Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/96 kr. 2
  • December Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 2
  • Dapɛn a Efi Ase December 9
  • Dapɛn a Efi Ase December 16
  • Dapɛn a Efi Ase December 23
  • Dapɛn a Efi Ase December 30
Yɛn Ahenni Som—1996
km 12/96 kr. 2

December Ɔsom Nhyiam Horow

MONHYƐ NO NSOW: Wɔ ɔmantam nhyiam bere mu wɔ December ne January mu no, asafo ahorow betumi ayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia na ama wɔanya simma 30 de atĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam ase. Ɛsɛ sɛ wodi kan de da biara da mu nsɛntitiriw no ntĩmu a wɔasiesie no yiye no ho dwumadi ma anuanom mmarima baanu anaa baasa. Ɛsɛ sɛ nsɛm ne osuahu ahorow a atiefo bɛka no yɛ ntiantiaa na ɛfa asɛm no ho tẽẽ.

Dapɛn a Efi Ase December 2

Dwom 134

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka ɔman no ne asafo no asɛnka adwuma ho akontaabu ho asɛm. Si nkɔanim ahorow foforo a ɛsen biara so dua.

15 min: “Hena na Obetie Yɛn Asɛm No?” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa August 8, 1987, Nyan!, kratafa 27 no mu nsɛm a ɛfa nea enti a yɛn asɛm no yɛ anigye ho no ka ho.

20 min: “Onyankopɔn Asɛm De Akwankyerɛ Ma.” (Nkyekyem 1-6) Fa nkyekyem 1-2 no yɛ nnianim asɛm. (Fa Reasoning nhoma no nkratafa 58-60 ka ho, na ka “Reasons for considering the Bible” [“Nea enti a wosusuw Bible no ho”] no anan ho asɛm tiawa.) Ma adawurubɔfo a wɔfata nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 3-6 no ho ɔyɛkyerɛ. To nsa frɛ atiefo ma wɔnka (1) sɛnea nsɛm a wobisae no boa ma wɔkanyan anigye, (2) sɛnea kyerɛw nsɛm a wɔde dii dwuma no fata asɛm a wɔrebɔ ho nkɔmmɔ no, (3) sɛnea wɔde sankɔhwɛ no toaa mfitiase nkɔmmɔbɔ no so, ne (4) sɛnea wɔyɛɛ adesua ho nhyehyɛe.

Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 9

Dwom 100

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Ɔsom Adwuma no mu Kyɛfa. Anokwafo pii a wɔn mfe akɔ anim wɔ ɔpɛ ankasa sɛ wɔne asafo no benya asɛnka adwuma mu kyɛfa, nanso wɔwɔ honam fam akwanside ahorow a onyin ne akwahosan pa a wonni na ɛde ba. Akwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so asusuw wɔn ho na ama yɛde wɔn aka kuw a wɔyɛ ɔsom adwuma no ho: Monyɛ kar ho nhyehyɛe mma wɔn; monyɛ nhyehyɛe ma wɔnyɛ adwuma wɔ afie a wɔremforo atrapoe pii; momma kar no mmɛn wɔn na sɛ wɔbrɛ a wɔatumi agye wɔn ahome wom; monyɛ nhyehyɛe sɛ mode wɔn bɛkɔ ma wɔakɔyɛ wɔn sankɔhwɛ ahorow; momma wonhu sɛ, sɛ wɔte nka sɛ wɔrentumi ntoa so a, mode wɔn bɛkɔ fie. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ani gye mmoa a wɔde ma wɔn no ho. Ka akwan foforo a mubetumi afa so asusuw wɔn ho saa wɔ mo hɔ. Ka February 1, 1986, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a ɛwɔ nkratafa 28-9 a ɛne “We Appreciate the Older Ones!” (“Yɛkyerɛ Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim no Ho Anisɔ!”) no mu nsɛntitiriw.

20 min: “Onyankopɔn Asɛm De Akwankyerɛ Ma.” (Nkyekyem 7-9) Ka asɛm a ɛne “Akwankyerɛ ho Hia” a ɛwɔ May 1, 1993, Ɔwɛn-Aban, kratafa 3 no ho asɛm. Kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma nsɛm a yɛka kyerɛ no si hia a ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi obi a ɔkorɔn—Onyankopɔn—hɔ no so dua no mu. Ma ɔdawurubɔfo bi mfa nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ nkyekyem 7-8 no nyɛ ɔyɛkyerɛ. Si so dua sɛ yɛn botae ankasa ne sɛ yebefi Bible adesua ase wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.

Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 16

Dwom 209

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa sɛnea yɛde anifere begye nnapɔnna mu nkyia ahorow so ho nyansahyɛ ahorow ma. Ka nhyehyɛe titiriw a wɔayɛ ama December 25 asɛnka adwuma ho asɛm.

15 min: “Yɛn Pɛ Mu a Yebefi De Yɛn Ho Ama.” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa November 1, 1984, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32 mu nsɛm ka ho.

20 min: “Nkɔso a Onyankopɔn Ma Yenya no Ho Ahurusi a Yebedi.” Ɔkasa a ɔpanyin ma no anigye so. Ka osuahu ahorow anaa nkɔso a aba wɔ aman a wɔka ho asɛm no mu, sɛnea wɔde ama wɔ Yearbook ahorow a aba nnansa yi mu no ho asɛm.

Dwom 41 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 23

Dwom 93

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Twe adwene si nsɛntitiriw a ɛwɔ nsɛmma nhoma a aba foforo a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu dapɛn yi so. Ka asɛnka nhyehyɛe titiriw a wɔayɛ ama January 1 ho asɛm.

15 min: Asafo mu ahiade ahorow. Anaa ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a ɛne “Adwuma a Onyin Ma Wogyae—So Ebue Teokrase Dwumadi Ho Kwan?” a ɛwɔ July 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 24-5 so.—Hwɛ Insight, Po 2, kratafa 794, nkyekyem 2-3.

20 min: “Wo Din a Wode Bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Ka nnipa dodow a wɔn din wom wɔ mo hɔ ho asɛm, na hyɛ obiara a obetumi de ne din ahyɛ mu no nkuran ma ɔnyɛ saa. Ka osuani dwumadi ahorow ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ “Theocratic Ministry School Schedule for 1997” (“Teokrase Ɔsom Sukuu Ho Nhyehyɛe ma 1997”) no ho asɛm.

Dwom 166 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 30

Dwom 223

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sɛ mo asafo rebɛsesa bere a mode yɛ mo asafo nhyiam ahorow a, fi ayamye mu hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ nsakrae ahorow a ɛho hia na ama wɔatumi akɔ so ne asafo no ahyiam wɔ mmere foforo no mu.

15 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Si mfaso a ɛwɔ so sɛ yebekura Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛfa Kristofo ahotew ho no so dua.

20 min: Ka Nhoma a Yɛde Bɛma January ho asɛm. Wubetumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1984 reba ama. Sɛ munni bi wɔ mo nneɛma mu a, momfa Survival Into a New Earth nyɛ adwuma. Kyerɛ nhoma ahorow a mo asafo no wɔ. Paw abien anaa abiɛsa a mubetumi de ayɛ adwuma yiye wɔ mo asasesin no mu. Bere a wode Reasoning nhoma no nkratafa 9-14 redi dwuma no, ka akwankyerɛ ahorow a ɛfata ma nhoma no mu biara ho asɛm tiawa. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.

Dwom 137 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena