Yɛn Intanɛt Dwumadibea—Wɔayɛ sɛ Yɛne Afoforo Nnya So Mfaso
Yesu de ahyɛde mae sɛ yɛnkɔka Ahenni no ho asɛmpa ‘wɔ asase so nyinaa mfa nni amanaman nyinaa adanse.’ (Mat. 24:14) Nea ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ’ no, wɔaka yɛn Intanɛt dwumadibea a ɛne watchtower.org ne jw-media.org, ne jw.org abom ayɛ no jw.org Intanɛt dwumadibea.—2 Tim. 4:5.
“Asase Nyinaa So”: Nnipa a wɔte asase so mu nkyem bɛyɛ abiɛsa mu biako na wɔde Intanɛt di dwuma. Abɛyɛ ade titiriw a nnipa dodow no ara de di nkitaho, titiriw mmabun. Yɛn Intanɛt dwumadibea no ma wɔn a wɔkɔ hɔ no nya Bible mu nsɛmmisa ho mmuae a ɛyɛ nokware. Ɛma wohu Yehowa ahyehyɛde no, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka sɛ obi ne wɔn mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee. Ɛma wɔte asɛmpa no wɔ asase yi so mmeae a ɛyɛ den sɛ nkurɔfo bɛte Ahenni ho asɛm no.
“Amanaman Nyinaa”: Sɛ yebetumi adi “amanaman nyinaa adanse” a, ɛsɛ sɛ yɛka Bible mu nokware no ho asɛm wɔ kasa ahorow mu. Wɔn a wɔkɔ jw.org dwumadibea hɔ no betumi anya nsɛm wɔ kasa bɛyɛ 400 mu sen Intanɛt dwumadibea foforo biara so.
Fa Di Dwuma Yiye: Wɔnhyehyɛɛ Intanɛt dwumadibea jw.org no sɛ wɔmfa so nni wɔn a wɔnyɛ gyidifo no nkutoo adanse. Wɔahyehyɛ sɛ Yehowa Adansefo nso mfa nni dwuma. Sɛ wowɔ Intanɛt a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua sɛnea wɔde jw.org no di dwuma. Akwan a yebetumi afa so de adi dwuma no bi na edidi so yi.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 3]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Sɔ Hwɛ
1 Bɔ www.jw.org hyɛ baabi a wɔbɔ address gu wɔ Intanɛt afã a ɛwɔ wo kɔmputa so no.
2 Hwehwɛ dwumadibea hɔ bere a woaklik nsɛmti ne nsɛm a ɛde wo kɔ mmeae afoforo no so.
3 Bɔ mmɔden fa jw.org a ɛwɔ Intanɛt so wɔ wo mobile fon anaa biribi a ɛte saa so no di dwuma. Wɔayɛ nsakrae wɔ sɛnea wɔahyehyɛ nsɛm no mu na atumi akɔ wo fon ketewa no so, nanso nsɛm koro no ara na ɛwɔ so.