(1) Asɛmmisa, (2) Kyerɛwsɛm, ne (3) Ti
Ɔkwan tiawa a wubetumi afa so de Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ama ne sɛ (1) bisa asɛm a ɛbɛboa ma woahu ofiewura no adwene, (2) kenkan kyerɛwsɛm a ɛfata, ne (3) ka ti bi a ɛwɔ nhoma no mu a ɛka asɛm a wubisae no ho asɛm denam nnianim nsɛmmisa a wɔde fi ti no ase wɔ nhoma no mu a wobɛkenkan no so. Sɛ ofiewura no kyerɛ asɛm no ho anigye a, wubetumi de nkyekyɛm a edi kan no adi dwuma de akyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. Wubetumi afa saa kwan yi so afi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu anaa bere a woreyɛ sankɔhwɛ no.
◼ “Wususuw sɛ, sɛ́ nnipa no, yebetumi ahu yɛn Bɔfo a ɔwɔ tumi no sɛnea wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu wɔ ha no?” Kenkan Asomafo Nnwuma 17:26, 27, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 1 no ho asɛm.
◼ “Sɛ wohwɛ nsɛnnennen a yehyia nnɛ no a, wususuw sɛ yebetumi anya awerɛkyekye ne anidaso a wɔaka ho asɛm wɔ ha no?” Kenkan Romafo 15:4, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 2 no ho asɛm.
◼ “Sɛ wowɔ tumi a, anka wobɛma nsakrae horow yi aba?” Kenkan Adiyisɛm 21:4, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 3 ho asɛm.
◼ “Wususuw sɛ yɛn mma betumi anya tebea a wɔaka ho asɛm wɔ tete dwom yi mu no?” Kenkan Dwom 37:10, 11, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 3 no ho asɛm.
◼ “Wususuw sɛ bere bi bɛba a saa asɛm yi bɛba mu?” Kenkan Yesaia 33:24, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 3 no ho asɛm.
◼ “So woasusuw ho pɛn sɛ ebia a awufo nim nea ateasefo reyɛ?” Twɛn ma ommua. Afei kenkan Ɔsɛnkafo 9:5, na ka ti 6 no ho asɛm.
◼ “Wususuw sɛ bere bi bɛba a yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio sɛnea Yesu kae wɔ Bible mu yi?” Kenkan Yohane 5:28, 29, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 7 no ho asɛm.
◼ “Wɔ w’adwene mu no, wususuw sɛ dɛn na ehia na ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ mpaebɔ a agye din yi mu no?” Kenkan Mateo 6:9, 10, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 8 ho asɛm.
◼ “Wususuw sɛ yɛte bere a wɔaka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ yi mu no?” Kenkan 2 Timoteo 3:1-4, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 9 no ho asɛm.
◼ “Nnipa pii ntumi nhu nea enti a ɛte sɛ nea adesamma haw ahorow regye nsam no. Woasusuw ho ahwɛ sɛ ebia efi nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi?” Kenkan Adiyisɛm 12:9, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 10 no ho asɛm.
◼ “So woasusuw asɛmmisa a ɛte sɛɛ ho mmuae ho pɛn?” Kenkan Hiob 21:7, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 11 no ho asɛm.
◼ “Wususuw sɛ Bible mu afotu yi a mmusua de bedi dwuma no bɛboa wɔn ma wɔn asetra ayɛ anigye?” Kenkan Efesofo 5:33, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 14 no ho asɛm.
[Kratafa 6 adaka]
Bere a moafi adesua no ase no, sɛ mosan toa so yɛ no mprenu, na ɛda adi sɛ adesua no bɛtoa so a, ɛnde wubetumi abu Bible adesua ho akontaa.