Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 8/8 kr. 3-5
  • Wubu Ohia Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubu Ohia Dɛn?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wubetumi Ahu?
  • Wohu sɛ Wɔyɛ Ahiafo
  • Adefo Sen Sɛnea Wosusuw
  • Ɔkwan Bɛn So na Eyi Boa?
  • Nea Ɛwɔ He na Wobɛpɛ?
  • Ohia Ho Asɛm A Ɛyɛ Den No—Ano Ankasa A Wobesiw
    Nyan!—1982
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Ɛnkyɛ, Obiara Renni Hia!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Ohia Ano Aduru Koraa a Wobenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 8/8 kr. 3-5

Wubu Ohia Dɛn?

CARMEN yɛ ɛnã a ɔwɔ mma dunsia. Ná ne kunu yɛ ɔsadweam. Bere a owui no, ogyaw mmofra baakron a wɔda so susua guu no so, a na sika biara mfi baabi mma. Dɛn na wobɛka sɛ ɛne nea ɛbɛma watumi atra ase wɔ abrabɔ mu na wanya asomdwoe?

Awiei koraa no, Carmen ne ne mma no tumi nyaa anigye wɔ asetra mu a ɛmfa ho sɛ ɔyɛ ohiani. Ɔkwan a ɔfaa so, ne nea ɛmaa no ahoɔden ma ɔde yɛɛ saa no de nhwɛso a ɛhyɛ nkuran ma wɔn a ɛsɛ sɛ wogyina ohia ano no. Nanso ansa na yɛbɛbɔ Carmen asɛm no ho nkɔmmɔ no, momma yɛnkyerɛ yɛn nsɛm no mu. Wote asɛmfua “ohia” ase dɛn?

So Wubetumi Ahu?

Wɔkyerɛ “ohia” ase sɛ “sika anaasɛ agyapade a obi nni.” Nanso ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubehu bere nyinaa. Ná akwakora Simon Goldstein te sɛ obi a ahia no. Sɛnea atesɛm krataa amanneɛbɔ kyerɛ no, “ná bere biara ne ho ayɛ fi na na ɔte sɛ obi a ɔsrɛsrɛ ade.” Nanso, bere a owui no, polisifo hui sɛ na sika ayɛ baabi a ɛhɔ ayɛ basaa a ɔte no ma. Wogyaee kan bere a wonyaa dɔla 500,000 no!

Ɛwom, ná akwakora yi nyɛ obi a ɔsrɛsrɛ sika de. Nanso nokwasɛm no ne sɛ nnipa a wɔtete kwankyɛn srɛsrɛ ade wɔ wiase no mu dodow ara wɔ sika sen wɔn a wɔkyekyɛ wɔn ade no. Wɔ ɔkwan foforo so no, ebinom a wɔyɛ ahiafo ankasa no de wɔn hia no sie esiane ahantan anaa aniwu nti. Tete ɔhene Salomo kyerɛɛ sɛnea onipa su te no mu bere a ɔkae sɛ: “Obi yɛ ne ho defo, nso na onni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ ade pii.”​—Mmebusɛm 13:7.

Wohu sɛ Wɔyɛ Ahiafo

Bio nso, wobetumi asua ohia. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, susuw nkuraase baabi a nnipa no ɔfã kɛse no ara atete wɔn ho te wɔn nkuraase no ho. Wonya nnuan a wohia fi wɔn mfuw mu di, nanso ɛnyɛ nea ɛdɔɔso pii. Nneɛma a wohia da so ara yɛ kakraa bi, na wɔn ani sɔ nea wɔwɔ no. Afei nkuraasefo no bi tu kɔ kurow kɛse mu. Wonya sika na wɔtotɔ nneɛma ahorow a ná wonnya bi wɔ wɔn kurow no mu no. Bere bi akyi no, wɔsan kɔ a wɔhyehyɛ ntade ahorow a aba so, di sika, na wɔka sɛnea kurow kɛse mu yɛ dɛ no ho asɛm.

Afei nkuraasefo no te nka sɛ wɔrehwere biribi. Wɔn tebea no nsakrae nanso wɔn su asakra. Wɔayera abotɔyam a wɔwɔ no na, afei wɔte nka sɛ wɔyɛ ahiafo. Ade a ɛte sɛɛ asisi wɔ wiase aman pii so.

Adefo Sen Sɛnea Wosusuw

Nea etwa to koraa no, ohia gu ahorow araa ma wobetumi abu obi a ɔyɛ ohiani wɔ ɔman biako so no sɛ ɔdefo wɔ foforo so. Nanso ɔyɛ ohiani, sɛ wɔde no toto afoforo a wɔwɔ ne man mu no ho a.

Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔmansin a ahia wɔn sen biara wɔ ɔmantam a ohia wom sen biara no mu wɔ United States no, mmusua du mu awotwe yɛ wɔn a ohia aka wɔn. Nanso wɔn mu pii wowɔ television, mfiri a wɔde horo nneɛma ne mpo kar ahorow. Akyinnye biara nni ho sɛ mmusua ahorow yi mu pii ani nnye bere a wɔde wɔn ho toto wɔn man mufo a wɔyɛ adefo sen wɔn ho no. Nanso, ebia wɔn ani begye, sɛ ná wonim Tony ho asɛm a.

Tony yɛ agya a ɔwɔ mma baason, a ɔte Asia kesee fam apuei. Ɔte abansoro a ɛtoa so abien a adan awotwe na ɛwom so. Mmusua ahorow ason foforo na ɛne no te fie hɔ​—abusua biara dan biako. Tony nneɛma a ɔwɔ nyinaa bɛkɔ kar akyi, faako a wɔde nneɛma gu. Sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atra ase no, Tony yɛ ofirikafo a ɔyɛ adwuma da biara a bere kakraa bi na onya de da. Yiyedi ho nhyehyɛe biara nni faako a Tony te hɔ. Nanso n’asetra yɛ nea awerɛkyekye kakra wom sen Mohan de.

Hena ne Mohan? Abarimaa a wadi mfe asia wɔ kesee fam Asia. N’afuru ahon na onhu ade anadwo esiane aduan pa a onnya nni nti. Nsu a ɔnom nyɛ papa abɛyɛ sɛ onnidi mmee da wɔ ne nkwa nna tiaa no mu. Onni atade anaa ntama a ɔde kata ne honam ketewaa no so, onhuu dɔkta da, onhuu tiafidan, samina anaa anyinam ahoɔden kanea da.

Ɔkwan Bɛn So na Eyi Boa?

Anyɛ yiye koraa no ohia ho nhwehwɛmu yi ada nneɛma atitiriw abien adi a ebetumi aboa ahiafo pii ma wɔatumi atra ase wɔ ohia no mu. Nea edi kan ne anisɔ ma nea obi wɔ. Obi a n’ani sɔ nea ɔwɔ no wɔ anigye na n’adwene si pi sen obi a n’ani bere nneɛma a ne nsa ntumi nka mprempren.

Nea ɛto so abien, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yesusuw yɛn nhyira horow no ho. Nhyira horow bɛn? Sɛ yɛde yɛn ho toto wɔn a ahia wɔn sen yɛn no ho a, yebehu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛda ho ase.

Na so wunim sɛ adefo pii di awerɛhow kɛse sen ahiafo pii anaa?

Nea Ɛwɔ He na Wobɛpɛ?

Dɛn na ebetumi ayɛ yaw asen ohia? Susuw Anna awofo ho kakraa hwɛ. N’agya yɛ odwumayeni a ɔyɛ ɔdefo, na abusua no wɔ fie a ɛyɛ fɛ wɔ Europa baabi a ɛhɔ yɛ fɛ. Nanso, bere a Anna dii mfirihyia dunum na ofii ase nom nnubɔne. Mprempren wadi mfe 23 a n’adwene asɛe. Awerɛhow ne adwennwene kɛse da abusua a wɔwɔ sika yi so.

Wɔn asɛm yi nyɛ soronko. Nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ne nsã sɛe mmerante ne mmabaa pii, a wɔn mu pii fi mmusua a wɔwɔ sika mu. Ebia nea ɛyɛ awerɛhow kɛse mpo ne mmofra a wonnya nnii mfe aduonu a wokunkum wɔn ho no. Susuw abarimaa a wadi mfe 17 a wonim no yiye, ɔyɛ sukuuni a ɔbɔ mmɔden, a da koro bi wohuu no sɛ ɔsɛn dua bi so wɔ turo no mu a wɔkum ne ho no awofo nkate ho hwɛ. Wɔ United States no nkurɔfo ho dɔm a wodi ne ade a ɛto so abien a ɛde owu ba mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so so sen biara, na eyinom mu pii fi adefo mmusua mu. Susuw adwenemhaw a mmerante ne mmabaa yi nya a ɛma wɔyɛ ade a ɛte sɛɛ no ho​—amanehunu a wɔn awofonom sika ntumi nyɛ ho hwee.

Fa basabasayɛ a ɛyɛ hu wɔ abusua mu ho asɛm a nhwehwɛmufo kã; abusua no mufo a wɔbɛn a wɔhyɛ mmofra a wɔwɔ fie hɔ ne wɔn da, a ɛde adwenemhaw a ɛyɛ den yiye sɛ ebefi hɔ ba; ne awaregu ne nyinsɛn a wotu gu dodow a ɛrekɔ anim no ka eyi ho. Wubetumi ahu sɛ wɔ ohia akyi no nneɛma pii wɔ hɔ a ɛde amanehunu ba wɔ nnɛ wiase yi mu.

Ampa, ɔhaw ahorow yi wɔ afie a ohia wom nso mu. Nanso emu nea ɛwɔ he na wobɛpɛ sɛ woyɛ​—osikani a ɔwɔ abusua mu nsɛm a ɛhaw adwene kɛse anaa ohiani a ne yere dɔ no na ne mma bu no na wotie no? Bible abebusɛm no se: “Mfammiri a ɔdɔ wɔ mu ye sen nantwi a wadɔ na ɔtan wɔ mu.” (Mmebusɛm 15:17) Bere a mpɛn pii no sɛ́ obi yɛ osikani anaasɛ ohiani yɛ nea yentumi nyɛ ho hwee no, pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ​—sɛ́ yɛyɛ adefo anaa ahiafo​—ɛne sɛ yɛbɛma anigye ne ɔdɔ anya nkɔso wɔ yɛn mmusua mu. Ohiani a otumi yɛ eyi no wɔ ahonyade a ɛho yɛ nã na ɛsom bo.

Nanso, ohia yɛ ɔhaw a ano yɛ den. So ɔkwan bi wɔ hɔ a obi a ɔyɛ ohiani betumi afa so ama tebea a ano yɛ den a ohyia no ano abrɛ ase?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Onipa a n’ani sɔ nea ɔwɔ wɔ anigye sen obi a bere nyinaa ɔpere hwehwɛ nea nsa ntumi nka mprempren

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Sɛ yɛde yɛn ho toto wɔn a ahia wɔn sen yɛn no ho a, yebehu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛda ho ase

[Kratafa 5 adaka]

“Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa], ne Nyankopɔn, so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa, ɔno na ɔkora nokware daa. Obu atɛn ma wɔn a wodi wɔn amim, ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. [Yehowa] tu nneduafo. [Yehowa] bue anifuraefo ani, [Yehowa] ma wɔn a wɔakotow so gyina, [Yehowa] dɔ treneefo.”​—Dwom 146:5-8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena