Ohia Awiei Abɛn
DƐN na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Ahiafo wɔ mo nkyɛn daa” no? (Mateo 26:11) So na ɔkyerɛ sɛ ohia bɛtra hɔ daa a wɔrennya ano aduru biara?
Na Yesu nim sɛ bere tenten a mprempren nhyehyɛe a nnipa di so yi da so wɔ hɔ no, ohia nso bɛwɔ hɔ. Na onim sɛ onipa nniso anaa sikasɛm anaa asetram nhyehyɛe biara ntumi nyi mfi hɔ koraa. Na abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ di eyi ho adanse.
Wɔ adesamma asetram mfe mpempem mu no, wɔasɔ nniso, sikasɛm ne asetram nhyehyɛe biara ahwɛ, nanso ohia da so ne yɛn te. Nokwarem no, ɛmfa ho nkɔso a aba wɔ nneɛma te sɛ nyansahu, mfiridwuma, ne nnuruyɛ mu no, nokwasɛm ne sɛ nnipa a ohia ka wɔn no kɔ so dɔɔso wɔ wiase nyinaa.
Na Yesu nim nneɛma pii a ɛde ohia ba te sɛ ɔkɔm, ɔpɛ, ntua a asraafo a wɔyɛ atamfo de ba, sikasɛm nhyehyɛe a wonni ho dwuma yiye, nhyɛso a adefo ne wɔn a wɔwɔ tumi de ba ahiafo ne mmɔborɔwa so, asiane ne nyarewa, ne okununom a wowuwu gyaw nyisaa ne akunafo a ahia wɔn yiye no. Afei nso, na onim sɛ nkurɔfo nam subammɔne te sɛ akwadworɔ, asabow, kyakyatow, ne nnubɔnenom so tumi de ohia ba wɔn ne wɔn mmusua so.
Enti bere a Yesu kae sɛ “ahiafo wɔ mo nkyɛn daa” no, na ɔkyerɛ sɛ ɛboro wiase yi mu ahyehyɛde ahorow no mu biara ahoɔden so sɛ wobeyi ohia afi hɔ. Na ɔkyerɛ sɛ bere tenten a mprempren nhyehyɛe a nnipa di so yi wɔ hɔ no, ahiafo bɛwɔ hɔ.
Ɛwom sɛ ohia fi tete de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ Yesu anaa ne soro Agya nni tema mma ahiafo. Saa ara na ɛnsɛ sɛ yegyina Yesu nsɛm no so ka sɛ ohia bɛtra hɔ daa. Ɛsono nea Bible ka wɔ asɛm yi ho koraa.
Ohia ne Mose Mmara No
Sɛ nhwɛso no, susuw Mmara a Onyankopɔn nam Mose so de maa tete Israel man no ho hwɛ. Ná Mmara no nsiesiei biako ne sɛ wɔbɛma Israelfo abusua biara agyapade a ɛyɛ asase wɔ Kanaan. (Deuteronomium 11:8-15; 19:14) Lewifo nkutoo na wɔamma wɔn bi. Mmom no, esiane adwuma soronko a na wɔyɛ wɔ asɔrefie hɔ nti, asase no so nnɔbae mu abupɛn du mu biako a na wɔde ma wɔn no na na wɔde hwɛ wɔn ho.—Numeri 18:20, 21, 24.
Afei nso, Mose Mmara no ase adedi ho mmara no hwɛ maa asase no kaa abusua a wɔde maa wɔn no hɔ. (Numeri 27:8-11) Sɛ na ɔbarima bi tɔn n’asase mpo a, na ebedi ne wura foforo no hɔ bere tiaa bi. Bere bi akyi no, na wɔbɛsan de asase no ama nea ɔtɔnee no abusuafo.
Wɔ wɔn a esiane nneɛma bi te sɛ wɔn asase a wɔnhwɛ so yiye anaa wɔn nneɛma a wɔsɛe no nti wɔdan ahiafo fam no, Mmara no maa wɔn kwan sɛ wobetumi adi mpɛpɛw wɔ afoforo mfuw, nnuaba, ne wɔn bobe mu. (Leviticus 23:22) Afei nso, na Israelni a ahia no no betumi abɔ bosea a ontua nsiho. Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ woyi ayamye adi kyerɛ ahiafo.—Exodus 22:25.
Yesu Susuw Ahiafo Ho
Mfehaha pii akyi bere a Yesu baa asase so no, ɔkɔɔ so daa ayamye a na wasua afi N’agya, Yehowa, hɔ no adi. Yesu maa honam fam ahiafo ho asɛm hiaa no. Ná ɔne n’asuafo no wɔ foto a woyi mu sika ma Israelfo a ahia wɔn no.—Yohane 12:5-8.
Bere a wokum Yesu akyi no, Kristofo no susuw ahiafo ho saa ara bere a wɔde honam fam nneɛma maa wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea titiriw no. (Romafo 15:26) Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ fi ɔdɔ mu susuw wɔn ho wɔn ho saa ara.
Nanso, bere a Bible ka sɛ wonnyi mmɔborohunu adi nkyerɛ wɔn a wɔwɔ tebea horow a emu yɛ den mu no, ɛkasa tia wɔn a esiane akwadworɔ nti ‘wodi wɔn ankasa honam’ no. (Ɔsɛnkafo 4:1, 5) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.” (2 Tesalonikafo 3:10) Saa ara na wɔn a wɔsɛe wɔn sika wɔ nneɛma te sɛ nnubɔne, tawa, anaa sadweam ho no betumi adi hia. Wɔn ankasa nneyɛe bɔne na ɛde eyi ba; ‘wɔretwa nea wɔagu’ ankasa.—Galatifo 6:7.
Ahobammɔ a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
Bible da no adi sɛ Onyankopɔn ani kũ wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no asetra ho titiriw. Sɛ nhwɛso no, Dawid ka wɔ Dwom 37:25 sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akora, nanso minhuu onipa trenee a wɔapa no anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” Wɔnhyɛɛ nnipa a wɔdɔ trenee bɔ sɛ wobenya wɔn ho, nanso nea yɛreka wɔ ha ne sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ ma wɔanya wɔn honam fam nneɛma a ɛfata a ɛbɛma wɔatumi atra ase. Na dwom koro no ara nkyekyem 28 ka sɛ: “[Yehowa, NW] dɔ atemmu, na ɔrennyaw n’ahotefo.”
Yesu yɛɛ pii sen susuw a osusuw ahiafo ho denam boa a ɔboaa wɔn honam fam bere a na ɔwɔ asase so no. Ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ bere tenten a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde no, Onyankopɔn bɛhwɛ sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔn nsa bɛka wɔn ahiade kakra, mprempren ne daakye. Yesu kaa nea edi so yi:
“Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa? . . . Na adɛn na mudwinnwen ntama ho? Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mise mo sɛ, Salomo anuonyam nyinaa mu po wankekã ne ho sɛ eyinom mu biako. Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua? Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? . . . Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo.”—Mateo 6:26-32.
Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran de asɛm no baa awiei sɛ: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Nkuranhyɛ pa bɛn ara na eyi yɛ ma wɔn a ahia wɔn nanso wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no! Hyɛ no nsow nso sɛ Yesu daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo ma Onyankopɔn Ahenni yɛ wɔn asetram ahiade titiriw. Na Yesu nim sɛ bere a Onyankopɔn soro Ahenni bedi asase nyinaa so koraa no—saa bere no nkutoo—na ohia befi hɔ.
Ɛne Yɛn Rentra Daa
Enti, Yesu kaa daakye anidaso a ɛyɛ anigye ho asɛm. Enti bere a ɔkae sɛ “ahiafo wɔ mo nkyɛn daa” no, na ɔreka mprempren nhyehyɛe a ɛwɔ nnipa nniso ase asetra ho asɛm. Na ɛnyɛ Onyankopɔn soro Ahenni nniso a ɛbɛba daakye mu asetra ho asɛm na na ɔreka. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɛnyɛ daa na ne werɛ befi ohiani, na abrɛfo anidaso ayera.” (Dwom 9:18) Na sɛ Onyankopɔn Ahenni so Hene no, Kristo Yesu remma kwan mma obiara nsisi afoforo nhyɛ wɔn so.
Yesu de Onyankopɔn soro Ahenni nniso no yɛɛ n’asɛmti titiriw wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. (Mateo 4:17) Wɔ Ahenni nniso no ase no, asase so tebea ahorow bɛsɛ ɔsoro de. Ɛno nti na ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no.—Mateo 6:10.
Ɛbɛyɛ dɛn na ɛno aba? Ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ obeyi mprempren nhyehyɛe a nnipa di so no nyinaa afi asase so na ɔde ne soro Ahenni asi ananmu. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 no ka sɛ: “Na ahene [a wɔwɔ hɔ mprempren] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so [nnipa nniso rentra hɔ bio], na ebebubu [mprempren] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.”
Afei, wɔ wiase foforo a ɛwɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase mu no, wɔbɛdan asase nyinaa paradise a nneɛma pa pii wom, na wɔrenhu ohia ho nkekae biara bio. Hyɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛfa tebea ahorow a ɛbɛba saa bere no nsow:
“Asafo [Yehowa, NW] bɛtow aman nyinaa pon . . . sradeduan, nsã a akyɛ, srade ne hon, nsã a wɔasɔn so.” (Yesaia 25:6) “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, ɛso aba bɛwosow.” (Dwom 72:16) “Mɛma osu atɔ ne bere mu; ɛbɛyɛ nhyira su; na petee mu nnua bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na wɔn ho adwo wɔn, wɔn asase so.” (Hesekiel 34:26, 27) “Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.” (Dwom 67:6) “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.
Afei nso, Mika 4:4 hyɛ bɔ sɛ: “Wɔbɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.” Wɔn nyinaa benya wɔn afie: “Wobesisi adan atra mu, . . . Wɔrensisi adan mma obi ntra mu.” (Yesaia 65:21, 22) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu tumi hyɛɛ wɔn a wogyee ne nkyerɛkyerɛ dii bɔ sɛ: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.”—Luka 23:43.
Yiw, Onyankopɔn ankasa Asɛm a efi honhom mu kyerɛkyerɛ pefee sɛ wobeyi ohia afi hɔ koraa. Na saa bere no rebɛn, efisɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ saa wiase yi wɔ ne “nna a edi akyiri” mu seesei, na ɛwɔ “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Ɛrenkyɛ wobeyi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi afi hɔ koraa, na wobeyi ohia afi hɔ afebɔɔ—a ɛnnam onipa mmɔdenbɔ so na mmom Onyankopɔn so. Ɔhene Yesu Kristo ‘begye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa.’—Dwom 72:12, 13.
[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]
Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, obiara benya dan pa ne aduan pii
[Kratafa 10 mfonini]
Wɔ wiase foforo mu no, ɔkɔm renne mmofra bio