Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
“MUNNSURO, na hwɛ, mede asɛmpa a ɛyɛ anigye pii na ɛbɛ- yɛ ɔman nyinaa dea merebrɛ mo.” (Luka 2:10) Nguanhwɛfo a wɔn ho adwiriw wɔn a na wɔbɛn Betlehem no na wɔtee nsɛm a ɛma denhyɛ yi anadwo a wɔwoo Yesu no. Nea ɛne saa asɛm no hyia no, Yesu sii “asɛmpa” no so dua kɛse wɔ n’asase so som adwuma no mu. Ɛnnɛ, bere a yɛde yɛn ho to sika so kɛse de di yɛn ahiade ahorow ho dwuma no, ɛbɛyɛ dɛn na Yesu ho asɛmpa no so aba yɛn mfaso?
Yesu Kristo kaa ‘asɛmpa no kyerɛɛ ahiafo.’ (Luka 4:18) Sɛnea Mateo 9:35 kyerɛ no, “Yesu kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa.” Na n’asɛm no yɛ denhyɛ ma ahiafo titiriw. “Na ohuu nkurɔfo akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Ampa, Yesu kae sɛ, “Ahiafo de, mowɔ wɔn mo nkyɛn daa,” nanso ɛnsɛ sɛ yegyina saa asɛm yi so ka sɛ anidaso biara nni hɔ ma ahiafo. (Yohane 12:8) Bere tenten a saa wiase bɔne yi kɔ so tra hɔ no, ahiafo bɛwɔ hɔ, ɛmfa ho nea ɛde wɔn tebea no ba no. Onyankopɔn Asɛm nka sɛ ohia nni hɔ, nanso ɛmfa adwene nsi emu nneɛma a ɛmfata no so. Mmom, ɛde sɛnea ahiafo begyina asetra mu dadwen ahorow ano ho mmoa ma.
Mmoa ma Ahiafo
Wɔtaa ka sɛ: “Ɔhaw biara nni hɔ a ɛyɛ den sɛ obi begyina ano sen sɛ ɔbɛte nka sɛ obiara nnwen ne ho anaa ɔnte n’ase.” Nanso, ɛmfa ho sɛ nnipa pii nni ayamhyehye no, asɛmpa da so ara wɔ hɔ ma ahiafo—ɛnnɛ ne daakye nyinaa.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa pii ani nnye ho sɛ wɔbɛboa ahiafo. Sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, ebinom gye di sɛ “ɔman mu mpapahwekwa di sɛnea wobetumi atra nkwa mu ho apere na . . . nnipa a wɔkorɔn no nya tumi ne sika pii.” Ebia wɔn a wogye nkyerɛkyerɛ yi a wɔfrɛ no social Darwinism no di no bebu ahiafo sɛ wɔyɛ anihafo anaasɛ wɔn a wɔsɛe sika kɛkɛ. Nanso, ɛmfa ho sɛ apaafo a wɔtete nkura ase, adwumayɛfo a wɔyɛ atubrafo, ne afoforo gye akatua a enye no, wɔtaa yɛ adwumaden de hwɛ wɔn mmusua.
Ohia abu so wɔ nsase pii so. Enti, wɔmma ahiafo—wɔn mu fã kɛse no ara—nte nka sɛ ensii wɔn yiye. Nanso, wɔ nsase a ɛte saa so no nnipa bi wɔ hɔ a wodi yiye wɔ ahiafo no mu. Wɔ mmeae a adangow abu so a nnipa akyere so wɔ hɔ na ɛhɔnom ntew no, adan a ɛyɛ fɛ nso wɔ hɔ. Mmarima a wogye akatua pa ka kar a ne bo yɛ den fa akwan a ahiafo ne wɔn a wonnya adwuma nyɛ ahyɛ so ma so. Wɔ nsase a ɛtete saa so no, ɛma ahiafo no di yaw wɔ wɔn tebea no ho. Nokwarem no, The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ɛnyɛ aduan pa, adan pa ne ayaresa a ɛsɛ a ahiafo no nnya nko na ɛma wohu amane, na mmom wɔn tebea no a wɔdwennwenne ho bere nyinaa no nso. Esiane sɛ wonnya adwuma pa nyɛ nti, wɔhwere nidi ne obu a wɔwɔ ma wɔn ankasa ho no koraa.” Ɛnde, ɔkwan bɛn na wɔn a wodi hia buruburoo no mu bi fa so gyina wɔn tebea no ano? Dɛn na Yesu ho asɛmpa no wɔ yɛ wɔ ano a wobegyina no ho?
Nea edi kan no, kae sɛ ohia no bɛyɛ kɛse denam nneyɛe a nyansa nnim so. Susuw nhwɛso ahorow bi ho. Valdecir ka sɛ, bere a na ne yere ne ne mma nkumaa nnya aduan pii nni no, na ɔsɛe sika wɔ ahohwibra ho. Ɔka sɛ: “Ɛmfa ho sɛ na meyɛ adwuma no na minni sika, nanso bere biara na loto tekiti ahorow wɔ me kotoku mu.” Esiane asabow ne sigaretnom nti, Milton adwuma a na emu adwumayɛfo yɛ 23 no gui. Ɔka sɛ: “Medaa abɔnten anadwo pii, na mintumi nkɔ fie, na me nti m’abusua huu amane kɛse.”
João nso sɛee n’akatua wɔ ahohwibra ho. “Ná menna fie anadwo. Ná akatua a migye no sua ma m’ahohwibra ne mmaapɛ no. Tebea no mu bɛyɛɛ den, na me yere hwehwɛɛ aware mu ntetewmu.” Wɔ sikasɛm ne n’aware mu haw akyi no, na ohyia ɔhaw afoforo pii nso. Ɔka sɛ: “Mehaw m’abusuafo ne m’afipamfo, na ne titiriw no na mewɔ ɔhaw wɔ adwuma mu. Esiane ɛno nti, bere biara na minnya adwuma nyɛ.” Ná Júlio nom nnubɔne. Nanso, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ na m’akatua ntumi ntɔ nnubɔne a mihia no nti, mifii ase tɔn nnubɔne sɛnea ɛbɛyɛ a merentɔ bi.”
Esiane sɛ wɔtetee José wɔ abusua a na nnipa baawɔtwe wom na wodi hia mu nti, na ɔhwehwɛ sɛ obenya biribi a ɛbɛyɛ n’ankasa de. Esiane sɛ osusuw sɛ ne tebea no rensakra nti, ɔne mmofra afoforo fii ase twaa nkurɔfo dwow. Abasamtu nti, abofra foforo bɛyɛɛ kuw bi a wɔfrɛ wɔn Headbangers no muni. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ na yɛn mu dodow no ara di hia buruburoo nti, yenyaa abotɔyam bi wɔ nneɛma a na yɛsɛe ne nkurɔfo a yɛtow hyɛ wɔn so no mu.”
Nanso, ɛnnɛ, saa mmarima yi ne wɔn mmusua nni hia buruburoo bio na wɔnte ɛyawdi ne abufuw nka. Wɔnyɛ nkurɔfo a wonni mmoa anaasɛ anidaso bio. Dɛn ntia? Efisɛ wosuaa asɛmpa a Yesu ka kyerɛe no. Wɔde Bible mu afotu no dii dwuma, na wɔde wɔn ho bɔɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu nnipa a wɔne wɔn adwene hyia no. Na wosuaa nneɛma atitiriw bi faa ahonyade ne ohia ho.
Nea Ɛboaa Wɔn Ma Wogyinaa Ohia Ano
Nea edi kan no, wohui sɛ sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma a, nneɛma bɔne a ɛde ohia ba no so bɛtew. Bible no kasa tia abrabɔ bɔne, asabow, kyakyatow, ne nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so. (1 Korintofo 6:9, 10) Nneɛma a ɛtete saa no sɛe sika. Ebetumi ama sikani adan hiani, na ama hiani adi hia kɛse mpo. Nneɛma bɔne yi ne afoforo a ɛte saa a wɔpow no boa kɛse ma abusua bi sikasɛm yɛ papa.
Nea ɛto so abien no, wohui sɛ nneɛma bi wɔ asetra mu a ɛsom bo sen ahonyade. Wɔda adwene a ɛkari pɛ adi wɔ nsɛm a efi honhom mu yi mu: “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.” (Ɔsɛnkafo 7:12) Yiw, sika ho hia. Nanso, nyansa ne Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a egyina Bible so no ho hia kɛse. Nokwarem no, wɔ obi a onnim nyansa fam no, sika a obenya no pii no betumi ayɛ ɔhaw te sɛ nea onni sika ara pɛ. Bible kyerɛwfo no bɔɔ mpae nyansam sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade, ma minnya m’aduan a ehia me no minni; na mammee mampa wo manka sɛ: Hena ne [Yehowa]? Nanso manni hia manwia ade mamfom me Nyankopɔn din.”—Mmebusɛm 30:8, 9.
Nea ɛto so abiɛsa no, wohui sɛ sɛ obi ma n’asetra ne asɛmpa a Yesu kaa ho asɛm no hyia a, ɔrente nka da sɛ wɔapow no. Asɛmpa no fa Onyankopɔn Ahenni no ho. Wɔfrɛ asɛm no “ahenni no ho asɛmpa,” na wɔreka no wiase nyinaa wɔ yɛn bere yi mu. (Mateo 24:14) Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛde yɛn ho to saa Ahenni no so a, wɔbɛboa yɛn. Ɔkae sɛ: “Monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne [Onyankopɔn] trenee kan, na wɔde nneɛma afoforo yi nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33, NW) Onyankopɔn mfa kar a ɛwɔ bo kɛse ne afie a afɛfɛde wom kɔsɔɔ nhyɛ bɔ. Ná Yesu reka asetra mu ahiade ahorow, nneɛma te sɛ aduan ne nea yɛde kata yɛn ho, ho asɛm. (Mateo 6:31) Nanso nnipa ɔpepem pii betumi adi adanse nnɛ sɛ Yesu bɔhyɛ no yɛ nea wotumi de ho to so. Sɛ obi a odi hia buruburoo mpo de Ahenni no di kan wɔ n’asetra mu a, wɔrempow no koraa.
Nea ɛto so anan no, wohui sɛ sikasɛm mu ahokyere mma obi a ɔde Onyankopɔn Ahenni di kan no nni yaw. Yiw, ɛsɛ sɛ ohiani yɛ adwumaden. Nanso sɛ ɔsom Onyankopɔn a, ɔne ne Bɔfo, a Bible ka ne ho asɛm sɛ: “Wanserew na wankyi ɔmanehunufo amane, na wanyi n’anim anhintaw no, na osu frɛɛ no no, otiei” no wɔ abusuabɔ pa. (Dwom 22:24) Nea ɛka ho no, ohiani nya mmoa a ɔde begyina asetra mu haw ahorow ano. Ɔne ne mfɛfo Kristofo nya abusuabɔ pa, na ɔwɔ Yehowa apɛde a wɔda no adi ho nimdeɛ ne awerɛhyem. Nneɛma te sɛ eyinom ‘yɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii.’—Dwom 19:10.
Awiei Koraa no, Ohia Rentra Hɔ Bio!
Awiei koraa no, nnipa a wotie asɛmpa no hu sɛ Yehowa Nyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔnam n’Ahenni no so bedi ɔhaw a ɛne ohia ho dwuma koraa. Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, na abrɛfo anidaso ayera.” (Dwom 9:18) Ahenni no yɛ nniso ankasa a wɔde asi soro a Yesu Kristo ne Sodifo. Ɛrenkyɛ, saa Ahenni no besi nnipa nniso ananmu na ahwɛ nnipa nsɛm so. (Daniel 2:44) Afei, sɛ Ɔhene a wɔde no asi ahengua so no, Yesu ‘bɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.’—Dwom 72:13, 14.
Mika 4:3, 4 reka saa bere no ho asɛm no, ɛka sɛ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase na obi bi renyi wɔn hu, efisɛ asafo [Yehowa] ano na aka.” Henanom na wɔka wɔn ho asɛm wɔ ha no? Ɛyɛ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ Onyankopɔn Ahenni ase no nyinaa. Saa Ahenni no bedi ɔhaw ahorow a ɛto adesamma no nyinaa ho dwuma—ɔhaw a ɛne ɔyare ne owu mpo no. “Ɔbɛmene owu akosi daa, na Amansan Hene Yehowa bɛpopa ani nyinaa so nusu.” (Yesaia 25:8, NW; 33:24) Hwɛ soronko ara a saa wiase no bɛyɛ! Na kae sɛ, yebetumi agye saa bɔhyɛ ahorow yi adi efisɛ Onyankopɔn ankasa na wɔma wɔkyerɛwee. Ɔka sɛ: “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.”—Yesaia 32:18.
Ahotoso a obi nya wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no di obu a onni mma ne ho a ohia taa de ba no so. Kristoni a odi hia nim sɛ ne ho hia ma Nyankopɔn te sɛ Kristoni a ɔwɔ sika ara pɛ. Onyankopɔn dɔ wɔn baanu nyinaa pɛpɛɛpɛ, na wɔn nyinaa wɔ anidaso koro. Wɔn baanu nyinaa de ahopere hwɛ bere a ohia bɛyɛ ade a atwam wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase kwan. Hwɛ anigye ara a saa bere no bɛyɛ! Awiei koraa no, obiara renni hia!
[Kratafa 5 mfonini]
Dɛn nti na wosɛe sika wɔ kyakyatow, sigaretnom, mmosa, nnubɔne, anaa ahohwibra ho?
[Kratafa 7 mfonini]
Yehowa Nyankopɔn nam n’Ahenni no so bedi ɔhaw ahorow a ohia de ba no ho dwuma