So Onipa Akwankyerɛ Adi Huammɔ?
HENA na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa? Sɛ woka sɛ “Onyankopɔn” a, ɛnde na wo ne nnipa mpempem pii a wɔwɔ Ɔbɔadeɛ no, Bible no Nyankopɔn mu gyidi no yɛ adwene.
Nanso, ɛyɛ den ma nnipa pii a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi sɛ wobegye atom sɛ Onyankopɔn de ne ho agye adesamma nsɛnnennen ho dwumadi mu denneennen. So ntease wom sɛ wobegye adi sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw bi a ɛbɛbam ma adesamma anya ahotɔ? Nnipa pii nhu adanse biara a ɛkyerɛ sɛ eyi te saa.
Mfe mpempem pii a atwam ni no, nnipa ankasa asɔ akwan dodow bi a enni ano ahwɛ sɛ wobenya wɔn haw ano aduru a, na wɔabu wɔn ani agu Onyankopɔn so. Na so nnipa anya wɔn haw ahorow ano aduro? Anaasɛ ɔhaw ahorow no mu reyɛ den kɛse na ɛyɛ den sɛ wobetumi adi ho dwuma? Ɔkwan bɛn so na onipa redi ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase nnɛ a ɛhaw adwene kɛse no ho dwuma?
Onimdefo bi ka no saa kwan yi so sɛ: “Efi bere a mfiridwuma bae no, aman a wodi yiye no de asase yi so nneɛma adi dwuma akwammɔne so denam nneɛma a wɔde yɛ adwuma a wɔnhwɛ mmɔ ho ban so, na wɔnam saayɛ so sɛe asase so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no, na ɛma aman a wonnyaa nkɔso kɛse hu amane.”
Onipa kɔ so sɛe asase no. Argentina atesɛm krataa Clarín kae sɛ: “Wɔ yɛn afeha yi fã a ɛto so abien yi mu no, sikanibere ne ahwɛyiye a wɔnyɛ na ɛde asiane akɛse a ɛnyɛ nnipa nko na akunkum wɔn na mmom asɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no nso aba, adesɛe kɛse a mpɛn pii wontumi mmu ho akontaa no.”
Mprempren ɛkame ayɛ sɛ ohia buruburoo abɛyɛ nnɛyi asetra mu ade a ɛwɔ hɔ daa. Ohia fitaa reka wiase aman a wose wodi yiye no mpo. Sɛnea atesɛm krataa The Globe and Mail a wotintim wɔ Toronto, Canada kyerɛ no, wobu akontaa sɛ “Canadafo nkyekyem abiɛsa mu biako bedi hia wɔn nkwa nna a wotumi yɛ adwuma no mu.” Atesɛm krataa no de ka ho sɛ “mmusua a emu tetew ne nneɛma atitiriw a ɛde ohia ba no mu biako, na ɛrenya nkɔanim wɔ nnansa yi mfe yi mu.”
Nneɛma foforo a ɛresɛe nnipa asetra nso ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so. Dɛn na adesamma betumi ayɛ wɔ ho? Ɛda adi sɛ wontumi nyɛ ho hwee. Nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so kɔ so sɛe nnipa ɔpepem pii wɔ nipadua, adwene, ne abrabɔ mu. Na ɔhaw no rekɔ so trɛw ntɛmntɛm te sɛ ogya a atɔ kwae mu.
Ɛkame ayɛ sɛ nyansahufo redi nkogu wɔ ɔyare a wɔko tia mu. Ampa, nnɛyi nnuruyɛ mu nimdeɛ a wɔde di dwuma no ama wɔatumi asa nyarewa bebree. Nanso, nyansahu akwan horow a wɔfa so sa nyarewa no ankasa nso de ɔyare mmoawa foforo a nnuru ntumi wɔn a wɔn ho yɛ hu aba.
Nnipa nniso ntumi nsiw hokwan ahorow a nnipa wɔ a wɔsɛe no no ano. Sɛ nhwɛso no, ɛmfa ho bɔ ahorow a wɔahyehyɛ ne mmara ahorow a wɔayeyɛ de resiw nkoasom ano no, wobu akontaa sɛ nnipa a wɔn dodow boro ɔpepem ɔha na wɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ nnwuma a sɛ yɛbɛka a ɛyɛ nkoasom koraa.
Na dɛn nti na nnipa akwankyerɛ adi huammɔ? Susuw nokwasɛm ahorow yi ho. Nnipa akwankyerɛ fi adesamma—nnipa a wɔwɔ sintɔ ahorow a anibere wom—hɔ. Wonni asetram suahu pii, na amanne ahorow bi anaa tebea ahorow a wɔwom nti, ɛnyɛ biribiara na wotumi yɛ. Wɔn nimdeɛ nso yɛ ketewaa bi pɛ. Saa anohyeto ahorow yi da adi wɔ akwankyerɛ biara a wɔde ma mu. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, “wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.”—Romafo 3:23.
Nokwarem no, nsɛnnennen ne ɔhaw ahorow a adesamma mu ɔfã kɛse rehyia no yɛ nea efi Onyankopɔn akwankyerɛ a wɔpow mu ba. Nanso, ɛhe na yebetumi anya akwankyerɛ a ɛte saa? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nam ma yɛn akwankyerɛ nnɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛma ɛho mmuae.