Dɛn Nti Na Wɔahaw Wɔ Wɔn Asɔremma A Wɔn So Rehuan No Ho?
Asɔre pii rehwere wɔn asɔremma. Nsɛm ahorow abiɛsa a edidi so yi a Nyan! ɔkyerɛwfo a ɔwɔ Italy kyerɛwee no da no adi sɛ Vatican ankasa ne Katolekfo nhoma ne Katolekfo nsɛm ho amanneɛbɔfo nso ahaw. Dɛn nsɛm na wɔne afoforo ka sɛ ɛno na ama wɔrehwere wɔn asɔremma no?
VATICAN ahaw. Ɛde amanneɛbɔ bi a wɔato din sɛ Sects or New Religious Movements: Pastoral Challenge mae wɔ May, 1986 mu. Nhwehwɛmu bi a Vatican dwumadibea anan fii ase yɛe wɔ 1984 mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu nea enti a Katolekfo pii regyae asɔre no na ɛma wɔkyerɛw nsɛm yi.
Nneɛma pii a Vatican kae sɛ ɛno na ɛrema Katolekfo agyae asɔre no mu bi na edidi so yi: ‘Daakye ho a wosusuw; sɛnea nokware no te ne ɔkwan a wɔbɛfa so ahu; nea asetra kyerɛ; wɔn nsemmisa a wonnya ho mmuae; nka a wɔte sɛ wɔadi wɔn huammɔ, wɔadaadaa wɔn, wɔasisi wɔn, wontie wɔn; ne sɛ Asɔre no mmara ne nneyɛe no ama wɔayɛ basaa.’
Ɛte sɛ tebea a na nnipadɔm a wotuu yuu kɔɔ Yesu nkyɛn wom yi ara: “Na wɔhaw wɔn na na wɔyɛɛ mmɔbɔmmɔbɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36)a Vatican asɛm no gye toom sɛ “sintɔ ahorow pii wɔ su ankasa a nsɔre no kura no mu” na esii so dua sɛ “biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma.” Ɛtwee adwene sii “akwankyerɛ a asɔre no akannifo mfa mma, boasetɔ a wonni ne wɔn ho a wɔmfa mma” no so.
Nnipa afoforo ka nneɛma afoforo nti a nkurɔfo agyae asɔre ahorow no ho asɛm. Dutch Katolekfo sɔfo a wɔfrɛ no Johannes Baptist Metz kaa asɛm yi sɛ: “Wɔama yɛn asɔre a ɛwɔ Atɔe Fam no adan honam fam adwuma koraa. Wɔnka mesia ho asɛm biara wom. Nniso a Onyankopɔn de bɛba ho asɛm ayera wom. Wɔnka ne ho asɛm wɔ asɔre ahorow no mu, wɔ nyamesom mu anaasɛ wɔ yɛn bere yi mu asetra ne amammuisɛm ho asɛm mu.”
Bere a Concilium a ɛyɛ amanaman ntam nyamesom ho nsɛmma nhoma reka tebea a mmofra a wɔwɔ Spain wom ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Mmofra no ne asɔre no gyina hɔ ma wiase abien a ɛsono emu biara koraa a, wɔn mu apaapae kɛse.” Nsɛmma nhoma yi ka tebea a ɛte saa ara a ɛwɔ Holland, Belgium, Federal Republic of Germany ne Australia ho asɛm.
Atesɛm krataa mu amanneɛbɔ bi kaa paapa nhoma no ho asɛm sɛ “ehu a aka Vatican no ho nteɛm.” Nhoma no hyɛ ‘susuw a wɔbɛsan asusuw ɔkwan a Katolekfo fa so yɛ ade no ho’ ho nyansa. Ɛsɛ sɛ ‘woyi adamfofa su adi na wodi adanse.’ Ɛka sɛ asɔre ahorow no “fi wɔn pɛ mu kɔ nnipa no nkyɛn wɔ faako a wɔwɔ na wɔn ankasa de anigye boa no tẽẽ ma ɔbɛyɛ obi a nkurɔfo nim no, wɔhyɛ nea wɔyɛ a ɔde ne ho bɛhyem, ne pɛ mu a obefi ayɛ ade, asɛyɛde ho dwuma a obedi, ne ho a ɔde bɛma ho nkuran.”
Ɛka “nkyerɛkyerɛ a wɔbɛkɔ so de ama wɔ gyidi no mu” sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi nyamesom mu anibiannaso a abu so wɔ asɔre ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mufo pii mu no ho dwuma. Nhoma no ka sɛ “ɛsɛ sɛ wɔsan hu Onyankopɔn asɛm sɛ ade a ɛho hia a wɔde kyekye ɔman,” na ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma no ne “Bible no hyia.”
Bere a nhoma no adan adwene afi n’ankasa ho nhwehwɛmu so no, ɛka asɛm a enye yi: “Ɛtɔ bere bi a, ɛsɛ sɛ yegye gye a ɔman no de ne ho gye asɛm bi mu bere a ɛyɛ ade sɛnea ɛsɛ no tom na yɛboa mpo.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Saa “nsa a wɔto frɛ” ɔman no sɛ ɛmfa ne ho nnye asɛm bi mu na wɔmmoa wɔ ɔko mu no nyɛ nea nsɛm ho amanneɛbɔfo anhu. Marco Tosatti bisae wɔ La Stampa a wotintim no June 4, 1986 no mu sɛ: “So wɔresan de “nniso no nsa” adi dwuma atia asɔre ahorow a ɛnyɛ Katolekfo, ne titiriw no, wɔn a wɔfrɛ wɔn ‘awaefo’ no?”
So nniso no a wɔde bedi dwuma yi kyerɛ sɛ Vatican pɛ sɛ ɛsan kɔfa akwan a ɛfaa so wɔ Esum ne Mfinimfini Mmere no mu no so na ama wɔasiw ɔsom mu ahofadi ano? So Yesu hwehwɛɛ mmoa fii aban mpanyimfo hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbrɛ wɔn a wɔsɔre tiaa ne nkyerɛkyerɛ no ase? So Petro yɛɛ saa pɛn? So asomafo afoforo no yɛɛ saa pɛn? So ɛnyɛ Farisifo no na wɔkɔsrɛɛ Pilato sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ Yesu asɛnnua mu? So aban no mmoa a wɔhwehwɛ yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ honhom mu ahoɔden anaasɛ ɛyɛ gye a wogye tom sɛ wɔayɛ mmerɛw?
Ɛnyɛ Katolekfo a wɔregyae asɔre no nyinaa na wɔkɔdɔm asɔre foforo nanso wɔn mu pii kɔdɔm asɔre titiriw biako bi. Ɛyɛ asɔre bɛn, na dɛn nti na ɛno na nnipa pii a wɔregyae wɔn asɔre no paw?
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔfa fii The Jerusalem Bible a ɛyɛ Katolekfo Bible no mu. Kyerɛw nsɛm nyinaa a wɔafa aka asɛm wɔ asɛm yi ne abien a edidi so no mu no fi Katolekfo Bible yi mu gye sɛ wɔaka sɛ efi baabi foforo.