Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp24 nɔma 1 kr. 6-9
  • Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AKWANKYERƐ A YEHIA
  • SƐNEA BIBLE MA YEHU ONYANKOPƆN AKWANKYERƐ
  • Mmoa Foforo Ma Abusua No
    Nyan!—2018
  • Dɛn Na Ɛbɛboa Ama Asi Wo Yiye Daakye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Papa Ne Bɔne: Hena Akwankyerɛ Na Wopɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Wubetumi Anya Mmoa
    Nyan!—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
wp24 nɔma 1 kr. 6-9

Papa Ne Bɔne: Bible Ma Yɛn Akwankyerɛ a Edi Mu

Sɛ sɛnea yɛte nka wɔ biribi ho ne sɛnea afoforo te nka wɔ ho nko ara na yɛhwɛ ho de sisi gyinae wɔ abrabɔ mu a, biribiara nkyerɛ sɛ ɛbɛkɔ yiye. Bible ma yehu nea enti a saa asɛm no yɛ nokware. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Sɛ yɛrepɛ akwankyerɛ a edi mu a yɛde bɛbɔ bra ama yɛn ani agye na asi yɛn yiye daakye a, Bible mu na ɛwɔ.

AKWANKYERƐ A YEHIA

Yehowaa Nyankopɔn aka wɔ Bible mu sɛ, wammɔ nnipa sɛ yɛn ara yɛnkyerɛ yɛn ho kwan, na mmom ɔpɛ sɛ yɛhwehwɛ akwankyerɛ fi ne hɔ. (Yeremia 10:23) Ɛno nti na wama yɛn akwankyerɛ wɔ Bible mu sɛ yɛmfa mmɔ yɛn bra no. Ɔdɔ nnipa, enti ɔmpɛ sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho de yɛn ti apempem bere a yɛresisi gyinae akɛse wɔ yɛn abrabɔ mu, na ankɔfa ɔhaw ammrɛ yɛn daakye. (Deuteronomium 5:29; 1 Yohane 4:8) Anigyesɛm ne sɛ, ɔno na ɔbɔɔ yɛn, enti obiara nni hɔ a ɔwɔ nyansa ne nimdeɛ a obetumi de atu yɛn fo wɔ papa ne bɔne ho ama asi yɛn yiye te sɛ ɔno. (Dwom 100:3; 104:24) Nanso, Onyankopɔn nhyɛ nnipa da sɛ yɛmfa n’akwankyerɛ mmɔ yɛn bra.

Bere a Yehowa bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wɔdi kan, Adam ne Hawa no, ɔmaa wɔn biribiara a wɔhia na ama wɔn ani agye. (Genesis 1:​28, 29; 2:​8, 15) Ɔsan maa wɔn akwankyerɛ bi a ɛnyɛ den, na na ɔpɛ sɛ wɔdi so. Nanso wanhyɛ wɔn sɛ wɔnni so; ogyaw maa wɔn. (Genesis 2:​9, 16, 17) Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa amfa Onyankopɔn akwankyerɛ anyɛ adwuma; wɔyɛɛ nea wɔn ara wɔpɛ. (Genesis 3:6) Dɛn na afi mu aba? Efi bere a nnipa yɛɛ nea yɛn ara yɛpɛ besi nnɛ no, asi yɛn yiye anaa? Daabi. Nea akɔ so fi tete no ma yehu sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ to nkyɛn a, asomdwoe a edi mu ne anigye mapa de, yɛrennya bi da.—Ɔsɛnkafo 8:9.

Ɛmfa ho baabi a yɛte anaa yefi no, Bible ma yɛn akwankyerɛ a ɛbɛma yɛatumi asisi nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae pa. (2 Timoteo 3:​16, 17; hwɛ adaka a yɛato din “Nhoma a Wɔyɛ Maa Obiara.”) Yɛnhwɛ sɛnea Bible ma yɛn saa akwankyerɛ no.

Hwɛ nea enti a yebetumi aka paa sɛ, Bible yɛ “Onyankopɔn asɛm.”—1 Tesalonikafo 2:13. Hwɛ video a yɛato din Hena Ne Bible no Kyerɛwfo? wɔ jw.org.

NHOMA A WƆYƐ MAA OBIARA

Ɔbɔadeɛ nyansafo a ɔwɔ ɔdɔ de, sɛ ɔde papa ne bɔne ho akwankyerɛ rema nnipa a, ɔbɛhwɛ ama obiara nsa aka bi. Enti yɛnhwɛ nea ɛwɔ Bible ho a ɛma yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware:

Nnipa a wɔfi aman horow so rekenkan Bible. Yɛahyehyɛ Bible ahorow a wɔaprente ne nea ɛwɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so wɔ wɔn anim.
  • Nhoma biara nni hɔ a wɔakyerɛ ase kɔ kasa pii mu sen Bible. Kasa a wubenya Bible mũ no anaa ne fã bi wom no boro 3,500

  • Bible ne nhoma a wɔaprente akyekyɛ sen nhoma foforo biara a wɔayɛ pɛn. Dodow a wɔaprente no boro 5,000,000,000

Bible nka sɛ nnipakuw bi, ɔman bi, abusua bi, anaa amammerɛ bi ye sen foforo. Ampa, Bible no yɛ nhoma a wɔyɛ maa obiara.

Kenkan Bible wɔ Intanɛt so wɔ jw.org. Wubenya bi wɔ kasa bɛboro 250 mu

Ɔbarima bi abue Bible mu, na ɔde ne nsa resisi so akenkan.

NEA ENTI A EBINOM NNYE NNI SƐ BIBLE BETUMI ABOA WƆN

Ebinom ka sɛ, yɛrepɛ nhoma a ɛbɛkyerɛ yɛn papa ne bɔne a, Bible rentumi mmoa yɛn. Nea wɔtaa ka no bi na edidi so yi.

Ebinom ka sɛ: “Bible ka wei wɔ ha, na akɔka biribi foforo koraa nso wɔ baabi.”

Nokware a ɛwom: Mmeae kakraa bi a asɛ Bible mu nsɛm nhyia no, sɛ wokan saa fã no nyinaa, na wohwɛ sɛnea na nkurɔfo yɛ wɔn ade saa bere no, nea na ɛwɔ ɔkyerɛwfo no adwenem, ne nsɛm afoforo a ɛfa saa asɛm no ho a, wubehu sɛ emu nsɛm no hyia.

Wopɛ wei ho nhwɛso ahorow bi a, kenkan asɛm a yɛato din “Nsɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ɛne Bi Nhyia?” Ɛwɔ jw.org.

Ebinom ka sɛ: “Wɔn a wɔka sɛ wɔde Bible bɔ wɔn bra no, wɔdi bɔne, enti yɛrepɛ nhoma a ɛbɛkyerɛ yɛn papa ne bɔne a, ɛnyɛ Bible.”

Nokware a ɛwom: Sɛ obi kan Bible na wamfa emu nsɛm anyɛ adwuma a, ɛnkyerɛ sɛ Bible no nye. Bible ka too hɔ sɛ, mmere bi bɛba a nnipa pii, a ɔsom mpanyimfo mpo ka ho bɛka sɛ wɔde Bible no na ɛyɛ adwuma, nanso wɔn abrabɔ bɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware. Bible san kaa sɛ, nea saafo no bɛyɛ nti, “nkurɔfo bɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne.”—2 Petro 2:​1, 2.

Wopɛ sɛ wuhu nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ nyamesom mpanyimfo pii apia Bible no ato nkyɛn a, kenkan asɛm a yɛato din “Is Religion Just Another Big Business?” Ɛwɔ jw.org.

Ebinom ka sɛ: “Obi sua Bible a, ɛma obu afoforo a wɔnsuaa Bible no animtiaa.”

Nokware a ɛwom: Bible ka sɛ, yennya obu mma afoforo. Ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ. . .

  • yebu yɛn ho sɛ yɛkyɛn afoforo.—Filipifo 2:3.

  • yebu wɔn a yɛne wɔn gyidi nhyia no animtiaa.—1 Petro 2:17.

  • yɛhyɛ afoforo sɛ nea yegye di no, wɔn nso wɔnnye nni.—Mateo 10:14.

Bible ma yehu sɛ, bere nyinaa Onyankopɔn ne nnipa di no yiye, na onsisi obiara, enti ɔpɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa.—Romafo 9:14.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a yɛato din “Tolerance—How the Bible Can Help.” Ɛwɔ jw.org.

SƐNEA BIBLE MA YEHU ONYANKOPƆN AKWANKYERƐ

Nneɛma a akɔ so wɔ Yehowa ne nnipa ntam fi teteete no, wɔakyerɛw no pɛpɛɛpɛ wɔ Bible no mu. Nsɛm a ɛwɔ mu no ma yehu nneɛma a Onyankopɔn bu no sɛ ɛyɛ papa na mfaso wɔ so, ne nneɛma a obu no sɛ ɛyɛ bɔne a ebetumi apira yɛn. (Dwom 19:​7, 11) Yesua Bible a, yenya afotu pa a entwam da. Saa afotu no betumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa wɔ yɛn abrabɔ mu.

Wo de, yɛmfa afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 13:20 no nyɛ nhwɛso. Ɛhɔ ka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwaseafo bɔ no, ebewie no bɔne.” Ɛnnɛ yi nyinaa, saa asɛm no yɛ nokware. Afotu pa a mfaso wɔ so sei ahyɛ Bible mu ma.—Hwɛ adaka a yɛato din “Bible Afotu—Entwam Da.”

Nanso ebia wubebisa sɛ, ‘Papa ne bɔne ho akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ mede yɛ adwuma nnɛ a ɛbɛboa me?’ Asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛnea ebinom de Bible akwankyerɛ ayɛ adwuma ama aboa wɔn.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

BIBLE AFOTU—ENTWAM DA

Ɛwom, bɛyɛ mfe 2,000 ni na wɔkyerɛw Bible no wiei, nanso entwaam. Nneɛma a nnipa hia nsesae. Obiara pɛ sɛ n’ani gye wɔ asetena mu na esi no yiye. (Ɔsɛnkafo 1:9) Bible afotu a entwam da no betumi ama yɛanya anigye wɔ asetena mu na asi yɛn yiye.

Nokwaredi

  • “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.

  • “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden.”—Efesofo 4:28.

Yɛne Afoforo Ntam

  • “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.”—1 Korintofo 10:24.

  • “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko mpo a, ɔnkɔ so nnya ne ho abotare na obiara mfa ne yɔnko bɔne nkyɛ no korakora.”—Kolosefo 3:13.

Sɛnea Yesisi Gyinae

  • “Ogyimifo gye asɛm biara di, na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

  • “Onyansafo hu asiane, na ɔde ne ho sie, na ogyimifo de, ɛno ara ne sɛ ɔrekɔ, na otwa so aba.”—Mmebusɛm 22:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena