Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/96 kr. 1
  • Yɛn Pɛ Mu a Yebefi De Yɛn Ho Ama

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛn Pɛ Mu a Yebefi De Yɛn Ho Ama
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Komam a Yebefi De Yɛn Ho Ama Ayɛ Adwuma Pa Biara
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 12/96 kr. 1

Yɛn Pɛ Mu a Yebefi De Yɛn Ho Ama

1 Odwontofo Dawid hyɛɛ nkɔm sɛ Yehowa nkurɔfo “beyi wɔn yam koraa”; ɛne sɛ “wobetu wɔn ho ama ntɛm ara.” (Dw. 110:3, NW ase hɔ asɛm) Ɛda adi sɛ eyi renya mmamu wɔ yɛn wiase nyinaa onuayɛ no mu. Ɔsom mfe anan a etwaam no biara mu no, Yehowa nkurɔfo de bɛboro nnɔnhwerew ɔpepepem biako atrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu. Na asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no akyi no, akwan horow pii wɔ hɔ a yebetumi afi yɛn pɛ mu de yɛn ho ama.

2 Akwan a Yebetumi Afa So Ada Ɔpɛ a Yɛwɔ Adi: Ebia asafo no mufo binom behia mmoa na ama wɔatumi akɔ nhyiam horow. Dɛn nti na wuntu wo ho mma mfa wɔn nkɔ? Ebia na ebinom nte apɔw, wɔn ho nyɛ den, anaasɛ wɔda ayaresabea. So wubetumi afi wo pɛ mu akɔhwɛ wɔn anaasɛ woaboa wɔn wɔ ɔkwan bi so? Ebia na ankorankoro bi anaasɛ abusua bi hia nkuranhyɛ. Woasusuw ho sɛ bere ne bere mu no, wobɛto nsa afrɛ saafo no ma wɔabenya w’abusua adesua mu kyɛfa? Ebia ɔkwampaefo anaasɛ ɔdawurubɔfo bi behia obi a ɔne no bɛyɛ ɔsom adwuma no. Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe ne no nyɛ ɔsom adwuma no mmom? Eyinom ne akwan bi a yebetumi afa so atu yɛn ho ama ayɛ wɔn a wɔyɛ gyidi fifo no yiye.—Gal. 6:10.

3 Anuanom mmarima betumi ada no adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ adwuma wɔ Yehowa ahyehyɛde mu denam mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobedu ahwehwɛde a ɛbɛma wɔafata sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo ho no so. (1 Tim. 3:2-10, 12, 13; Tito 1:5-9) Bere a yɛredɔɔso no, yebehia anuanom mmarima a wɔfata a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobedi anim wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ ne asafo horow no sohwɛ mu.—1 Tim. 3:1.

4 Ebia yɛn mu bi betumi de yɛn ho ama ayɛ pii wɔ Yehowa som adwuma no mu denam akwampae boafo a yɛbɛyɛ no bere ne bere mu no so. Bio nso, sɛ yɛyɛ nsakrae a ɛfata kakraa bi wɔ yɛn nhyehyɛe mu a, ebia yebetumi ayɛ saa ntoatoaso anaasɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ daa akwampae adwuma no mu mpo. So yɛn nsɛm tebea bema yɛn hokwan ma yɛakɔsom wɔ beae bi a mmoa ho hia kɛse? Yebetumi de yɛn ho ama akɔsom wɔ Betel na ama yɛn ankasa anya wiase nyinaa adwuma no nkɔso mu kyɛfa? Wɔreyɛ pii wɔ Ahenni Asa, Nhyiam Asa, ne baa dwumadibea ahorow a wɔresisi wɔ wiase nyinaa, a wohia wɔn a wobefi wɔn pɛ mu ayɛ adwuma ankasa no. Ani asɔ wɔn a wɔde wɔn ho ama reyɛ nnwuma pa yi kɛse, na wɔanya nhyira pii!—Luka 6:38.

5 Bere a ɛyɛ anigye mu na yɛwɔ yi. Yehowa nam ne honhom no so ne nkurɔfo a wɔayi wɔn yam, reyɛ adwuma kɛse bi wɔ asase so! Bere biara a Yehowa nam n’ahyehyɛde no so bɛto nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho mmɛhyɛ Ahenni adwuma kɛse bi mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho mmiako mmiako sɛ, ‘Meda so ara fi me pɛ mu de me ho ma?’ Afei ɛsɛ sɛ yefi mpaebɔ mu pɛɛpɛɛ yɛn koma ne yɛn nsɛm tebea mu. Yɛn nyamesom pa bɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ɔsom kronn mu, na ama Yehowa koma ani agye yiye!—Sef. 3:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena