Hena na Obetie Yɛn Asɛm No?
1 Wɔaka nsɛm pii a emu pii yɛ nsɛnhunu anaa nnaadaasɛm mpo akyerɛ nkurɔfo asen bere biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Ne saa nti, abunkam nnipa pii so, na abɛyɛ asɛm ama yɛn sɛ yebenya wɔn ma wɔatie asɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no. Wonhu mfaso a wobetumi anya afi Onyankopɔn Asɛm a wobetie no mu.—Luka 11:28.
2 Ɛyɛ yɛn anigye sɛ nnipa ɔpedudu pii retie saa asɛm no wɔ wiase mmeae pii, na wɔpene so ma yɛne wɔn yɛ ofie Bible adesua horow. Nanso wontie yɛn kɛse wɔ nsasesin afoforo mu. Nnipa a yɛkɔ wɔn nkyɛn no pii nkyerɛ anigye, na ebia yentumi nhu nea obetie yɛn asɛm no.
3 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn abam ammu. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade [Yehowa, NW ] din no benya nkwa. Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ . . . nea wɔntee ne ho asɛm no? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte? . . . Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nnepa ho asɛmpakafo no anan yɛ fɛ dɛn ara!” (Rom. 10:13-15) Sɛ yɛde nsiyɛ gu Ahenni aba a, Onyankopɔn bɛma anyin wɔ wɔn a wɔwɔ koma pa no mu.—1 Kor. 3:6.
4 Ano Aduru Ne Sɛ Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ Daa: Wɔ nsasesin a ɛte sɛ nea nnipa kakraa bi na wotie yɛn asɛm mu no, ehia sɛ yɛde yɛn adwene si kanyan a yɛbɛkanyan obiara a ɔkyerɛ anigye, sɛ́ ebia yɛama no nhoma anaasɛ yɛmmaa no bi, no so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wopere wo ho ka sɛ biribiara remfi mu mma? Sɛ yegu aba a, yennim nea ɛbɛyɛ yiye. (Ɔsɛnk. 11:6) Sɛ yesiesie yɛn ho yiye san kɔ sɛ yɛrekɔka Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi a, sɛ ɛyɛ bere tiaa bi mpo a, ebia yebetumi adu onii no komam. Yebetumi agyaw kratawa anaa yɛde nsɛmma nhoma ahorow a aba foforo ama. Awiei koraa no, yebetumi akyerɛ sɛnea yɛyɛ Bible adesua. Yehowa betumi ahyira yɛn mmɔdenbɔ so ma yɛde ahodwiriw adi ahurusi.—Dw. 126:5, 6.
5 Wogyaw kratawa maa ɔbea bi a ɔkyerɛɛ anigye kakra. Wɔanto no wɔ fie bio kosii asram abien akyi, na saa bere no wannya adagyew ne wɔn ammɔ nkɔmmɔ. Wogyaw no kratawa koro no ara bio. Ɛmfa ho mmɔden a ɔdawurubɔfo no kɔɔ so bɔe sɛ ɔbɛto no wɔ fie no, egyee no asram abiɛsa bio ansa na ne nsa reka no, nanso ɔkɔtoo sɛ na ɔnte apɔw. Onuawa no kɔsraa no bio dapɛn a edi hɔ, na wɔbɔɔ kratawa no ho nkɔmmɔ tiawa. Dapɛn a edi hɔ a onuawa no san kɔe no, ɔbea no daa Ahenni asɛm no ho anigye a edi mu adi. Nsakrae a ɛbaa n’asetram no maa n’ani baa ne honhom mu ahiade so. Wofii Bible adesua ase na ɛno akyi no, ɔde anigye suaa ade dapɛn biara.
6 Sɛnea ɛte wɔ biribiara a yɛpɛ sɛ enyin ho, sɛ́ ɛyɛ nhwiren, nhahamma anaasɛ Ahenni asɛm no ho anigye a wɔkyerɛ no, ɛho adwumayɛ ho hia. Ɛno gye bere ne animia, ahwɛyiye su a wɔda no adi, ne nketekrakye a wosi sɛ wɔmpa abaw. Afe a etwaam no, wɔbɔɔ nnipa bɛboro ɔpehasa a Ahenni aba gyee ntini wɔ wɔn mu no asu! Sɛ yɛkɔ so ka asɛm no a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya nnipa pii ma wɔatie yɛn asɛm no.—Fa toto Galatifo 6:9 ho.