Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
WƆ AFE 33 Y.B. mu no, Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Ahiafo wɔ mo nkyɛn daa.” (Mateo 26:11) Dɛn ankasa na na ɔkyerɛ? So na ɔreka sɛ wɔrenni ohia so da?
James Speth a ɔyɛ Amanaman Nkabom Adwumayɛbea a Ɛhwɛ Mpɔntu Dwuma so no panyin kae sɛ: “Yɛrentumi nnye nntom sɛ [ohia] ne yɛn bɛtra daa. Ɛnnɛ wiase yi wɔ nneɛma, nimdeɛ, ne tumi a ɛde beyi ohia afi hɔ ma abɛyɛ biribi a atwam.” Nanso ɛnnɛ wiase yi betumi ayi ohia afi hɔ?
Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no wɔ anidaso ankasa sɛ nnipa nam ne mmɔdenbɔ so betumi ayi ohia afi hɔ, bere a wɔpaee mu kae sɛ afe 1997 kosi 2006 yɛ bere a edi kan a “Amanaman Nkabom De Mfe Du Beyi Ohia Afi Hɔ” no. UN yɛe sɛ ɛne nniso, nkurɔfo, ne ahyehyɛde ahorow bɛyɛ biako na wɔde sikasɛm mu mpɔntu aba, wɔbɛma nnipa anya wɔn asetram ahiade atitiriw, wɔbɛma mmea asetra atu mpɔn, wɔbɛhyehyɛ sikadwuma ma nkurɔfo anya adwuma ayɛ.
Botae ahorow a ɛfata bɛn ara ni! Nanso wiase mu nnipa bedu botae ahorow yi ho da bi? Susuw akwanside ahorow a esiw mmɔden a nnipa bɔ sɛ wobeyi ohia afi hɔ no bi ho hwɛ.
Ɔkɔm ne Aduan Pa a Wonnya Nni
Ayembe a ɔte Zaire, wɔ abusuafo 15 a ɔhwɛ wɔn. Ɛtɔ mmere bi a abusua no tumi didi pɛnkoro da koro—koko a wɔde bankye ahaban, nkyene, ne asikre agu mu. Ɛtɔ mmere bi a nnanu anaa nnansa na wonnyaa biribi nnii. Ayembe ka sɛ: “Metwɛn kosi sɛ mmofra no besu ahwehwɛ aduan ansa na manoa.”
Wɔn tebea no nyɛ soronko. Wɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu no, nnipa 5 biara mu 1 da kɔm anadwo biara. Wiase nyinaa no, bɛyɛ nnipa ɔpepem 800—a wɔn mu ɔpepem 200 yɛ mmofra—yɛ wɔn a wonnya aduan pa nni koraa. Saa mmofra yi ntumi nnyin yiye; wɔtaa yareyare. Wɔmmɔ mmɔden wɔ sukuu mu. Ne saa nti, wohu saa nneɛma yi ho amane bere a wɔanyinyin no. Enti, mpɛn pii na ohia mma wonnya aduan pa nni, na ɛno nso ma ehia wɔn.
Ohia, ɔkɔm, ne aduan pa a wonnya nni a ɛwɔ hɔ kɛse no sɛe mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔnam amammui, sikasɛm, ne asetram nhyehyɛe so beyi afi hɔ no. Nokwarem no, tebea no nyɛɛ yiye, ɛresɛe mmom.
Akwahosan Pa a Wonni
Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde kyerɛ no, ohia yɛ “yare a ɛyɛ hu sen biara wɔ wiase,” na ɛne “ade biako a ɛde owu, yare, ne amanehunu ba sen biara.”
An Urbanizing World: Global Report on Human Settlements 1996 (Wiase Nkurow Akɛse: Wiase Nyinaa Amanneɛbɔ a Ɛfa Nnipa Atrae Ho 1996) nhoma no kae sɛ, anyɛ yiye koraa no, na nnipa ɔpepem 600 tete adan a enye mu wɔ Latin Amerika, Asia, ne Afrika—wonni nsu pa, wonni baabi pa a wɔtow nwura ne nsufĩ gu—ma enti wɔn nkwa ne wɔn akwahosan da asiane mu bere nyinaa. Nnipa bɛboro ɔpepepem biako na wonnya nsu pa nnom wɔ wiase nyinaa. Nnipa ɔpepehaha pii na wonnya nnuan a ɛfata nni. Eyinom nyinaa ma ɛyɛ den ma ahiafo sɛ wobesiw nyarewa ano.
Mpɛn pii na ahiafo ntumi nsa wɔn ho yare nso. Sɛ ahiafo yare a, ebia wontumi ntua nnuru ne ayaresa ho ka. Ahiafo wuwu ntɛm; ebia wɔn a wɔtra ase kyɛ no de nyarewa a wontumi nsa na ɛtra ase.
Zahida, obi a ɔtɔn nneɛma wɔ gua so wɔ Maldives ka sɛ: “Ohia bɔ yare, na ɛmma wuntumi nyɛ adwuma.” Nokwarem no, adwuma a wonnya nyɛ de ohia buruburoo na ɛba. Nea ɛde ba ne atirimɔdensɛm ne awudisɛm a ohia ne nyarewa hyɛ mu den no.
Adwuma a Wonnya Nyɛ ne Akatua a Esua
Ade foforo a ɛde ohia ba ne adwuma a wonnya nyɛ. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 120 a wobetumi ayɛ adwuma wɔ hɔ a wonnya adwuma nyɛ. Na nnipa bɛyɛ ɔpepem 700 foforo wɔ hɔ a wɔtaa de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma na wogye akatua ketewaa bi a entumi nni wɔn asetram ahiade atitiriw ho dwuma.
Rudeen ka sakre tasii wɔ Cambodia. Ɔka sɛ: “Me fam de nea ohia kyerɛ ne sɛ mede bɛboro nnɔnhwerew 18 bɛyɛ adwuma da koro, nanso minnya sika a mede bɛtɔ me ne me yere ne me mma baanu ano aduan.”
Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia a Wɔsɛe No
Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no de ohia ba. Elsa a ɔyɛ nhwehwɛmufo wɔ Guyana wɔ Amerika Kesee fam kae sɛ: “Ohia yɛ abɔde mu nneɛma a wɔsɛe no: kwae, asase, mmoa, nsubɔnten ne atare.” Awerɛhosɛm foforo nso ni—ohia ma wɔsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, na ɛno ma ohia no yɛ kɛse.
Asasebere a wodua so nneɛma bere tenten kosi sɛ ɛbɛsɛe anaasɛ wɔde bɛyɛ biribi foforo no yɛ ade a wɔayɛ fi tete. Saa ara na kwae a wobu gu te—kwae a wobu mu nnua de yɛ nnyina anaasɛ wɔde yɛ mfuw dua mu nnɔbae. Esiane sɛ asase so nnipa redɔɔso nti, tebea no mu ayɛ den yiye.
Sɛnea Amanaman Ntam Foto Ma Kuadwuma Nkɔso kyerɛ no, mfe 30 a atwam no, ɛkame ayɛ sɛ wiase ahwere asasebere ani dɔte ɔha biara mu 20, ne titiriw no, esiane sika ne nyansahu mu nimdeɛ a wonni a wɔde bɛkora so nti. Saa bere koro no ara no, nsase pa hekta ɔpepem pii na adan asasenini esiane nsubura a wɔde gugu nnɔbae so a wɔanyɛ no yiye anhwɛ so yiye nti. Na afe biara wobu kwae hekta ɔpepem pii gu de yɛ mfuw anaasɛ wɔde nnua no yɛ ntaboo anaa nnyina.
Akwan abien so na adesɛe yi nam de ohia ba. Nea edi kan, ɛhyɛ ahiafo ma wɔsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia esiane sɛ wohia aduan ne nnyina nti. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi aka sɛ ɔrehwehwɛ nkɔso pa ne yiyedi ama nnipa a ɔkɔm ne ohia ahyɛ wɔn ma wɔresɛe asase so nneɛma na ama wɔatumi atra ase mprempren no asefo a wɔbɛba akyiri yi no? Nea ɛto so abien, mpɛn pii na adefo sɛe ahiafo nneɛma de pɛ mfaso. Enti asase so nneɛma a adefo ne ahiafo sɛe no no de ohia kɛse ba.
Nhomasua
Alicia a ɔyɛ aban adwuma wɔ kurow kɛse mu wɔ Philippines, kae sɛ: “Ohia te sɛ ɔbea bi a ɔma ne mma kɔsrɛ ade wɔ kar ho sen sɛ ɔbɛma wɔn akɔ sukuu esiane sɛ sɛ wanyɛ saa a wɔrennya biribi nni nti no. Ɛna no nim sɛ ɔkwan a ɔfaa so a ankɔ yiye amma no no ara na ɔrema ne mma afa so no, nanso ɔkwan biara nni hɔ a obetumi afa so asesa tebea no.”
Mmofra bɛyɛ ɔpepem 500 na wonnya sukuu nnkɔ. Mpanyimfo ɔpepepem biako na wonnim akenkan ne akyerɛw. Sɛ wunnim nhoma a, ɛyɛ den sɛ wubenya adwuma pa ayɛ. Enti ohia mma nkurɔfo nsua nhoma, na ɛma wodi hia kɛse.
Adan
Adan ho yɛ na wɔ aman a ahia wɔn mu, na ɛte saa wɔ aman a wodi yiye bi mpo mu. Amanneɛbɔ bi ka sɛ New York Kuropɔn mufo bɛyɛ mpem ahanu aduonum na wɔtraa wɔn a wonni afie atrae bere bi wɔ mfe anum a atwam no mu. Ahiafo wɔ Europa nso. Wɔ London no, nnipa bɛyɛ 400,000 na wɔakyerɛw wɔn din sɛ wonni baabi te. Wɔ France no, nnipa mpem ahanum na wonni afie a wɔte mu.
Tebea no nye koraa wɔ aman a ennyaa nkɔso pii no mu. Nnipa tu kɔ nkurow ne nkuropɔn mu, a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nnuan, nnwuma, ne asetra pa. Wɔ nkuropɔn bi mu no, emu nnipa bɛboro ɔha biara mu 60 na wɔte adangow mu. Enti nkuraasefo hia ma nkurow akɛse mu hia yɛ kɛse.
Nnipa Dodow
Nea ama saa ɔhaw ahorow yi nyinaa ayɛ kɛse ne nnipa a wɔredɔɔso. Nnipa a wɔwɔ wiase dodow abu abɔ ho bɛboro mpɛn abien wɔ mfe 45 a atwam no mu. Amanaman Nkabom bu akontaa sɛ ebedu afe 2000 no na nnipa dodow akɔ soro akodu ɔpepepem 6.2, na ebedu 2050 no na adu ɔpepepem 9.8. Wiase mmeae a wodi hia buruburoo no na nnipa redɔɔso wɔ hɔ ntɛmntɛm. Bɛyɛ mmofra ɔpepem 90 a wɔwoo wɔn wɔ 1995 mu no emu ɔpepem 85 na wɔwoo wɔn wɔ aman a wontumi nhwɛ wɔn yiye mu.
So wugye di sɛ adesamma bɛyɛ biako mpofirim ayi ohia afi hɔ koraa denam ɔkɔm, nyarewa, adwuma a wonnya nyɛ, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no, nhoma a nkurɔfo nsua, adan pa a wonni, ne ɔko ho dwuma a wobedi so so? Ebia wunnye nni.
So eyi kyerɛ sɛ tebea no yɛ nea anidaso biara nnim? Dabi, efisɛ ano aduru abɛn, na ɛbɛba ɔkwan biara so. Nanso ɛnnam nnipa mmɔdenbɔ so. Ɛnde ɛnam ɔkwan bɛn so? Na Yesu nsɛm a ɔkae sɛ: “Ahiafo wɔ mo nkyɛn daa” no nso ɛ?
[Kratafa 7 adaka]
Ahiafo mu Ahiafo
Wɔ 1971 mu na Amanaman Nkabom no de asɛm “aman a ennyaa nkɔso koraa” kaa “aman a ennyaa nkɔso pii no mufo a wodi hia buruburoo na wɔn sikasɛm nye koraa” no ho asɛm. Saa bere no na aman a ɛte saa no yɛ 21. Seesei, ɛyɛ 48, na emu 33 wɔ Afrika.
[Kratafa 5 mfonini]
Nnipa ɔpepem pii de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma gye akatua ketewaa bi
[Asɛm Fibea]
Godo-Foto
[Kratafa 6 mfonini]
Ahonyafo ne ahiafo nyinaa te faako
[Kratafa 7 mfonini]
Nnipa ɔpepem pii tete adangow mu