Wobɛyɛ Dɛn Aka Asɛm no Dendeenden?
Ɛsɛ sɛ yɛde ahokeka ka asɛm no dendeenden. Wiase yi rekɔ n’awieeɛ, enti ɛsɛ sɛ yɛhunu sɛ nneɛma gye ntɛmpɛ na ama yɛanya yɛn ti adidi mu. Sɛ yɛde afotuo a ɛdidi so yi yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛayere yɛn ho de ahokeka aka asɛm no dendeenden.
Bɔ Ahennie no ho mpaeɛ daa.—Mat. 6:10.
Kenkan Bible da biara da ma ɛmmɔ w’akoma ho ban.—Heb. 3:12.
Fa wo berɛ di dwuma nyansam.—Efe. 5:15, 16; Fil. 1:10.
Ma w’ani nhwɛ “tẽẽ.” Mma nneɛma a ɛwɔ wiase ntwetwe w’adwene.—Mat. 6:22, 25; 2 Tim. 4:10.
Ma w’ani nni Bible nkɔmhyɛ a ɛrenya mmamu no akyi na ama woakɔ so awɛn.—Mar. 13:35-37.
Sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ asɛnka adwuma no reyɛ aba n’awieeɛ na nneɛma gye ntɛmpɛ a, ɛbɛma yɛayere yɛn ho dendeenden aka asɛm no!—Yoh. 4:34, 35.