Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 10/8 kr. 5-6
  • Vatican ll​—Nhyira anaa Nnome?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Vatican ll​—Nhyira anaa Nnome?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Nokware Wɔ Ɔsom Afoforo Mu’
  • Vatican ll​—So Ɛyɛ Nnome?
  • Vatican ll​—So Ɛyɛ Nhyira?
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
  • Nea John Paul II Reyɛ—So Obetumi Aka N’asɔre A Emu Apaapae No Abom?
    Nyan!—1980
  • Mmɔden a Wɔbɔ Sɛ Wobeyi Vatican Afi UN no Mu
    Nyan!—2000
  • Dɛn Nti Na Katolekfo Asɔfo Mpanyin No Hyiaam?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 10/8 kr. 5-6

Vatican ll​—Nhyira anaa Nnome?

NÁ ƐYƐ 1962 wɔ Vatican. Paapa no buee ne Vatican asɔfofie no mfɛnsere bi wɔ ɔsɔfopɔn bi a ne ho adwiriw no anim. Paapa John XXIII nam saayɛ so yɛɛ nea na ɔhwɛ kwan sɛ Vatican Bagua a Etia Abien (1962- 65) no bɛyɛ no ho ɔyɛkyerɛ: sɛ ɛde mframa pa bɛba Katolek Asɔre no mu, ɛbɛyɛ aggiornamento, nsakrae.

Nsakrae ahorow bɛn na bagua no de baa asɔre no mu? Eyi da so ara yɛ asemmisa a ɛho hia, efisɛ wɔkɔ so susuw Vatican II ne nea efii mu bae no ho wɔ mmeae pii nnɛ mpo.

‘Nokware Wɔ Ɔsom Afoforo Mu’

Ná Paapa John XXIII pɛ sɛ wɔyɛ nsakrae ahorow​—ɛno daa adi pefee. Wɔtoo nsa frɛɛ nyamekyerɛfo a wɔakasa atia wɔn adwene foforo wɔ mfe kakra a atwam no mu no baa Vatican Bagua no ase sɛ abenfo. Wɔtoo nsa frɛɛ Ortodoksfo ne Protestantfo atitiriw baa ase sɛ bɛhwɛadefo.

Gyinabea foforo yi ma wɔyɛɛ nsakrae titiriw bi wɔ nyamesom ne ahonim mu ahofadi ho nsɛm mu. Ná asɔre no akasa atia adwenhorow yi denneennen mfehaha pii; Gregory XVI, afeha 19 no mu Paapa bi, kaa ho asɛm mpo sɛ ɛyɛ “nkwaseasɛm.” Nanso, wɔ 1964 mu no, baguafo no dodow no ara gyee mmara bi a ɛkyerɛ sɛ onipa biara wɔ hokwan sɛ ɔpaw ɔsom a n’ankasa pɛ toom. Ná eyi nyɛ ahofadi ankasa kɛkɛ, sɛnea nsɛmma nhoma Notre Histoire kyerɛkyerɛɛ mu no: “Efi saa bere no reba no, wogye toom sɛ wobetumi ahu nokware bi wɔ ɔsom afoforo mu.”

Wɔ Vatican II akyi no, asɔre no kɔɔ so gow ne nhyehyɛe a ɛfa ɔsom afoforo ho no mu kɛse. Bere a Paapa John Paul II reda eyi adi no, ɔkɔsraa Morocco Hene Hassan II, Nkramofo honhom mu kannifo bi mpɛn ahorow bi. Ɔkɔɔ Protestantfo asɔredan ne hyiadan bi mu wɔ Rome nso. Katolekfo pii kae 1986 nhyiam a wɔyɛe wɔ Assisi, Italy, a Paapa John Paul II too nsa frɛɛ wiase nyamesom akɛse no akannifo ma wɔbaa ne nkyɛn bɛbɔɔ mpae de hwehwɛɛ asomdwoe no.

Vatican ll​—So Ɛyɛ Nnome?

Ebinom buu “nsakrae pa” a Paapa John XXIII hwɛɛ kwan no sɛ “nsakrae a emu yɛ den.” Nea ɛbɛyɛ na wɔanya biribi de agyinawɔn adwenkyerɛ no akyi no, wɔkaa ɔkasa bi a agye din a Paapa Paul VI a odii John XXIII ade mae a ɔkae wom sɛ “Satan wusiw” awura asɔre no mu nkakrankakra no no asɛm. Nhoma La Réception de Vatican II kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, “ɛte sɛ nea” Paul VI nam ne mpaemuka no so “pɛ sɛ ɔde nea bagua no ama aba no bata adeyɛ a ɛne asɔre no ahiade bɔ abira ho.”

Asɔrekɔfo pii pene eyi so. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi daa no adi sɛ France Katolekfo mu bɛyɛ fã susuw sɛ “asɔre no ayɛ nsakrae pii dodo.” Vatican II akasatiafo bɔ asɔre no sobo sɛ apow n’atetesɛm na ɛde nnɛɛmmafo adwene regu ne ho fĩ. Wɔka sɛ asɔre no agyina nsakrae ahorow a awosow Atɔe Famfo na ɛde nsɛnnennen aba asɔre no mu no akyi.

Vatican ll​—So Ɛyɛ Nhyira?

Afoforo ka sɛ ɛnyɛ bagua no na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no sobo. Wɔka sɛ na asɔre no mmerɛwyɛ ho nsɛnkyerɛnne a edi kan no ada adi pefee dedaw ansa na Vatican II reba. France atesɛm krataa La Croix a ɛba da biara no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wobu asɔfodi ne honam fam nnwuma a ɛho ayɛ na wɔ Atɔe Fam aman mu no sɛ nsɛnnennen a adesamma hyia ne nkɛntɛnso a enya wɔ Kristofo so no fã: Kristofo a wɔdɔɔso dodo de wɔn ho ahyɛ nnɛyi nsusuwii ne amammui adwenhorow mu fee.”

Nanso afoforo te nka sɛ nsakrae ahorow a Vatican II kamfo kyerɛe no ho hia. La Croix sɛnkyerɛwfo foforo bi kae sɛ: “Sɛ asɔre no . . . anyɛ nsakrae no a, anka obi ntumi nhu sɛnea asɔre no bɛyɛ.” Awiei koraa no, Katolekfo nsɛm mu nkyerɛkyerɛmufo kyerɛkyerɛ mu sɛ asɔre no yɛ ahyehyɛde a emufo yɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ, a atumi afa nsɛnnennen pii mu wɔ mmere a atwam no mu, na ebetumi afa eyi mu nso. Gilles, a yɛfaa n’asɛm kae wɔ asɛm a edi eyi anim no mu no kaa asɛm a edi so yi: “Bere a yɛtwee adwene sii asɔre no nsɛnnennen so no, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ asɔre no redi mmofra ho nsɛnnennen ho dwuma, na ɛbɛfa mu dwoodwoo.”

Sɛ́ ebia Vatican II na ɛde nsakrae pa anaa nsakrae bɔne bae no, anya Katolekfo so nkɛntɛnso a emu yɛ den, sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Vatican Bagua a Etia Abien no de nsakrae ahorow ne adwenem basaayɛ aba

[Asɛm Fibea]

UPI/Bettmann Newsphotos

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena