Katolek Asɔre ne Okunkɛse No
Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Italy hɔ
EFI 1987 mfiase pɛɛ na wɔkae sɛ Katolek Asɔre no reyɛ nhyehyɛe ayɛ nhoma bi a ɛnam so begye atom sɛ ɛwɔ asodi wɔ Okunkɛse no ho. Enti na ɛyɛ nea wɔrehwɛ nneɛma pii kwan bere a wɔ March 1998 no, Vatican Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔsom Ho Nsɛm So ne Yudafo yɛɛ nhoma bi a wɔato din We Remember: A Reflection on the Shoah (Yɛkae: Shoah Ho a Yesusuw) no.a
Bere a ebinom gyee nhoma no toom no, ebinom ani annye emu nsɛm no ho. Dɛn ntia? Dɛn na wohui sɛ enye wom?
Yudafo Som ne Yudafo Abusua Ho Ɔsɔretia
Vatican nhoma no kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ Yudafo som ho ɔsɔretia, a ɛno de, asɔre no kyerɛ sɛ edi ho fɔ, ne Yudafo abusua ho ɔsɔretia a ɛno de ennye ntom no mu. Nnipa pii hu sɛ nsonsonoe no ne nea wɔka wɔ ho no yɛ nea ntease nnim. German rabi Ignatz Bubis kae sɛ: “Me fam de, ɛte sɛ nea wɔreka sɛ ɛnyɛ yɛn mfomso; ɛyɛ obi foforo mfomso.”
Ɛwom sɛ Italiani abakɔsɛm kyerɛwfo Giorgio Vecchio a ɔyɛ Katolekni no gye nsonsonoe a ɛwɔ Yudafo som ho ɔsɔretia ne Yudafo abusua mu no tom de, nanso ɔda no adi sɛ “ɔhaw a ɛwɔ hɔ nso ne sɛ ebetumi aba sɛ ɔsɔretia a Katoleksom de baa Yudafo som so na ɛkɔfaa Yudafo abusua ho ɔsɔretia no bae.” Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, Vatican atesɛm krataa L’Osservatore Romano, a ɛbae November 22-23, 1895, no tintim krataa bi mu nsɛm a edi so yi: “Sɛnea ɛte no, Katolekni ankasa biara sɔre tiaa Yudafo som: saa ara na asɔre no nkyerɛkyerɛ ne asɔfodwuma no hyɛ asɔfo no ma wɔyɛ.”
Nanso, nea ɛmaa nnipa pii kasa tiaa Vatican nhoma no ne sɛ nhoma no fã bi gyinaa Pius XII a wɔpaw no pope wɔ Wiase Ko II mu no akyi. Pius XII somee sɛ pope no somafo wɔ Germany fi 1917 kosi 1929.
Pius XII Kommyɛ
Italiani mmaranimfo Francesco Margiotta Broglio susuw sɛ nhoma no “mmfa nkyerɛkyerɛmu foforo a ɛfa ɔsɛmpɔw a wɔagye ho kyim pii a ɛfa nea wɔfrɛ no ‘komm’ a Pope Pius XII yɛe, Germanfo afã a wɔkyerɛ sɛ ogyinae, ne amammuisɛm mu ayɔnkofa a ɔne Nasi nniso nyae ansa na wɔde no rebɛyɛ pope ne bere a na ɔyɛ pope ho no ho mma.”
Nkyerɛkyerɛmufo pii gye tom sɛ ɛmfa ho sɛnea obi bu nea nhoma We Remember, kyerɛ biara no, asɛmmisa a ɛfa nea enti a Katolek Asɔre no akannifo yɛɛ komm wɔ okunkɛse a ɛkɔɔ so wɔ Nasi nneduaban ahorow mu ho no “yɛ nea wɔnkaa ho asɛm nwiei koraa.” Sɛnea Amerikani abakɔsɛm kyerɛwfo George Mosse kyerɛ no, komm a Pius XII yɛe no “bɔɔ asɔre no ho ban, nanso ɛsɛee asɔre no brasu. Ɔyɛɛ n’ade sɛ Ɔmampanyin, ɛnyɛ pope.” Nkurɔfo a wɔwɔ nea ɛrekɔ so wɔ Vatican ho nimdeɛ no gye di sɛ nea ɛma ɛkyɛe ansa na wɔreyi nhoma no adi ne nsɛnnennen a wohyiae wɔ Pius XII gyinabea wɔ Okunkɛse no mu ho dwuma a na wɔredi no.
Gyina a nhoma no gyinaa Pope Pius XII akyi no ahyɛ nnipa pii abufuw. Arrigo Levi kyerɛw sɛ: “‘Pope no kommyɛ’ a wɔanka ho hwee no ma nhoma yi yɛ nea mfaso nni so.” Elie Wiesel a onyaa Nobel Asomdwoe Ho Akyɛde wɔ 1986 mu no kae sɛ: “Ɛyɛ me sɛ ka a wɔka sɛ ɛsɛ sɛ yɛn Yudafo kyerɛ Pius XII ho anisɔ no yɛ asɔre mu atuatew, sɛ yɛbɛka no bɔkɔɔ a.”
Sobo no a Wopia To Afoforo So
Nhoma no ka atetesɛm mu nsonsonoe a Katolek nyamekyerɛfo yɛe a emu no, wɔkyerɛ sɛ sɛ́ ahyehyɛde no, asɔre no yɛ kronkron, na wonni fɔ wɔ Onyankopɔn anim, na emufo a wɔyɛ abɔnefo no na wodi fɔ wɔ bɔne biara a ɛkɔɔ so ho. Vatican asoɛe no kyerɛw sɛ: “Honhom fam sɔretia ne nneyɛe a Kristofo foforo daa no adi ankasa no nyɛ ade a na wɔhwɛ kwan sɛ Kristo akyidifo bɛyɛ. . . . Ná [saafo] no nni tumi a wɔde bɛkasa atia. . . . Yedi mfomso ne nkogu a saa Asɔremma mmarima ne mmea nyinaa dii no ho yaw kɛse.”
Nanso, ɛyɛɛ nnipa dodow no ara sɛ asodi a wɔde too asɔre no mufo ankorankoro so sen sɛ anka wɔde bɛto asɔre no so sɛ ahyehyɛde no yɛ mfomso kɛse ankasa, bere a wɔde toto nnansa yi bɔne fafiri a wɔsrɛ ankasa ho no. Sɛ nhwɛso no, Roma Katolek Asɔre a ɛwɔ France no yɛɛ “Adwensakra Ho Mpaemuka” de srɛɛ Onyankopɔn ne Yudafo sɛ wɔmfa wɔn bɔne mfiri wɔn wɔ “anibiannaso” a Katolek Asɔre no yɛe wɔ Yudafo a wɔtaa wɔn wɔ France ɔko bere mu wɔ Vichy aban ase no ho. Wɔ asɛm bi a Ɔsɔfopanyin Olivier de Berranger kenkanee mu no, asɔre no gye toom sɛ ɛmaa kwan ma n’ankasa yiyedi “kataa Bible ahyɛde a ɛne obu a wɔbɛkyerɛ ama onipa biara a wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so” no so.
France mpaemuka no fa bi ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ asɔre no gye tom sɛ, ɛdefa Yudafo a wɔtaa wɔn, ne titiriw ɛdefa ahyɛde pii a Vichy atumfoɔ hyɛ tiaa Yudafo ho no, anibiannaso a wɔyɛe no sen abufuw koraa. Obiara yɛɛ komm, na obiara antumi ankasa amma amanehunufo no. . . . Ɛnnɛ, yɛpae mu ka sɛ na saa kommyɛ yi yɛ mfomso. Yɛsan gye tom sɛ France asɔre no antumi anni n’asɛyɛde a ɛne sɛ ɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔanya ahonim pa no ho dwuma.”
Wɔ Shoah, anaa Okunkɛse ho ahude a ɛyɛ awerɛhow no akyi bɛboro mfe 50 no, Katolek Asɔre no mmɔɔ mmɔden sɛ ebegye nea n’ankasa yɛe wɔ mmere a atwam no atom—anyɛ yiye koraa no, wɔn nneyɛe a enni nnyinaso ne komm a wɔyɛe no. Nanso nnipa bi wɔ hɔ a wɔantu anammɔn a ɛte saa. Yehowa Adansefo, nyamesom kuw ketewaa bi a Nasifo taa wɔn atirimɔden so no, annyae wɔn mudi mu kura.
Sɛnea ada adi kɛse nnansa yi no, nea ɛne ade a asɔrefo yɛe bɔ abira no, Adansefo no kasa tiaa Nasi atirimɔdensɛm no. Na ɛnyɛ ankorankoro nko na wɔyɛɛ saa. Wɔn akasamafo atitiriw ne wɔn nhoma ahorow nso yɛɛ saa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Christine King a ɔyɛ Staffordshire Sukuupɔn a ɛwɔ England no adwumayɛfo panyin no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa Adansefo kasaa akokoduru so. Wɔkasaa akokoduru so fi mfiase. Wɔde nokoro na ɛkasae. Na wɔde akokoduru a ɛkyɛn so na ɛkasae, na eyi yɛ asuade ma yɛn nyinaa.”
[Ase hɔ asɛm]
a Shoah yɛ Hebri asɛmfua a egyina hɔ ma Okunkɛse no, Yudafo, Gypsyfo, Polandfo, Slavfo, ne afoforo pii a Nasifo kunkum wɔn wɔ Wiase Ko II mu no.
[Kratafa 28 mfonini]
Pope Pius XII yɛɛ komm wɔ Okunkɛse no mu
[Asɛm Fibea]
U.S. Army photo