Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
AMANAMAN Nkabom Mmara no nnianim nsɛm de botae pa yi to gua: “Yɛn nnipa a yɛwɔ Amanaman Nkabom no mu no asi yɛn bo sɛ yɛbɛbɔ daakye awo ntoatoaso ho ban afi ɔko a mprenu wɔ yɛn nkwa nna mu no, ɛde awerɛhow a enni kabea abrɛ adesamma no ho, . . . na [yɛpɛ] sɛ yɛka yɛn ahoɔden bom de amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra ba, . . . yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛka yɛn mmɔdenbɔ ahorow abom na yɛadu botae yi ho.”
So Amanaman Nkabom no ‘duu botae yi ho’? So etumi kaa amanaman no boom ma asomdwoe ne dwoodwoo asetra bae? Dabi, ankɔ akyiri saa, ɛwom sɛ Amanaman Nkabom no abɔ mmɔden yiye sɛ ɛbɛyɛ ɔkwan a eye kyɛn Amanaman Apam no wɔ ɔkwan titiriw bi so de. Nanso, awo ntoatoaso a ehuu bere a wɔhyehyɛe wɔ 1945 mu no ahu akodi, ɔman anidan, ntua, nniso a wotu gu ne basabasayɛ ahorow wɔ asase no so mmeae pii. Na wɔn a wɔyɛ basabasa yi mu pii yɛ aman a wɔahyɛ sɛ “wobekura amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra mu” no mufo.
Ɛnyɛɛ Ɔkwan a Eye Kyɛn So no Ɛ
Ebia na akasatiafo a wɔka sɛnea Amanaman Nkabom no ntumi nsiw amanehunu ahorow yi ano no werɛ afi nokwasɛm bia ɛho hia—ahyehyɛde bi ahoɔden gyina tumi a ne mmara ma enya ne ɔpɛ a emufo wɔ sɛ wobedi wɔn asɛyɛde ahorow no ho dwuma wɔ saa mmara no ase no so. Nea edi kan koraa no, Amanaman Nkabom no Mmara no mma Amanaman Nkabom no nyɛ sɛ wiase aban a ɛwɔ aman a ɛwɔ mu no nyinaa so tumi.
Mmara 2(7) hyɛ sɛ: “Biribiara nni mprempren Mmara no mu a ɛbɛma Amanaman Nkabom no kwan ma ɛde ne ho ahyehyɛ ɔman biara mu nsɛm mu.” UNCIO (United Nations Conference on lnternational Organization), a ɛyɛɛ nhyiam wɔ San Francisco fi April 25 kosi June 26, 1945, de wiee mmara no hyɛ no hui sɛ ɛho hia sɛ “wɔ wiase nsɛm tebea yi mu no, wɔhwɛ hu sɛ Amanaman Nkabom no rentra nea wobu no sɛ ɛyɛ ɔhye a ɛfata anaa ɛyɛ biribi boro anohyeto ahorow a ɛfata so.”
So wohyɛɛ ɔkasasin, “wɔ wiase nsɛm tebea yi mu no” nsow? UNCIO ka sɛ sɛ ɛsakra a, wobetumi atrɛw saa mmara yi mu bere a “sɛnea wiase ayɛ, amanfo adwene wɔ wiase no ho ne sɛnea aman de wɔn ho to wɔn ho so wɔ wiase no mu no ma ɛyɛ nea ɛho hia na ɛteɛ.”
Amanaman Nkabom no atirimpɔw sɛ ɛbɛma wɔakura “amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra” mu no yɛ botae a adesamma kɔn dɔ. Sɛ amanaman no di Amanaman Nkabom Mmara no mu Mmara 2(4) yi so a, anka nokwarem no wiase bedwo: “Ɛsɛ sɛ emufo no nyinaa twe wɔn ho . . . fi ahunahuna anaasɛ ɔhyɛ a wɔde bedi dwuma atia ɔman biara asase anaa n’amammui mu ahofadi ho.” Nanso aman a ɛwɔ mu no ahopɛ ma Amanaman Nkabom no mmɔden a ɛbɔ wɔ atirimpɔw yi ho no yɛ ɔkwa daa. Sɛ anka wɔbɛyɛ ade ma ɛne wɔn Amanaman Nkabom asɛyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ “wosiesie amanaman ntam akasakasa biara wɔ asomdwoe kwan so” no nyinaa ahyia no, aman anaasɛ aman akuw horow nyinaa de wɔn ho ahyɛ akodi mu na wɔka sɛ ‘asɛm no yɛ wɔn ankasa man mu asɛm.’—Mmara 2(3,7).
Ɛnyɛ sɛ amanaman abu wɔn ani agu Amanaman Nkabom asomdwoe ho nhyehyɛe ahorow so nko, na mmom wɔabu no animtiaa na wɔasɔre atia mmara horow a ɛhyɛ na wɔde asiesie nsɛm no wɔ baguam. Wɔn amanyɛfo taa foro Amanaman Nkabom asɛnka agua ma kasa atenten de bɔ mmɔden sɛ wobeyi wɔn ho ano wɔ wɔn basabasayɛ no ho. Nyansa kwan a wɔfa so bu mmara a wɔahyɛ na ɛde asomdwoe aba no so no na ɛtaa ma Amanaman Nkabom no ntumi nyɛ hwee wɔ mmere a ɛho hia mu, na asɛe emu gyidi a ɛsɛ sɛ wonya no kɛse. Amanaman Nkabom no mpanyimfo a wɔtra nhyiam a ɛte saa ase no aba mu taa bu. Awiei koraa no, ɛda adi sɛ kasa a ɛte saa no yɛ nnaadaa a wɔbɔ mmɔden debrɛ aniberesɛm a basabasayɛ ne mogyahwiegu a ɛrekɔ so no yɛ no ase anaasɛ wɔde pene so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Amanaman Nkabom Ɔkyerɛwfo Panyin Javier Pérez de Cuéllar kae sɛ Amanaman Nkabom no yɛ nea “wobu no wɔ mmeae bi sɛ Babel abantenten na anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ beae a wɔne atamfo kasa a mfaso biara mfi mu mma.”
Ade foforo nso wɔ hɔ a ama ɛyɛ den ma Amanaman Nkabom no sɛ ɛbɛda ne ho adi sɛ ɔkwan a eye kyɛn so. Bere a efii ase dii dwuma wɔ October 24, 1945 mu no, sɛnea Pérez de Cuéllar kae no, “wɔanhyehyɛ ade a ɛde asomdwoe bɛba a emu da hɔ biara.” Eyi nni hɔ yi, Amanaman Nkabom no bɛyɛ dɛn atumi ayɛ tumi a ɛde wiase asomdwoe a ɛno nti na wɔhyehyɛe no bɛba?
Asomdwoe Bɛn Na Ebetumi De Aba?
Pérez de Cuéllar bua sɛ: “Asomdwoe remma akodi nyinaa nnyae. Ɛbɛma akodi ayɛ nea wobetumi adi ho dwuma a ɛnnam ɔhyɛ anaa nsisi so. . . . Amanaman Nkabom no pɛ sɛ yenya anidaso a ɛte saa.” Enti asomdwoe a Amanaman Nkabom no betumi ama aba ara ne basabasayɛ a ɛbɛma abrɛ ase.
So eyi yɛ asomdwoe ne dwoodwoo asetra ankasa? Nokwarem no, “Amanaman Nkabom no mu hokwan abue ama . . . aman a wɔpɛ asomdwoe nyinaa.” (Mmara 4(1)) Nanso sɛ ɔman bi a ɛpɛ asomdwoe bɛyɛ Amanaman Nkabom no muni a, so ɛbɛkɔ so ayɛ saa? Nniso horow sakrasakra, na sodifo afoforo hyehyɛ mmara afoforo. Na sɛ emu aman no mu bi sakra na enya ɔmampɛ botae ahorow a ɛtra so na n’ani bere afoforo nsase ɛ? Na sɛ efi ase nya nuklea ne nnubɔne akode ɛ? Ɛnde na ɛsɛ sɛ Amanaman Nkabom no bɔ ho kɔkɔ. Nanso, sɛnea nnansa yi nsɛm a esisii wɔ Mfinimfini Apuei da no adi no, ebia nsakrae a ɛte saa no na ɛbɛyɛ ade pɔtee a ɛbɛma amanaman no ahyɛ Amanaman Nkabom no den na ayi nea ɛde wɔn dwoodwoo asetra to asiane mu yi afi hɔ.
So Amanaman no Betumi Ama Ayɛ Ɔkwan a Eye Kyɛn So?
Amanaman no rehu nea UNCIO frɛɛ no “sɛnea amanaman no de wɔn ho to wɔn ho wɔn ho so” no afei sen bere biara. Ɔman biara rentumi ntra ase mma ne ho bio. Amanaman no nyinaa yɛ amanaman ntam ɔman biako mufo. Nsɛnnennen koro no ara na wɔn nyinaa hyia: ɔsɛe a efi asase no a wɔresɛe no no mu ba, ohia, nyarewa a ebubu nnipa, nnubɔne a wɔtɔn wɔ asasepɔn biara so, nsɛmmɔnedi, nuklea akode a ɛwɔ aman pii mu. Nneɛma yi hyɛ amanaman no ma wɔhwehwɛ asomdwoe ne dwoodwoo asetra denam Amanaman Nkabom no akwankyerɛ so, anyɛ saa a wobedi wɔn ho dɔm.
Shevardnadze a anka ɔyɛ Soviet amannɔne ho nsɛm soafo no kae sɛ: “Sɛ Amanaman Nkabom no mufo ma no tumi a, sɛ amanaman no fi wɔn pɛ mu pene so sɛ wɔbɛma no wɔn tumidi mu hokwan no bi, na wɔde nnwuma binom hyɛ ne nsa ma nnipa nyinaa yiyedi a, ebetumi adi dwuma yiye.” Ɔka kaa ho sɛ: “Saa kwan yi so nkutoo na yebetumi ama asomdwoe bere no atra hɔ daa a ɛnsakra.”
Sɛ wotumi yɛ eyi a, ɛnde Amanaman Nkabom no betumi anya tumi akasa atia ɔman biara a ɛde wiase asomdwoe to asiane mu no denneennen. Sɛ enya tumi a ɛte saa a, ebenya ahoɔden abrɛ saa basabasayɛfo no ase ntɛm. Nanso so amanaman a ɛwɔ Amanaman Nkabom no mu no bɛma no saa tumi no ‘de wɔn asraafo, mmoa ne nneɛma ama’ na asomdwoe aba? (Mmara 43(1)) Sɛ ɔhaw bi de nea ɛyɛ wɔn mu biara tumidi nnyinaso to asiane mu a, ebia wɔbɛyɛ saa. Sɛ amanaman no hu sɛ ‘wɔn ahoɔden a wɔbɛka abom de ama amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra aba wɔ Amanaman Nkabom akwankyerɛ ase no betumi ayi ahunahuna a ɛte sɛɛ no afi hɔ a, ebetumi ama obu a wɔwɔ ma Amanaman Nkabom no ayɛ kɛse.
Ebia wubebisa sɛ, ‘So nea Amanaman Nkabom no yɛe wɔ Persian Gulf asɛm no mu no nyɛ eyi mfiase?’ Ebetumi ayɛ saa. Na aman pii sikasɛm betumi asɛe koraa. Na sɛ wɔn sikasɛm a ayɛ biako no sɛe a, na wiase nyinaa de betumi ayɛ saa. Enti amanaman no nyinaa ne Amanaman Nkabom no yɛɛ biako. Amanaman Nkabom no Ahobammɔ ho Bagua no hyɛɛ mmara ahorow a ɛbɛma basabasayɛ no aba awiei asomdwoe mu, na bere a eyi dii huammɔ no, egyinaa Amanaman Nkabom gyinaesi a ɛne sɛ wɔde ɔhyɛ bedi dwuma wɔ Gulf no mu hɔ no akyi.
U.S. Ɔman Kyerɛwfo James Baker rekyerɛkyerɛ sɛ wɔmfa gyinaesi yi nni dwuma no, ɔkae sɛ: “Mprempren abakɔsɛm ama yɛn hokwan foforo. Ɔko nwininwini no atwam yi, mprempren yɛanya hokwan a yɛde bɛkyekye wiase a wɔn a wɔhyehyɛɛ . . . Amanaman Nkabom no hu siei no. Yɛanya hokwan sɛ yɛbɛma Ahobammɔ ho Bagua ne Amanaman Nkabom yi ayɛ nokware adwinnade a ɛde asomdwoe ne atɛntrenee bɛba wiase nyinaa. . . . Ɛsɛ sɛ yɛma ɔko nwininwini akyi asomdwoe ne atɛntrenee wiase a yɛn nyinaa hwɛ kwan no ba mu.” Ɔkaa ɔhyɛ a na wɔpɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ Gulf hɔ no ho asɛm sɛ: “Migye di sɛ ɛbɛyɛ nea ɛho hia sen biara wɔ Amanaman Nkabom no abakɔsɛm mu no biako. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛyɛ pii de akyerɛ ahyehyɛde yi daakye.”
Yehowa Adansefo gye di yiye sɛ ɛrenkyɛ koraa Amanaman Nkabom no bedi dwuma titiriw bi wɔ nsɛm a ebesisi wɔ wiase mu no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a ebesisi yi bɛyɛ anigye yiye. Na nea ebefi mu aba no bɛka w’asetra akɔ akyiri. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no na wɔmma wo ɛho nsɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu. Bible no kyerɛ pefee sɛ ɛrenkyɛ koraa wɔbɛma Amanaman Nkabom no ahoɔden ne tumi. Saa bere no Amanaman Nkabom no bɛyɛ nneɛma bi a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛma wo ho adwiriw wo. Na ɛbɛyɛ wo anigye sɛ wubehu sɛ ɔkwan a eye kyɛn so a ɛde asomdwoe ne dwoodwoo asetra a ɛtra hɔ daa bɛba no abɛn pɛɛ!
[Kratafa 9 mfonini]
Guido de Marco, Amanaman Nkabom Baguafo no titrani (nifa), Ɔkyerɛwfo panyin Pérez de Cuéllar wɔ Nhyiam a ɛto so 45 no ase
[Asɛm Fibea]
UN photo 176104/Milton Grant