Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 11/8 kr. 31
  • Mmɔden a Wɔbɔ Sɛ Wobeyi Vatican Afi UN no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmɔden a Wɔbɔ Sɛ Wobeyi Vatican Afi UN no Mu
  • Nyan!—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Vatican ll​—Nhyira anaa Nnome?
    Nyan!—1993
  • Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
    Nyan!—1992
  • Aguaman A Ɔwɔ Dimmɔne No Ne Sɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 11/8 kr. 31

Mmɔden a Wɔbɔ Sɛ Wobeyi Vatican Afi UN no Mu

NSƐM ho amanneɛbɔ adwuma Inter Press Service (IPS) a ɛwɔ Rome no bɔɔ amanneɛ sɛ “amanaman ntam ahyehyɛde bɛboro 70 a wɔaka abom a ɛnyɛ aban de (NGOs), retu wiase nyinaa sa bi a ɛbɛma wɔayi Vatican afi Amanaman Nkabom no mu.” Mprempren, Vatican yɛ ɔman a etumi kotie UN ahyehyɛde no dwumadi daa, nanso ɛnka emu aman no ho. Efi 1964 na Vatican nsa kaa saa gyinabea yi.

Dɛn nti na NGO kuw yi a eduu April awiei wɔ afe a etwaam no mu no, na ahyehyɛde 100 na ɛwom no sɔre tia Vatican gyinabea wɔ UN no mu no? Efisɛ NGO ka sɛ Vatican yɛ ɔsom ahyehyɛde na ɛnyɛ amammui man. Frances Kissling, Katolekfo a Wɔpaw Nea Wɔpɛ Kuw no titrani ka kyerɛɛ IPS sɛ kuw no nsɔre ntia hokwan a Vatican wɔ sɛ ɛkyerɛ n’adwene wɔ nsɛm ho no, na mmom “nea wɔsɔre tia ne hokwan a ahyehyɛde yi a ɛnyɛ ɔman wɔ sɛ ɛne nniso horow nya gyinabea bi no.”

Anika Rahman, Amanaman Ntam Nhyehyɛe a ɛwɔ Abawo Ho Mmara ne Nhyehyɛe Dwumadibea no panyin ne no yɛ adwene. IPS faa n’asɛm kae sɛ, “sɛ UN bu Pope Tumidi sɛ ɔman a ɔsom mu tumi a ɛwɔ nti ɛwɔ hokwan sɛ ekotie wiase ahyehyɛde no dwumadi daa a, ɛnde na ahyehyɛde no reyɛ nhwɛsode bi a ɛbɛma ɔsom afoforo abisa hokwan a ɛte saa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nea ɛbɛyɛ na Amanaman Nkabom no ampagyaw ɔsom pɔtee bi no, ɛnsɛ sɛ ɛma nyamesom ahyehyɛde ahorow te sɛ Roma Katolek Asɔre no kwan ma ɛde ne ho hyɛ dwumadi yi mu sɛ ɔman a ɛnyɛ emuni.”

Na asɛm a wɔka sɛ Vatican yɛ ɔman ma enti ɛfata sɛ enya mprempren gyinabea a ɛwɔ no nso ɛ? Awuraa Kissling buae wɔ nsɛm bi a wobisabisaa no mu sɛ: “Ɛyɛ nnaadaasɛm koraa. Nea yɛka ne sɛ eyi fi sɛnea wɔkyerɛɛ asɛmfua ɔman ase wɔ afeha a ɛto so 15 mu no, nanso Pope yɛ ɔsom no sodifo ankasa.” Ɔka kaa ho sɛ nsɛmfua “Vatican” ne “Pope Tumidi” no nyinaa “gyina hɔ ma Roma Katolek Asɔre no.”

Adwene a Vatican kura wɔ nnipa dodow ho no na ama NGO no sɔre tia Vatican mprempren gyinabea wɔ UN no mu kɛse no. Sɛ nhwɛso no, Vatican de UN nhyiam ahorow te sɛ Nnipa Dodow ne Nkɔsodwuma Amanaman Ntam Nhyiam a wɔyɛe wɔ 1994 mu wɔ Cairo, ne Mmea Nhyiam a wɔyɛe wɔ 1995 mu wɔ Beijing no adi dwuma de ada pene a ɛmpene awo ho nhyehyɛe so koraa no adi. IPS ka sɛ: “Esiane sɛ UN no de adwene a nnipa dodow kura na esi ne gyinae dodow no ara nti, adwenkyerɛ ahorow a wɔrennye ntom, te sɛ Vatican de no, sɛe nnipa dodow, awo ho nhyehyɛe, hokwan a mmea wɔ, ne akwahosan sohwɛ wɔ awo mu ho agyinatu.”

Sɛnea Awuraa Kissling kyerɛ no, “dwumadi a ɛfata Vatican ne sɛ ɛbɛyɛ NGO—te sɛ NGO afoforo a egyina Nkramofo, Hindufo, Buddhafo, Bahaifo, ne nyamesom ahyehyɛde afoforo ananmu no.” Kuw no pɛ sɛ UN Kyerɛwfo Panyin, Kofi Annan, ne UN Bagua Kɛse no san susuw gyinabea a Vatican wɔ wɔ wiase amammui ahyehyɛde a ɛso sen biara mu no ho bio.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Vatican panyin bi rekasa akyerɛ UN

[Nsɛm Fibea]

UN/DPI Photo by Sophie Paris

UN photo 143-936/J. Isaac

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena