Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 10/8 kr. 3-4
  • Asɔre a Ɛresakra wɔ France

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɔre a Ɛresakra wɔ France
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma Nte sɛ Kan No
  • So Asɔremma no Yɛ Anokwafo Ankasa?
  • Asɔre No​—Nsakrae ne Adwenem Basaayɛ
    Nyan!—1993
  • Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?
    Nyan!—1996
  • Bible Anaasɛ Atetesɛm?—Asɛnnennen Ma Katolekfo Koma Pafo
    Nyan!—1986
  • Katolekfo A Wosusuw Wɔn Asɔre Ho Da Wɔn Adwene Adi
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1993
g93 10/8 kr. 3-4

Asɔre a Ɛresakra wɔ France

Efi France Nyan! kyerɛwfo hɔ

“‘Ɛkame ayɛ sɛ obiara mma asɔre. Nkasanoma ne ananse na mebɔ Mass ma wɔn anɔpa biara. Afe a etwaam no, mebɔɔ onipa biako pɛ asu na meyɛɛ ayi ase asɔre 26. Ɛno nso ɛ? Manhyia ayeforo biako mpo.’ Bere a [ɔsɔfo yi] dii kan baa La Bastide [a ɛwɔ France anafo fam] no, na mmofra 85 ba besua katkiisim. Ɛnnɛ, wɔn a wɔba nyinaa dodow si baanum. Onipa biako pɛ na ɔresua asɔfodi wɔ ɔmantam a ɛhyɛ ɔsɔfopanyin no ase mu, na asɔre 120 nni asɔfo.”​—Ɔsɔfo bi asɛm a Paris atesɛm krataa Le Figaro a ɛba da biara no fa kae.

“Hena na obesi gyinae sɛ ɔbɛma Katolekfo asan anya Gregory nnwom, asɔre nnwom a ɛyɛ dɛ, . . . afɔremuka a nhwiren wɔ ho, amanne ntade, aduhuam, nnakabɛn, ne asɔfo a wɔyɛ asɔre wɔ asɛnka agua so? . . . Katolekni a wagyae asɔrekɔ bere tenten ni, a osi gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ asɔre bio no bɛyɛ te sɛ ɔba hohwini no. Nanso, nnansa yi de ɔrennya anigye wɔ ne papa fie, na mmom ɔbɛte asɔre a wɔde akasam yɛ ma wɔn a wɔtete kar a esisi hɔ mu.”​—Geneviève Dormann na ɔkyerɛw eyi wɔ Le Figaro Magazine mu.

EFI 1970 mfe no awiei reba no, Katolekfo a wɔware Protestantfo no ahu nsakrae atitiriw bi. Ansa na 1966 reba no, na ɛsɛ sɛ Katolekni ɔwarefo kyerɛw ntam bi sɛ ɔbɛtete mmofra biara a wɔbɛwo wɔn wɔ aware no mu no sɛ Katolekfo. Ná ɛsɛ sɛ okunu anaa ɔyere Protestantni nso de ne nsa hyɛ apam yi ase. Nnansa yi de, asɔre no agow nneɛma mu yiye. Wobetumi ahyia ayeforo no wɔ Protestantfo anaa Katolekfo asɔredan mu wɔ asɔre no biako anaa abien no nyinaa sɔfo anim.

“Efi Vatican II no so reba no, ɛnyɛ sɛ ɔmanfo hu Katolek asɔre no sɛ ayɛ foforo ne soronko nko, na mmom asɔre no ankasa nso ahu ne ho wɔ ɔkwan foforo so. . . . Asɔre no abrɛ ne ho ase afei, ɛka ne ho kɔ Kristofo asɔre afoforo ho kɛse, egye ahonim mu ahofadi tom, na ɛda ne ho adi sɛ ‘ɛpɛ sɛ ɛboa wiase no nyinaa.’”​—Fransefo atesɛm krataa Le Monde a ɛba da biara no.

Bɛyɛ mfe aduasa ni, ne titiriw efi Vatican II so reba no, wɔayɛ nsakrae pii wɔ Katolek Asɔre no mu. Asɔre no akyigyinafo anokwafo ne asɔfo no bu nsakrae horow yi dɛn?

Nneɛma Nte sɛ Kan No

Wɔ 1960 mfe no mfiase no, Cardinal Feltin, Paris ɔsɔfopɔn, maa asɔfo a wɔhyɛ n’ase no kwan ma wɔsesaa wɔn asɔfotade hyɛɛ ntade afoforo, soro ntade ne trɔsa a wɔde ntama koro apam a mmeamudua ketewaa bi bɔ anim. France asɔfo dodow no ara gyaee asɔfotade hyɛ, gye asɔfo a wokura asɔre no tete nkyerɛkyerɛ mu no nkutoo na na wɔhyɛ. Bɛyɛ saa bere no ara mu no, wɔmaa Katolekfo hokwan sɛ wobetumi akɔ Mass Memeneda anwummere sen sɛ wɔbɛkɔ no Kwasida anɔpa.

Wɔsakraa ɔkwan a wɔfa so yɛ asɔre a na wɔnsakraa no mfehaha pii no. Wɔtoo nnɛyi nnwom wɔ Mass ase, ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na n’ani gyee ho de. Wɔdan asɔre no afɔrepon no ma afei de ɔsɔfo no hwɛ n’asɔremma no animbere a ɔyɛ amanne horow no. Nanso, nsakrae atitiriw a wɔyɛe wɔ ɔkwan a Katolek Asɔre no nam so yɛ asɔre mu no biako ne ɔman no kasa a mprempren wɔde bɔ Mass no. Ɛkame ayɛ sɛ eyi ma wogyaee Latin a na wɔde bɔ Mass no koraa.

François, Maryse, ne Gilles yɛ sɛnea Katolekfo a wɔpɛ wɔn som yiye no mu binom yɛɛ wɔn ade wɔ ho no ho nhwɛso. Ná François yɛ obi a ogyina Franse kasa a wɔde bɛbɔ Mass no akyi denneennen. Ɔkae sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, wutumi te nea ɔsɔfo no reka ase.” Na Maryse mpɛ nsakrae no, efisɛ sɛnea ɔkae no, na Mass “yɛ dɛ kɛse wɔ bere a atwam no mu.” Gilles ne Maryse yɛ adwene Ose: “Me fam no, bere a yɛde Franse kasa sii Latin kasa ananmu no, na ɛte sɛ nea yɛapa gyidi.”

Katolekfo a wɔpene nsakrae yi so no mu pii te nka sɛ nsakrae no nnɔɔso sɛnea ɛsɛ. Ebinom ka sɛ ɛsɛ sɛ asɔre no de ne ho hyɛ wiase nsɛm mu kɛse. Afoforo pɛ sɛ wɔma asɔfo ware na wɔhyɛ mmea asɔfo mpo.

So Asɔremma no Yɛ Anokwafo Ankasa?

Ɛnyɛ asɔre no amanne nko mu na wɔayɛ nsakrae horow yi. Wɔ aman pii mu no, wɔn a wɔkɔ asɔre no so atew yiye. Enti, France Katolekfo a anyɛ yiye koraa no, wɔkɔ Mass pɛnkoro ɔsram biara no so atew afi ɔha biara mu nkyem 45 abedu ɔha biara mu nkyem 20 wɔ mfe 25 a atwam no mu. Mprempren wɔagyae bɔne a wɔkɔka kyerɛ asɔfo daa no. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi kyerɛ no, Fransefo ɔha biara mu nkyem 14 pɛ na anyɛ yiye koraa no, wɔkɔ bɔneka pɛnkoro afe biara, sɛ wɔde toto ɔha biara mu nkyem 51 a na wɔyɛ saa wɔ 1952 mu no ho a.

Asɔremma no sohwɛ nso abɛyɛ ɔhaw kɛse. Asɔfo no mfe rekɔ anim. Wonnya asɔfo nhyɛ asɔfo a wogyae asɔfodi anaa wowuwu no ananmu. Esiane eyi nti, asɔremma no renya asɔreyɛ mu kyɛfa kɛse.

Asɔfo a wɔn ho ayɛ nã ho haw no yɛ kɛse wɔ nkuraase. France nkuraase asɔre ɔhaha pii nni asɔfo bio, na asɔremma no mu pii kɔ Kwasida Mass wɔ nkuraase a ɛbemmɛn anaasɛ wɔma wɔn ani sɔ nea France asɔre no frɛ no ADAP, Les Assemblées Dominicales en L’Absence de Prêtres (Kwasida Asɔre Bere a Ɔsɔfo Nni Hɔ) no. Nkurɔfo te nka dɛn wɔ asɔre horow a wɔyɛ a wontumi mmu no sɛ Mass no ho? “Ɔbea kokorani bi kaa tebea a ɛwɔ France mfinimfini mantam no mu ho asɛm pefee sɛ: “Nkurɔfo nhwehwɛ biribiara ankasa. Sɛ wɔanyɛ asɔre biara wɔ ha Kwasida a, awiei koraa no, nkurɔfo ani begye ho.”

Katolekfo akuw afoforo​—mpɛn pii no wɔyɛ wɔn ade sɛ honhonsɔrefo​—ma pii nya anidaso bi. Nanso, Katolek asɔremma no kakraa bi pɛ na wɔwom, na ɛmfa nea wɔfrɛ no asɔre no mu nsɛnnennen no ano aduru mma.

Na dɛn nti na wɔreyɛ nsakrae ahorow yi? Bere bɛn na efii ase? Dɛn na ɛma wofii ase? Sɛ yebebua nsemmisa yi a, ehia sɛ yɛhwehwɛ Katolek Asɔre no abakɔsɛm wɔ mfe bɛboro 30 a atwam ni no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena