Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 4/15 kr. 4-7
  • Ɛhe Na Wubetumi Anya Akwankyerɛ a Edi Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe Na Wubetumi Anya Akwankyerɛ a Edi Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔbɔɔ Onipa Sɛ Ohia Ɔsoro Akwankyerɛ
  • Onyankopɔn na Ɔkyerɛw Bible No
  • Mfaso wɔ so Bere Nyinaa—Empira Da
  • Dwoodwoo Asetra Ma Wɔn a Wodi Onyankopɔn Akwankyerɛ Akyi
  • Momma Yɛnhwehwɛ Onyankopɔn Akwankyerɛ Wɔ Biribiara Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
  • Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 4/15 kr. 4-7

Ɛhe Na Wubetumi Anya Akwankyerɛ a Edi Mu?

“[Yehowa], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn. [Yehowa], teɛ me so.”—Yeremia 10:23‚ 24.

Bible kyerɛwfo Yeremia kyerɛw saa nsɛm yi mfeha 25 a atwam ni. Asetra a ɛyɛ awerɛhow a adesamma wom wɔ mfe mpempem a wɔde nnipa akwankyerɛ adi dwuma akyi no di adanse sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Ɛhe na yebetumi anya akwankyerɛ a edi mu?’

Kyerɛwsɛm a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no twe adwene kɔ akwankyerɛ a edi mu ne ɔkwan a ɛsen onipa de fibea—Yehowa Nyankopɔn, onipa Bɔfo no so. Nokwarem no, obiara nnim sɛnea wɔbɔɔ onipa ne n’ahiade nsen yɛn Bɔfo no. Nanso, so Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma yɛn akwankyerɛ a ɛte saa? Ɔkwan bɛn so na ɔde ma? So wobetumi de akwankyerɛ a ɛte saa adi dwuma wɔ yɛn nna yi mu?

Wɔbɔɔ Onipa Sɛ Ohia Ɔsoro Akwankyerɛ

Wonim no yiye sɛ nsonsonoe titiriw a ɛwɔ onipa ne mmoa ntam no gyina sɛnea onipa adwene te, nea etumi yɛ, ne dwuma horow a edi so. Ɛkame ayɛ sɛ wɔayɛ mmoa nsusuwii nyinaa ho nhyehyɛe wɔ wɔn amemene mu dedaw, nea wɔabɛfrɛ no nkate mu nyansa no. Na eyi nte saa wɔ nnipa fãm.—Mmebusɛm 30:24-28.

Onipa adwene nte sɛ mmoa de, enti wɔnhyehyɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ onipa yɛ n’ade wɔ amemene no fa kɛse no ara mu. Onyankopɔn de onipa pɛ maa no, na ɛma wotumi sisi gyinae ahorow a nyansa wom na wotumi yi su horow a ɛsom bo te sɛ ɔdɔ, timmɔbɔ, ayamye, atɛntrenee, ne nyansa adi.

So ɛfata sɛ wubesusuw sɛ Onyankopɔn de adwene mu tumi a ɛte sɛɛ bɛbɔ onipa a ɔmma no akwankyerɛ bi wɔ sɛnea obetumi de adi dwuma yiye ho? Onyankopɔn de akwankyerɛ maa nnipa a wodi kan no tẽẽ. (Genesis 2:15-17, 19; 3:8, 9) Bere a nnipa yɛɛ bɔne akyi mpo no, Yehowa nam n’asɛm a efi honhom mu, Bible no so kɔɔ so kyerɛɛ mmarima ne mmea anokwafo kwan. (Dwom 119:105) Eyi ma nnipa nya hokwan a wɔde bedi nsɛnnennen a wohyia wɔ da biara da asetram no so nkonim bere a wɔde hokwan a wɔwɔ di dwuma nyansam no.

Onyankopɔn na Ɔkyerɛw Bible No

Dɛn na ɛma Bible no yɛ akwankyerɛ fibea a edi mu no? Ade biako ne sɛ, ɛde nsɛm a Ɔbɔadeɛ no nkutoo hɔ na ebetumi afi aba ma. Ɛka abakɔsɛm mu nsɛm a esisii bere tenteenten ansa na onipa reba nkwa mu ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɛka sɛnea wosiesiee asase no nnidiso nnidiso kosi sɛ ɛbɛfatae sɛ nnipa betumi atra so. (Genesis, atiri 1‚ 2) Ɛwom sɛ wɔyɛɛ eyi ho kyerɛwtohɔ bɛboro mfe 3‚000 a atwam ni de, nanso ɛne nnɛyi nyansahu mu nkyerɛkyerɛmu ahorow hyia.

Bere tenten ansa na adesamma regye atom sɛ asase yɛ kurukuruwa no, na Bible no aka sɛ: “[Onyankopɔn] na ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Afei nso Bible no da no adi sɛ: “Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi.” (Yesaia 40:22) Onyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no nkutoo na obetumi de nsɛm yi ama.

Nsɛm a ebesisi daakye a wotumi hu nyɛ akyɛde a wɔde maa onipa. Mmom Ɔbɔadeɛ no nam Bible no so ka nea ɛbɛba daakye kyerɛ yɛn. Onyankopɔn de ne honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Mene Nyankopɔn, na nea ɔte sɛ me nni hɔ koraa. Me a mifi mfiase meka awiei asɛm, na mifi tete mmere no meka nea wɔnyɛe no.”—Yesaia 46:9‚ 10.

Bible no ada no adi sɛ etumi fi mfiase ka awiei asɛm ma ɛbam pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛ nwonwa. Sɛ nhwɛso no, ɛkaa wiase tumidi atitiriw sɔre, wɔn asehwe, ne wɔn su ahorow wɔ adesamma abakɔsɛm mu mfe mpempem pii ho asɛm too hɔ. Wɔkyerɛw saa nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa yi mfehaha pii ansa na ɛrenya mmamu, na ebi mpo de, mfe mpempem pii ansa na ɛrebam. Enti Bible no ka nnɛyi nsɛm ne ne mmamu ho nsɛm pɛpɛɛpɛ. Bible no yɛ nhoma a ɛda nsow efisɛ ɛkyerɛ ɔkwan a yebetumi afa so atumi anya nkwa bere a wɔresɛe nnipa nniso a ɛnyɛ pɛ no wɔ Harmagedon, ‘Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse mu ko no mu.’ Onyankopɔn Ahenni a ne Ba Yesu Kristo di so no na ebedi saa dwuma titiriw yi.—Adiyisɛm 16:14, 16; 17:9-18; Daniel‚ atiri 2‚ 8.

Mfaso wɔ so Bere Nyinaa—Empira Da

Onipa nyansa tɔ sin; enti, ɛnyɛ bere nyinaa na mfaso wɔ nnipa afotu so, ɛwom mpo sɛ ebia wɔde adwempa na ɛde bɛma de. Eyi nte saa wɔ Bible no afotu ho. Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Me [Yehowa], . . . mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Sɛ wowɛn w’asõ ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten, na wo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.”—Yesaia 48:17‚ 18.

Ɔsoro akwankyerɛ boa yɛn ma yɛde botae ahorow a ɛho hia sisi yɛn ani so na yɛbata asetra mu nneɛma a ɛsom bo ho. Bere a ɛnnɛ wiase yi si honam fam nneɛma ne botae ahorow so dua titiriw no, Bible no ma yehu mfaso a ɛwɔ so sɛ “yɛnhwɛ nneɛma a wohu, na mmom yɛhwɛ nneɛma a wonhu no; efisɛ nneɛma a wohu no nkyɛ mu twa, na nneɛma a wonhu no na ɛtra hɔ daa.” (2 Korintofo 4:18) Wɔ saa kwan yi so no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa asetram botae pa a ɛne honhom mu botae ahorow a ɛfa Onyankopɔn apɛdeyɛ ho nsisi yɛn anim, na emu titiriw koraa ne daa nkwa wɔ trenee nhyehyɛe foforo no mu.

Bere a Kristoni de mmɔdenbɔ hwehwɛ saa botae ahorow a ɛsom bo yi no, Bible afotu boa no ma ɔtra ase wɔ ɔkwampa so sɛnea obetumi biara wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu. Nnɛyi nnipa nyansa hyɛ adwene a ɛne sɛ wɔbɛyɛ adwuma ketewaa bi na wɔagye akatua pii no ho nkuran. Nanso, Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ohia behia nea ɔtwentwɛn ne nsa ase, na nsiyɛfo nsa ma wonya wɔn ho.” Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo no sɛ: “Yenim pefee sɛ yɛwɔ ahonim pa, pɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra yiye ade nyinaa mu.”—Mmebusɛm 10:4; Hebrifo 13:18.

Bible no de afotu a nyansa wom ma wɔ abusua nhyehyɛe no nso ho. Ɛkyerɛ asɛyɛde pɔtee a okunu ne ɔyere no nyinaa wɔ wɔ wɔn aware nhyehyɛe no mu, ne ɔkwampa a wɔbɛfa so atete wɔn mma na wɔakyerɛkyerɛ wɔn. Ɛka sɛ: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. . . . na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu. Mma, muntie mo awofo asɛm . . . Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” Ɔbɔadeɛ no afotu a ɛsom bo yi akyi a wodi tumi de ahobammɔ ne anigye ba mmusua mu kɛse.—Efesofo 5:21–6:4.

Dwoodwoo Asetra Ma Wɔn a Wodi Onyankopɔn Akwankyerɛ Akyi

Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no da adesamma haw ahorow nyinaa ho dwuma a Onyankopɔn rebedi adi. Ɛrenkyɛ Yehowa beyi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi ne emu yaw, n’atɛnkyea ne n’amanehunu nyinaa afi hɔ, na ɔde ne trenee nhyehyɛe foforo no abesi ananmu. Bible no ka eyi ho asɛm wɔ 2 Petro 3:7-10, na ɛde ka ho wɔ nkyekyem 13 sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” Eyi yɛ asɛmpa a ɛsen biara a wobetumi de ama adesamma. Na eyi pɛpɛɛpɛ ne nkrasɛm a Bible no ka, na Yehowa Adansefo ka ho asɛm wɔ nsase ne po so nsupɔw bɛboro 200 so.

Sɛ wodi Onyankopɔn apɛde ho dwuma wɔ asase nyinaa so a, adesamma abusua no nyinaa benya mfaso wɔ wɔn Bɔfo Yehowa akwankyerɛ a ɛsen biara akyi a wobedi no so. Ná ohia, nsɛmmɔnedi, ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so nni hɔ bio. Ɔyare, mpanyinyɛ, ne owu renhaw adesamma bio. Wɔde adesamma abusua no bɛkɔ pɛyɛ a na yɛn awofo a wodi kan wom ansa na wɔretew atua atia Onyankopɔn akwankyerɛ no mu.

Hwɛ sɛnea Bible mu nhoma a etwa to no ka tebea a anigye wom a wɔn a wɔde wɔn ho to ɔsoro akwankyerɛ so no bɛbam no ho asɛm yiye! Adiyisɛm 21:4‚ 5 ka sɛ: “[Onyankopɔn bɛbopa] wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Yɛn Bɔfo no si eyi so dua sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.” Ɔde ka ho sɛ: “Nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”

Sɛ yɛn nsa betumi aka saa nhyira ahorow yi a, dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:4) Yehowa Adansefo de anigye to nsa frɛ wo sɛ benya saa nokware nimdeɛ no denam Bible no a wubesua no fefeefe no so. Ɛdenam mmɔdenbɔ a wode besua ɔsoro apɛde ho ade so no, wo nso wubetumi abehu sɛ ɔsoro nyansa nkutoo ne akwankyerɛ a edi mu wɔ saa mmere bɔne yi mu. Sɛnea mmere no rebɛn ntɛmntɛm no ma ɛbɛyɛ nea ɛho hia sen bere biara sɛ wudi ɔsoro akwankyerɛ akyi!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena