Asɔre Horow no Ka Wɔn Bɔne
“Pope Ma Wodi Asɔre no Asɛm.” “Atirimɔden Asɛnni ne Yudafo Ho Tan—Asɔre no Reyɛ Ne ‘Mea Culpa’ Ho Nhyehyɛe.”a “Okunkɛse no ho ‘Mea Culpa.’” “Metɔdistfo Ma Amerika Atɔe Famfo, Dibem.”
WOAKENKAN nsɛm bi te sɛ eyi pɛn? Ɛte sɛ nea asɔre horow pii regye wɔn mfomso tom, na wɔrepa kyɛw wɔ nea wɔayɛ mfehaha pii a atwam ni no ho. Nsɛm ho amanneɛbɔfo kɔ so si afobu afoforo a pope no agye atom no so dua bere nyinaa.
Bere a Pope Srɛ Bɔne Fafiri
Vatican sɛnkyerɛwfo Luigi Accattoli ka wɔ ne nhoma Quando il papa chiede perdono (Bere a Pope Srɛ Bɔne Fafiri) mu sɛ, efi 1980 kosi 1996 no, Pope John Paul II ‘gyee abakɔsɛm mu mfomso horow a Asɔre no ayɛ toom anaasɛ ɔsrɛɛ bɔne fafiri,’ anyɛ yiye koraa mpɛn 94. Sɛnea Accattoli kyerɛ no, “wɔ Katolek Asɔre no mu no, pope no nkutoo na obetumi agye asɔre mfomso atom.” Na wayɛ saa, atwe adwene asi Katolekfo abakɔsɛm a asɛm wɔ ho sen biara no so—Mmeamudua ho akodi, ɔko ahorow, katabaako nniso horow a wogyina akyi, asɔre mu mpaapaemu, Yudafo ho tan, Atirimɔden asɛnni, Mafiafo, ne nnipa mu nyiyim. John Paul II kaa “mfe apem a wɔde bɛka wɔn bɔne nyinaa akyerɛ” ho asɛm wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa asɔfopɔn (a ebinom bu no sɛ pope krataa a ɛho hia sen biara) mu, wɔ 1994 mu.
Asɔre mpanyimfo pii adi pope no nhwɛso akyi. Wɔ December 1994 mu no, Italiafo atesɛm krataa Il Giornale bɔɔ amanneɛ sɛ: “Amerika asɔfo mpanyimfo pii baa television so bɛsrɛɛ bɔne fafiri wɔ baguam.” Wɔ dɛn ho? Wɔ asɔfo a wɔto mmofra mmonnaa ho asɛm a wɔamfa no aniberesɛm, ma enti epiraa mmofra pii no ho. Wɔ January 1995 mu no, La Repubblica atesɛm krataa no bɔɔ “adeyɛ bi a ɛso bi mmae da wɔ nnɛyi Katoleksom mu” ho amanneɛ—wɔkaa ka a Pope Pius XII anka Okunkɛse no ho hwee no ho asɛm. Wɔ January 1995 mu no, atesɛm krataa koro no ara bɔɔ amanneɛ sɛ Germany asɔfokuw no srɛɛ “mfomso pii” a Roman Katolekfo a wogyinaa Nasifo nsɛmmɔnedi akyi yɛe no ho bɔne fafiri. Protestant asɔre ahorow nso abu wɔn ho fɔ.
Dɛn Ntia?
Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ sɛ yedi mfomso a, yɛnsrɛ bɔne fafiri, ne saa nti, sɛ asɔre no bu wɔn ho fɔ a, nnipa pii kamfo wɔn. (Yakobo 5:16) Nanso dɛn nti na asɔre horow no reyɛ eyi? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ enya sɛnea yebu wɔn no so nkɛntɛnso?
[Ase hɔ asɛm]
a Latin asɛmfua a egyina hɔ ma “ɛyɛ me mfomso,” a ɛyɛ Katolekfo mpaebɔ (Confiteor, anaa “Meka me bɔne”) no fã bi, na sɛ wɔreka a, agyidifo no tĩ asɛm yi mu.