Wubetumi Anya Mmoa
Obi a wodɔ no awu anaa?
Kɔ jw.org/tw, na hwehwɛ asɛm a wɔato din “nea ɛbɛboa wɔn a wɔn biribi awu.”
Wo ho akyere wo wɔ sikasɛm mu anaa?
Kɔ jw.org/tw, na hwehwɛ asɛm a wɔato din “toto wo sikasɛm yiye.”
Woabisa wo ho pɛn sɛ, ‘Mete wiase reyɛ dɛn?’
Kɔ jw.org/tw, na hwehwɛ asɛm a wɔato din “ehia wo a nwu,” ne “asetena afono wo anaa?”
Woreko yare bi a atena wo so akyɛ anaa?
Kɔ jw.org/tw, na hwehwɛ asɛm a wɔato din “sɛnea mmusua gyina yare a enni sabea ano.”
Abusua no muni biara repɛ akwankyerɛ pa a ɔde bɛbɔ ne bra a, obetumi anya afi Bible mu. Bible mu afotusɛm betumi aboa obi ma wasusuw nsɛm ho yiye, na wasisi gyinae pa.—MMEBUSƐM 1:1-4.
Yɛto nsa frɛ wo sɛ wo ara hwehwɛ Bible mu. Hwɛ video a wɔato din Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible?