Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/1 kr. 3-4
  • So Yehia Bible No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yehia Bible No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akasatiafo ne Adwenem Naayɛfo
  • Akwankyerɛ ho Hia
  • Ade Foforo Biako Pɛ
  • Ɛhe Na Wubetumi Anya Akwankyerɛ a Edi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu: Bible Betumi Ama Asi Wo Yiye Anaa?
    Nyan!—2019
  • Bible No—Akwankyerɛ Nhoma a Mfaso Wɔ so ma Nnɛyi Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Wo Ne Onyankopɔn Bɛnantew?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/1 kr. 3-4

So Yehia Bible No?

RUSIANI ababaa bi a wɔfrɛ no Oxana ani gyei bere a ohuu Bible bi a obi a ɔtɔn nhoma wɔ Moscow mmɔnten so de kyerɛɛ no no. N’adamfo John a ofi ɔman a Bible abu so wom mu bae no ani gyee Oxana anigye a ɔkyerɛe no ho. Ogye tom sɛ: “Me​—sɛ obi a minnye Onyankopɔn nni no​—pɛe sɛ metɔ ma no.” Ɛwom sɛ Oxana powee John akyɛde no mfiase no de, nanso awiei no ogyei.

Te sɛ Oxana no, nnipa pii wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wobenya Bible no bi. Eyi yɛ nokware titiriw wɔ aman a wɔabara Bible no mfe pii no mu. Sɛ́ nhwɛso no, nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo rebɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛma wɔanya Bible a wohia wɔ kan Soviet adehyeman ahorow no mu, ne wiase afã afoforo nso nyinaa. Eyi ne bere a edi kan a nnipa pii a wɔwɔ mmeae yi anya hokwan a wɔde bɛhwehwɛ Bible no mu yiye​—na nnipa bebree rekyerɛ emu nkrasɛm a tumi wom no ho anigye.

Akasatiafo ne Adwenem Naayɛfo

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ Europa kusuu fam titiriw no, wogyaw Bible no wɔ nhomakorabea ma ɛho bɔ mfutuma, a wɔnkenkan. Ebinom ka sɛ ɛyɛ “Abakɔsɛm a atwam!” Na wɔde ka ho sɛ: “Wɔkyerɛw maa bere foforo bi mufo. Ɛmfa nnɛ bere mu nnipa ho hwee.” Asɔfo a wɔagye din mpo aka nsɛm wɔ baguam a ɛmma wonnye Bible no nni. Wɔka Anglikan sɔfo panyin Desmond Tutu ho asɛm wɔ South Africa atesɛm krataa The Star mu sɛ ɔkae sɛ: “Bible no afã bi wɔ hɔ a mfaso nni so daa.” Nsɛm a ɛte sɛɛ ama nnipa pii nhu gyidi a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔ Bible no mu.

Akwankyerɛ ho Hia

Ɛsɛ sɛ akasatiafo ne gyidifo nyinaa gye tom sɛ wiase no hia nsɛnneennen ano aduru a mfaso wɔ so nnɛ sen bere biara. Alvin Toffler kyerɛwee wɔ ne nhoma Future Shock mu sɛ: “Sɛ onipa ansua sɛnea obesiw sɛnea n’akansa nsɛm tebea ne adesamma nyinaa de sakra ntɛmntɛm no ano ntɛm a, ɛnde nneɛma pii . . . bɛsɛe.” Ɔde saa kɔkɔbɔ no mae bɛboro mfe 20 a atwam ni. Ɛte sɛ nea nneɛma a ɛbɛsɛe a Toffler kaa ho asɛm no resɛe mprempren ara. Bere a afeha yi rebɛn n’awiei no, mfiridwuma mu nkɔso ne nnipa nyansapɛ ahorow ntumi mfaa wiase a ahobammɔ wom mmae. Wiase nhyehyɛe foforo bi ho anidaso a wɔanya nnansa yi no adan abasamtu, na nnipa pii asetra mu gyinapɛn kɔ fam ma ɛyɛ den sɛ wobenya wɔn ano aduan daa.

Akontaabu ahorow kyerɛ sɛ sikasɛm mu nsonsonoe a ɛda adefo ne ahiafo ntam no ayɛ kɛse. Nhwehwɛmu a wɔyɛe nnansa yi ara kyerɛ sɛ wiase no ahonyade ɔha biara mu nkyem 82.7 akodi wiase no mu nnipa ɔha biara mu nkyem 20 nsam. So ɛyɛ nwonwa sɛ akodi, ɔkɔm, nyarewa, amumɔyɛ ne basabasayɛ abu so saa wɔ aman pii mu? Mmɔden a wɔbɔ sɛ wobegyina asetra a ɛrekɔ so sɛe no ano rema nkurɔfo haw kɛse. Enti, abusua no, a ɛyɛ nnipa nnyinaso titiriw no mpo resɛe.

Ɛwom sɛ nnipa pii, te sɛ Toffler, kyerɛ sɛ ɛyɛ onipa asɛyɛde sɛ “ɔhwehwɛ akwan afoforo koraa a ɔnam so benya ahobammɔ” de, nanso adanse no kyerɛ sɛ nnipa ntumi nni wɔn ankasa nsɛm ho dwuma.

Ade Foforo Biako Pɛ

Nhoma Kronkron Bible, a wofii ne kyerɛw ase bɛyɛ mfe 3,500 ni no, nsakrae wɔ mfehaha no mu. Ne nnyinasosɛm ahorow no te sɛ nea ɛte. Sɛ́ nhwɛso no, wɔakyerɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ Yeremia 10:23 no yɛ nokware nnɛ sen bere biara a atwam: “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Sɛ nnipa ntumi nkyerɛ wɔn ho kwan a, hena na obetumi? Bible no kyerɛ nokware akwankyerɛ Fibea koro no: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”​—Yesaia 48:17.

Yehowa Nyankopɔn de Bible no mu nsɛm kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛboa yɛn ho. Afotu a ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so ahyɛ mu mã. Wobetumi de emu afotu adi dwuma nnɛ te sɛ bere a wɔkyerɛwee no ara pɛ. Asɛm a edi hɔ no bɛhwehwɛ mfaso a ɛwɔ Bible no so wɔ yɛn nnɛ bere yi mu no mu. Wubetumi ahu afi nsɛm ahorow mu, fi akwahosan so kosi ahonyade so, abusua asetra, ne ankorankoro su, sɛ Bible no gyina pintinn wɔ nnɛyi tebea ahorow a ɛkɔ so sakra no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Bible no yɛ sɛkyɛ bi a ɛma wotumi gyina pintinn wɔ nnɛ basabasayɛ wiase yi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena