Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 1/8 kr. 3-4
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Amanaman Nkabom No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Amanaman Nkabom No Mu?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Ɛde Nsakrae no Bae?
  • Adwene a Ɛteɛ a Wubenya
  • Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
    Nyan!—1992
  • Asomdwoe Ne Ahotɔ​—Ɛhe na Ebefi Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Mfe Mmɔdenbɔ mu Ɔbrɛgu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Onipa Nhyehyɛe Ma Amanaman Ntam Dwoodwoo Asetra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 1/8 kr. 3-4

Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Amanaman Nkabom No Mu?

BIRIBI rekɔ so wɔ Amanaman Nkabom no mu. Nneɛma bi a ɛyɛ ahodwiriw rekɔ so a ɛbɛka wo daakye. Wiase akannifo wɔ mu anidaso yiye. Susuw wɔn nsɛm yi ho:

“[Amanaman Nkabom] no hyehyɛ akyi mfe aduanan anum, wɔ bere tenten a adi huammɔ akyi no, ɛrenya nkɔso wɔ yɛn anim, na ɛreda ne ho adi sɛ nokware temmufo, ɛhyɛ mmara na ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛhwɛ ma wɔadi so.”—France Ɔmampanyin François Mitterrand nsɛm a ɔkae wɔ Amanaman Nkabom Aguabɔ Titiriw a ɛto so 45 ase, September 24, 1990.

Nhyiam koro yi ara ase no, Eduard Shevardnadze a anka ɔyɛ Soviet Amannɔne ho Nsɛm Soafo no kae sɛ “ɛsɛ sɛ [Amanaman Nkabom] Dwoodwoo Asetra ho Aguabɔ Titiriw no mu biakoyɛ a ebi mmae da no ma obiara koma tɔ ne yam. . . [Amanaman Nkabom] no mufo gyinabea a wɔapaw no ma Dwoodwoo Asetra Bagua no nya tumi yɛ nea ebetumi biara na ɛde wiase asomdwoe aba.”

Ɛno akyi nna kakraa bi no, United States Ɔmanpamyin George Bush kasae wɔ Amanaman Nkabom Aguabɔ Titiriw no ase. Nsakrae a ohui no ma ɔkae sɛ: “Efi 1945 no, yenhui sɛ ebetumi ayɛ yiye ankasa sɛ yɛde Amanaman Nkabom no bedi dwuma de ayɛ nea nti a wɔhyehyɛe—sɛ amanaman nyinaa ntam dwoodwoo asetra fibea.” Nea enti a ɔkaa eyi ne sɛ “Amanaman Nkabom no daa biakoyɛ ne nsiyɛ soronko adi” wɔ Persian Gulf ɔhaw no ho. “Bere a edi kan no, Amanaman Nkabom no Dwoodwoo Asetra Bagua refi ase adi dwuma de ayɛ nea enti a wɔhyehyɛɛ no.” Ɔkae nso sɛ: ‘Sɛ Amanaman Nkabom no mufo gyae akode a ɛyɛ hu mu gu hɔ a, ebetumi aboa de nhyehyɛe foforo aba.’ Sɛ wɔyɛ saa a, wobetumi awie nhyehyɛe soronko a wɔreyɛ na wɔanya “wiase nhyehyɛe foforo ne asomdwoe bere tenten no.”

Na Owura Guido de Marco, Amanaman Nkabom Aguabɔ Titiriw no titrani no nso wɔ anidaso pa a ɛte saa ara. Ɔde anigye kae sɛ: “Nhyehyɛe foforo a egyina aman a wɔwɔ tumi kɛse no ntam adamfofa ne biakoyɛ so no mfiase abɛn. . . . Nsɛm a asisi yi asan ahyɛ Amanaman Nkabom Ahyehyɛde no den.” Ɔkae sɛ “wɔasi Aguabɔ Titiriw no afã sɛ amanaman ntam nsɛm ho nkɔmmɔbɔ ne nsusuwiibea titiriw no so dua wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so.” Eyi nti, ɔkɔɔ so kae sɛ: “Wiase no nsuro Harmagedon bi a amammui ho adwene mu akansi betumi ama aba biara bio.”

Dɛn ne “nsɛm a asisi yi” a ama Amanaman Nkabom no anya obu ne tumi a wɔde bere tenten ahwɛ kwan yi? Dɛn na ɛde anidaso pa a ɛmaa wiase akannifo de awerɛhyem kaa “wiase nhyehyɛe foforo ne asomdwoe bere tenten” a nuklea Harmagedon ho asiane biara nni hɔ bio ho asɛm no?

Dɛn na Ɛde Nsakrae no Bae?

Amanaman Nkabom no Ɔkyerɛwfo Panyin Javier Pérez de Cuéllar bua wɔ ne 1990 Amanaman Nkabom no dwumadi ho amanneɛbɔ mu sɛ efi “ɔko nwininwini a ɛbaa awiei [wɔ Europa] no.” Mfe du du pii mu no, saa asɛnnennen no “de afoforo ho adwemmɔne ne ehu a ɛwɔ hɔ bere nyinaa bae na ɛpaapae wiase no mu.” Ɔkae sɛ “dwoodwoo asetra ho adwene [a] wɔafi ase anya no ara ne nea Amanaman Nkabom no aka ho asɛm wɔ mfe no mu nyinaa no.”

Yiw, ɔkyerɛwfo panyin no kae sɛ na ɛte sɛ nea awiei koraa no, amanaman no renya “ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔnam sraadisɛm so benya dwoodwoo asetra no de akode ho akansi a ɛmma awiei na aba, . . . ɛsɛe amammui mu biakoyɛ, . . . na ɛma ehu a wɔte nka wɔ amanaman nyinaa mu no mu yɛ den.” Na dɛn na su foforo yi de bae?

Biakoyɛ ne ahotoso honhom fii ase daa adi wɔ aman a wɔwɔ tumi sen biara no amampanyin ntam nhyiam horow mu. Bere a saa honhom yi renya nkɔso no, na wɔnte nka bio sɛ wohia asraafo a wɔwɔ akode pii a wɔbɛwɛn Europa mmeae atitiriw. Wobubuu Berlin Ɔfasu no. Germany yɛɛ biako. Europa Apuei Fam aman pii hyehyɛɛ nniso afoforo, na wɔmaa wɔm manfo ahofadi ahorow a wonnyaa bi da. Wobuebuee ahye ahorow a na wɔatoto mu maa amannɔne nsrahwɛ, amammerɛ afoforo, ne aguadi. Na nea ɛsen ne nyinaa no, Soviet Union ne United States nyinaa fii ase kamfoo Amanaman Nkabom no na wɔbɔɔ hia a ehia sɛ wɔde di dwuma sɛ tumi a ɛho betumi aba mfaso wɔ wiase no asomdwoe ne dwoodwoo asetra a ɛhwehwɛ mu no ho dawuru.

Adwene a Ɛteɛ a Wubenya

So mpofirim nsakrae yi maa wo ho dwiriw wo? So wufii ase susuwii sɛ, afei de, asomdwoe ne dwoodwoo asetra abɛn na Amanaman Nkabom no bedi anim ma wɔadu saa botae horow no ho? Esiane nea asisi no nti, ntease wɔ anidaso a ɛte saa no mu. Nanso, nyansa ne abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yenya ade a ebetumi aba yi ho adwene a ɛteɛ.

Hyɛ nea Owura Pérez de Cuéllar kae wɔ n’amanneɛbɔ no mu yi nsow: “Mprenu wɔ afeha yi mu, wɔ ɔko akɛse abien akyi no wɔatumi ahu sɛ ebetumi ayɛ yiye sɛ wɔbɛyɛ wiase nyinaa asomdwoe ahyehyɛde bi.” Ɔmampanyin Bush de nsɛm a ɛte sɛ ɛno ara dii dwuma bere a ɔkasa akyerɛ U.S. Mmarahyɛ Bagua nhyiam bi wɔ March 6, 1991 mu no. “Ɔko awosow wiase nyinaa mprenu wɔ afeha yi mu. Mprenu wɔ afeha yi mu no, wɔ ɔko no mu ahude mu no wonyaa asomdwoe a ɛtra hɔ daa ho anidaso. Mprenu no, ɛdaa adi sɛ saa anidaso ahorow no yɛɛ adaeso a onipa nsa renka.”

U.S. Ɔman Kyerɛwfo James Baker maa emu daa hɔ yiye sen saa bere a ɔkasa kyerɛɛ Amanaman Nkabom Dwoodwoo Asetra ho Bagua no. Wɔ nsa a na ɔreto afrɛ sɛ Amanaman Nkabom no mfa ɔhyɛ nni dwuma wɔ Persian Gulf hɔ no mu no, ɔkaee ne mfɛfo no sɛ wɔ 1936 mu no, Ethiopiafo “adesrɛ a wɔde too Amanaman Apam no anim no yɛ nea wɔanyɛ ho hwee. Apam no mmɔden ahorow a ɛbɔe sɛ ebesiesie ɔko no dii nkogu na amanaman ntam basabasayɛ ne ɔko bae.” Afei Owura Baker srɛe sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yɛma Amanaman Nkabom no yɛ te sɛ Amanaman Apam no.”

Na dɛn ne Amanaman Apam no? Dɛn nti na wɔhyehyɛe? Dɛn nti na edii huammɔ? Nsemmisa yi ho mmuae bɛma yɛate nsakrae horow a ɛrekɔ so wɔ Amanaman Nkabom no mu no ase yiye.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena