wɔayɛ ɔfã biara. Yesu kyerɛɛ nkɔso a adwuma yi benya bere a ɔkaa eyi no: ‘Mobɛyɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Na saa na adwuma no atrɛw abedu nnɛ. Bere rekɔ so no, eyi ama Onyankopɔn asomfo ho adwiriw wɔn, na ɛtɔ mmere bi a, ɛma ɛho behia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ nneɛma ho ntease mu.
Te a Kristofo te nka sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ no adi Yehowa atirimpɔw ho dwuma. Aboa Kristo asuafo ma wɔama wɔn adwuma no anya nkɔanim ma ɛne Yehowa bere nhyehyɛe a enni huammɔ no ahyia. Enti nnɛ, sɛ yebu kɔmpɔ hwɛ mfe bɛyɛ 2,000 a atwam a, yɛte saa Onyankopɔn bere nhyehyɛe no ase yiye.
Nim a Kristofo nim sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ no boaa asuafo no ma wodii adanse fefeefe wɔ Yerusalem, Yudea, Samaria, ne Yudafo a na wɔahwete no mu ansa na 36 Y.B. reba, bere a ɔdom titiriw a Israel wɔ baa awiei no. (Daniel 9:27; Asomafo no Nnwuma 2:46, 47) Saa ara nso na nim a Kristofo nim sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ no boaa tete asafo no ma wɔde kɔkɔbɔ a emu da hɔ pefee maa Yudafo nyinaa sɛ ɛrenkyɛ na wɔn nhyehyɛe no aba awiei. (Luka 19:43, 44; Kolosefo 1:5, 6, 23) Na bere a ɛbaa awiei mpofirim wɔ 70 Y.B. mu no, sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no boaa Kristo afeha a edi kan no mu adansefo ma wɔbɔɔ ɔsoro anidaso no ho dawuru kyerɛɛ nnipa pii ansa na ɔwae a wɔhyɛɛ ho nkɔm no maa ne sum a ɛyɛ hu no trɛwee. (2 Tesalonikafo 2:3; 2 Timoteo 4:2) Afei, wɔ Esum Mmere no mu mfehaha pii no mu no, Kristofo kakraa bi a wɔte sɛ awi no kuraa Ahenni anidaso no mu, sɛnea Kristo Yesu ka siei no. (Mateo 13:28-30) Awiei koraa, wɔ Yehowa bere a wahyɛ mu no, ɔhyehyɛɛ nnɛyi asafo bi a ɛyɛ den, a n’atemmusɛm a egye ntɛmpɛ a wɔka kyerɛ wɔn a wɔte ase wɔ awo ntoatoaso a etwa to yi mu no na ɛkanyan wɔn.—Mateo 24:34.
Te sɛ Daniel a ɔtraa ase tete no, Onyankopɔn nnɛyi Adansefo anokwafo remmisa Yehowa da sɛ: “Dɛn na woyɛ yi?” (Daniel 4:35) Wɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa nim ade pɔtee a ehia na ama wɔayɛ n’adwuma awie wɔ bere ano pɛpɛɛpɛ. Enti sɛ anka wobegye ɔkwan a Yehowa fa so yɛ nneɛma ho nhyehyɛe ho kyim no, ɛyɛ wɔn anigye sɛ Onyankopɔn ama wɔanya hokwan ma wɔne no yɛ adwuma wɔ bere titiriw yi mu.—1 Korintofo 3:9.
Sɛnea Nneɛma Gye Ntɛmpɛ Ho Nkuranhyɛ Foforo
Ade foforo a ɛma nneɛma gye ntɛmpɛ ne tumi a yentumi nkyerɛ da ne dɔn pɔtee a ahohiahia kɛse no bɛba mpofirim no. Kristo Yesu kaa no pefee sɛ obiara nni asase so a onim da ne dɔn a wɔahyɛ ato hɔ sɛ saa aniberesɛm no befi ase. (Mateo 24:36) Bere foforo nso ɔka kyerɛɛ n’asomafo a na wɔn ho pere wɔn no sɛ: “Ɛnyɛ mo asɛm sɛ mubehu bere anaa nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu.” (Asomafo no Nnwuma 1:7) Yiw, nea ebefi mu aba da adi pefee, nanso ɛnyɛ yɛn asɛm sɛ yebehu ɛho biribiara.
Na ɔsomafo Paulo wɔ sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no ho adwene a ɛteɛ. Ebia na Yesu nsɛm no wɔ n’adwenem bere a ɔkyerɛw Tesalonikafo no faa Kristo ba ho no: “Na nna no ne mmere no de, anuanom enhia mo sɛ wɔkyerɛw brɛ mo.” (1 Tesalonikafo 5:1) Ɔkyerɛw saa krataa yi bɛyɛ mfe 17 wɔ bere a Yesu kaa eyi no akyi: ‘Mobɛyɛ m’adansefo akɔpem asase ano nohɔ.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Na wontumi nkyerɛw ɛho nsɛm foforo biara bio saa bere no efisɛ na wɔnnaa nsɛm foforo adi. Sɛ ɛte saa mpo a, na wobetumi anya ahotoso ɔkwan biara so sɛ Yehowa da no bɛba sɛ “owifo ba anadwo” bere a Kristofo da so ara de ntɛmpɛ reka asɛm no.—1 Tesalonikafo 5:2.
Bere a na nsɛm yi wɔ afeha a edi kan Kristofo no adwenem no, na ɛremma sɛ wobesusuw sɛ ebedi mfehaha pii ansa na Yehowa da no aba. Nokwarem no, na wonim Yesu mmebu a ɛfa ɔhene bi a ɔkɔɔ akyirikyiri asase bi so ne ɔbarima bi a otuu kwan kɔɔ ɔman foforo so ho no. Na wonim nso sɛ mmebu no kyerɛe sɛ “awiei koraa no” ɔhene no bɛsan aba, na “ɛkyɛe no” ɔkwantufo no san bae. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ na nsemmisa te sɛ nea edidi so yi kyere wɔn adwene, “Awiei koraa no” yɛ bere bɛn? Na “ɛkyɛe no” no kyerɛ dɛn? Mfe du? Mfe aduonu? Mfe aduonum? Anaasɛ ɛware sen saa? (Luka 19:12, 15, NW; Mateo 25:14, 19) Na wɔbɛkɔ so akae Yesu nsɛm yi: “Mo nso, munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw mu na onipa ba no bɛba.”—Luka 12:40.
Adepa a Efi Ntɛmpɛ Mu Ba
Yiw, sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ a Onyankopɔn de kanyan afeha a edi kan no mu Kristofo no nyaa wɔn so tumi kɛse, na ɛboaa wɔn ma wɔyɛɛ pii wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛho hia sen biara no mu. Ɛkɔ so hyɛ yɛn nkuran nnɛ wɔ akwan pii so. Ɛmma yɛnyɛ anibiannaso anaasɛ ‘yɛmmrɛ papayɛ mu.’ (Galatifo 6:9) Ɛbɔ yɛn ho ban ma yɛmfa yɛn ho nhyehyɛ wiase no ne emu ade dodowpɛ a edi awu no mu ntra so. Ɛma yɛde yɛn adwene si “nokware nkwa no” so. (1 Timoteo 6:19) Awurade Yesu kae sɛ n’asuafo bɛyɛ sɛ ‘nguan wɔ mpataku mfinimfini,’ na na onim sɛ ɛho hia sɛ yɛma yɛn adwene si pi na yɛatumi ako atia wiase no. Yiw, nim a yenim sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ sɛ Kristofo no abɔ yɛn ho ban.—Mateo 10:16.
Yehowa Nyankopɔn nam ne nyansa a enni ano no so de nsɛm a ɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ ama n’asomfo na ama wɔakɔ so ahu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ. Ofi ayamye mu ama yɛn awerɛhyem sɛ yɛwɔ nneɛma nhyehyɛe a aporɔw yi “nna a edi akyiri” mu. (2 Timoteo 3:1) Wɔkɔ so kae yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyerɛn sɛ akanea kosi sɛ awo ntoatoaso a yɛte mu no betwam akɔ wɔ ahohiahia kɛse a ɛbɛba awiei wɔ Harmagedon mu no mu.—Filipifo 2:15; Adiyisɛm 7:14; 16:14, 16.
Yiw, hu a yehu no yiye sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ no yɛ ɔkra nyinaa mu a yefi som Yehowa no fã titiriw. Esiw mmɔden a Ɔbonsam bɔ sɛ ɔbɛma Onyankopɔn asomfo ‘abrɛ na wɔn kra atɔ piti’ no ano na ɛboa yɛn ma yɛyɛ saa. (Hebrifo 12:3) Ɔkra nyinaa mu a Yehowa asomfo fi som no bɛma wɔayɛ osetie ama no, nanso mprempren, wɔ nna a edi Harmagedon anim yi mu no, hu a yebehu no yiye sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ no yɛ yɛn kra nyinaa mu a yefi som no fã titiriw.
Ɛmmra sɛ Yehowa yɛn Onyankopɔn bɛboa yɛn nyinaa na yɛn ani ampa sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no so bere a yɛkɔ so ka ɔsomafo Yohane nsɛm yi no: “Amen! Awurade Yesu, bra!”—Adiyisɛm 22:20.