Fa jw.org Di Dwuma wɔ Asɛnka Mu—“Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo”
Sɛ wokɔ jw.org na wohwɛ “Bible Nkyerɛkyerɛ” hɔ a, wobɛhu mmɔfra afã a wɔato din “Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo.” Wɔde video ne nnwom ne nneɛma foforɔ a wɔayɛ ama mmɔfra agu hɔ. Wode ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu pɛn? Sɛ wo ne obi sua adeɛ na ɔwɔ nkɔdaa a, fa kyerɛ no. Sɛ ɔhu a, ebia ɛbɛka no ma wakenkan nneɛma foforɔ wɔ yɛn Wɛbsaet hɔ.
Berɛ a onua bi rekyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛtɔ so 38 no, ɔde bi maa ɔbaa bi, na ɛhɔ ara na ɔfii aseɛ sɛ ɔrekan. Ná ɔbaa no wɔ nkɔdaa, na na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛhu nea ɛwom. Enti onua no ne maame no susuu kratawa no ho, na ɔde yɛn Wɛbsaet a ɛwɔ kratawa no akyi kyerɛɛ no. Onua no huu sɛ maame no ani gye ho, enti ɔyii Kaleb video no baako kyerɛɛ ɔne ne mma no.
Onuawa bi kaa jw.org ho asɛm kyerɛɛ ne dwumayɛni bi, na ɔmaa ɔhuu nsɛm a ɛwɔ hɔ a ɛbɛtumi aboa mmusua. Ɔbaa no ne ne mma kɔhwɛɛ nea ɛwɔ jw.org hɔ. Akyire yi, ɔbaa no ka kyerɛɛ onuawa no sɛ ne mma no nenam fie reto dwom a wɔato din “Ka Asɛm.” Wei ka nnwom a wɔde agu “Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo” afã hɔ no ho.
Ɛyɛ a, kɔ jw.org baabi a wɔato din “Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo” no na twe video ne nnwom ne nneɛma foforɔ gu wo mobile fon so na woatumi de akyerɛ afoforɔ wɔ asɛnka mu. Nokwasɛm nie, “Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo” yɛ biribi a ɛbɛboa ma yɛayɛ Awurade adwuma no yie!—Aso. 20:19.