Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 10/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Ohia Afa Wɔn Nnommum
    Nyan!—1998
  • Ohia Awiei Abɛn
    Nyan!—1998
  • Ohia
    Nyan!—2015
  • Ohia Ano Aduru Koraa a Wobenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 10/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Enti bere bi bɛba a obiara renni hia?

Ɔbaa bi a wasɔ ne ba mu; ɔbaa no kura kyɛnsee a hwee nnim

Dɛn na onyankopɔn bɛyɛ de ayi ohia afi hɔ?​—Mateo 6:9, 10.

Ohia buruburoo nti, afe biara ɔkɔm ne yareɛ kunkum nnipa mpempem pii. Ɛwom, aman bi di yie, nanso ohia da so ara dokoro nnipa pii. Bible no ma yɛhu sɛ ɛnyɛ nnɛ na ohia hyɛɛ ase.​—Kenkan Yohane 12:8.

Sɛ ohia to bɛtwa a, gye sɛ yɛnya aban a ɛbɛtumi ahwɛ ama asase so nneɛma akyɛ pɛ. Ade baako paa a ɛkɔfa ohia ba ne akokoakoko. Enti ɛsɛ sɛ saa aban no tumi ma akokoakoko nso to twa. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma yɛn aban a ɛte saa.​—Kenkan Daniel 2:44.

Hwan na ɔbɛtumi atu ohia ase koraa?

Onyankopɔn de ne Ba Yesu asi adwa so sɛ ɔnni nnipa nyinaa so hene. (Dwom 2:4-8) Yesu bɛgye ahiafo na ɔbɛma nhyɛso ne atirimɔdensɛm nyinaa to atwa.​—Kenkan Dwom 72:8, 12-14.

Bible ma yɛhu sɛ Yesu yɛ “Asomdwoeɛ Hene,” na ɔbɛma obiara anya asomdwoe ne ahobammɔ wɔ asase so. Saa bere no, obiara bɛsi ne fie atena mu, ayɛ adwuma pa. Afei ɛkɔm renne obiara, efisɛ aduane bɛbu so.​—Kenkan Yesaia 9:6, 7; 65:21-23.

Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nwoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 8. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena