Bible No—Akwankyerɛ Nhoma a Mfaso Wɔ so ma Nnɛyi Nnipa
“Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na wobetumi de adi dwuma ma aba mfaso . . . de akyerɛ nkurɔfo kwan wɔ wɔn abrabɔ mu.”—2 Timoteo 3:16, “The Jerusalem Bible.”
SAA kyerɛwsɛm yi kyerɛkyerɛ ade titiriw nti a Bible no ho wɔ mfaso wɔ yɛn nna yi mu no mu. Efi Onyankopɔn home mu. Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ yɛn nti, obiara nnim pii wɔ yɛn nipadua, yɛn adwene, yɛn nkate, ne yɛn ahiade ahorow ho nsen no. Israelfo hene Dawid kaa wɔ Yehowa Nyankopɔn ho bere bi sɛ: “Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me, na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa.” (Dwom 139:16) Sɛ yɛn Bɔfo no nim pii wɔ yɛn ho saa a, ɛnde ntease wom, na ɛfata sɛ yɛhwehwɛ ne nyansahyɛ ne n’afotu wɔ sɛnea yɛn ani betumi agye na yɛn asetra asi yɛn yiye no mu ho.
Osuahu akyerɛ sɛ nyansa wɔ Bible nnyinasosɛm ahorow mu na wobetumi de adi adwuma wɔ yɛn nna yi mu. Ɛka nneɛma pɔtee ho asɛm nso. Nea edidi so yi yɛ nhwɛso anan a ɛkyerɛ sɛnea wobetumi de Bible no adi dwuma wɔ da biara da asetra mu:
Nnipa Ntam Abusuabɔ Ahorow ne Ankorankoro Su: Bible no ma ankorankoro abrabɔ ho ahyɛde ahorow a eye a ebetumi ama wɔne afoforo anya abusuabɔ pa a enya nkɔso. Sɛ́ nhwɛso no wɔhyɛɛ Israel man no sɛ: “Nni were na nnya . . . menasepɔw, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Ɛwom sɛ yenni Israelfo mmara ase de, nanso emu nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu a yebedi akyi no betumi aboa yɛn ma yɛne yɛn mfɛfo nnipa atra asomdwoe mu. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ obiara bɔɔ mmɔden sɛ obenya honhom mu su horow a yehu wɔ Galatifo 5:22, 23 no bi a, susuw nsɛnnennen dodow a anka wobetumi asiesie ho: “Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.”—Fa toto Romafo 8:5, 6 ho.
Nea ɛyɛ awerɛhow no, sɛ nneɛma hyɛ nnipa so wɔ asetra mu pii a, ntawntawdi ne akasakasa taa sɔre. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, afotusɛm a wohu wɔ Mmebusɛm 29:11 no a yɛde bedi dwuma no betumi abɔ yɛn ho ban afi nsɛnnennen pii ho. “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.”—Fa toto Mmebusɛm 15:1; Mateo 7:12; Kolosefo 3:12-14 ho.
Afotu pa—nanso so wotumi de di adwuma wɔ asetra ankasa mu? Fa ɔbarima bi a ɔwɔ Franse a ná ne bo fuw ntɛmntɛm sɛ nhwɛso. Ɔkɔɔ ɔhaw mu mpɛn pii, na wɔde no too afiase mpo, esiane ntɔkwa pii a ɔkoe nti. Yɛ a na ɔyɛ akuturukubɔfo a ɔbɔ mmɔden no sɛee tebea no koraa. Bere bi, ɔbarima yi ne ne papa nyaa akasakasa. Bere a n’ani baa ne ho so no, na wabɔ ne papa kuturuku biako ma wahwe fam. Nea efi mu bae ne wɔn ntam abusuabɔ a ɛsɛee.
Saa bere no mu no, ɔbarima yi hyiaa Yehowa Adansefo, na ofii ase suaa Bible nnyinasosɛm ahorow. Eyi maa osusuw sɛnea ɔne afoforo di nsɛm ho no anibere so. Mmɔdenbɔ kɛse akyi no, ne su fii ase sakrae, na ɔbɛyɛɛ obi a ɔpɛ asomdwoe. Afei, da koro, ɔbarima no kɔɔ ne papa nkyɛn sɛ ɔne ne rekosiesie wɔn ntam. Ne papa ho dwiriw no wɔ nsakrae a ne ba no ayɛ no ho araa ma wosiesiee wɔn ntam bio.
Eyi yɛ nhwɛso pii a edi nokware a ɔsomafo Paulo nsɛm yi yɛ ho adanse no mu biako: “Na Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nam sen nkrante anofanu biara . . . na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.”—Hebrifo 4:12.
Abusua Asetra: W’abusua wɔ anigye? Mmusua pii nni bi. South Africa atesɛm krataa, The Natal Witness bɔ amanneɛ sɛ “nokwasɛm a ɛyɛ sɛ abusua asetra wɔ asiane mu no yɛ nea mprempren wontumi nnye ho akyinnye biara.” Ɛde ka ho sɛ “wɔrewo nnɛyi mmofra to asetra mu nsakrae titiriw bi mu.”
Nanso afotu a nyansa wom, na wɔde boa mmusua ma wɔadi nkonim, bere a nsɛnnennen asɔre mpo, abu so wɔ Bible no mu. Sɛ́ nhwɛso no, Bible no ka okunu asɛyɛde ho asɛm sɛ: “Saa ara nso na ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.” Sɛ okunu no di ahwehwɛde yi so a, ne yere de anigye bɛyɛ ne fam de saa ara, de ‘obu a emu dɔ ama ne kunu.’ (Efesofo 5:25-29, 33) Wɔka awofo ne mmofra ntam abusuabɔ ho asɛm wɔ Efesofo 6:4: “Na agyanom, munnyi mo mma abufuw, na mmom monyɛn wɔn [Yehowa] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.” Nea eyi de ba nso ne abusua asetra a ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ mmofra de Bible ahyɛde bedi dwuma, na wɔatie wɔn awofo asɛm.—Efesofo 6:1.
Nea ɛwɔ atifi hɔ no yɛ nea Bible no ka fa abusua asetra ho no ho nhwɛso ara kwa. Onyankopɔn akwankyerɛ a nnipa pii adi akyi no ama asi wɔn yiye, na wɔanya anigye wɔ fie. Edward, a ɔwɔ mma baanu no ka mfaso horow a onya fii Bible nnyinasosɛm ahorow a ɔde dii dwuma no mu. Ɔka sɛ: “Ná m’aware regu. Ná minni nea ɛbɛma me ne me mma no annya abusuabɔ pa. Ade biako pɛ a ɛkaa yɛn boom ne nea Bible no ka fa abusua asetra ho a yɛde dii dwuma no.”—Mmebusɛm 13: 24; 24: 3; Kolosefo 3:18-21; 1 Petro 3:1-7.
Aduane, Nipadua, ne Nkate mu Akwahosan: Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ obi nipadua mu akwahosan ne n’adwene ne ne nkate mu akwahosan wɔ abusuabɔ kosi baabi. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nea ɛtaa yɛ ahoyeraw ho sɛnkyerɛnne no bi ne koma a ɛbɔ ntɛmntɛm, mogya mmoroso, ahotutuw, adwenemhaw, ne adwene a wontumi mfa nsi biribi so nkyɛ.” Ebinom gye di sɛ nneɛma a basabasayɛ wom a wɔyɛ yɛ ɔkwan a wɔfa so di adwenemhaw ho dwuma. Sɛnea South Africa atesɛm krataa The Star kyerɛ no, “akuturukubɔ betumi abrɛ adwenemhaw ase yiye.” Ɛfa apɔw-mu-den ho nimdefo Jannie Claasens nsɛm ka sɛ: “Sɛ ɔbea bi ahyia ahoyeraw kɛse da bi a, obetumi ama agyae denam kotoku a akuturukubɔfo de teɛteɛ wɔn apɔw mu a ɔbɛbobɔ mu so.”
Nanso, so ɛrenyɛ papa mmom sɛ wobesua sɛnea wobedi ade titiriw a ɛde abasamtu ba no so? Oduruyɛfo Michael Slutzkin ka wɔ nsɛmma nhoma Stress—The Modern Scourge mu sɛ, “adwenemhaw a wohu . . . ho hia, efisɛ wobetumi adi nea ɛde ba no mu pii ho dwuma.” Ɔde ka ho sɛ, “adwenemhaw ho dwumadi . . . betumi aboa ayaresa mpo wɔ tebea ahorow pii mu.”
Bible no kyerɛ ɔkwan bi a etu mpɔn yiye a wobetumi afa so adi adwenemhaw ho dwuma: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, nɛ mmom ade nyinaa mu . . . momma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Adwenemhaw a yebedi so saa kwan yi so no so wɔ mfaso pii —wɔ ɔhonam mu mpo. Bible mu abebusɛm bi ka no sɛɛ se: “Komam dwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmebusɛm 14:30) Abebu foforo nso ka sɛ: “Anigye kom ma ahoɔden, na honhom a abotow yow nnompe mu.”—Mmebusɛm 17:22.
Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wobeguan adwenemhaw ne nhyɛso denam tawa, mmosa, ne nnubɔne a wɔde wɔn ho to so so. Wɔadi pira a saa nneyɛe no pira nnipa no ho adanse yiye. Nanso Bible no akɔ so ahyɛ nyansa sɛ yɛntew yɛn ho mfi ɔhonam mu fi nyinaa mu.’ (2 Korintofo 7:1; fa toto Mmebusɛm 23: 29-35 ho.) Nokwarem no, nneyɛe a epira yi a wɔbɛkwati no yɛ ahobammɔ ankasa wɔ nnɛ wiase mu.
Adwuma, Sika, ne Nokwaredi: Akwadworɔ so nni mfaso. Mmebusɛm 20:4 se: “Awɔw nti, ɔkwaadwofo mfɛtɛw, enti twabere mu [ɔbɛsrɛsrɛ] biribi, nso ɔrennya hwee.” Nanso, mfaso wɔ adwumadenyɛ so. Efesofo 4:28 ka sɛ, “owifo nnwia ade bio.” Kyerɛwsɛm yi de ka ho sɛ eye koraa sɛ obi bɛyɛ ‘adwumaden, na wanya biribi a ɔde bɛma nea odi hia.’—Fa toto Mmebusɛm 13:4 ho.
So na wunim sɛ wobetumi de Bible nnyinasosɛm ahorow adi dwuma wɔ adwumam abusuabɔ ahorow mpo mu? Te sɛ Bible mmere so “nkoa” no, ɛsɛ sɛ adwumayɛfo ‘tie wɔn honam fam wuranom asɛm ade nyinaa mu.’ Wɔ adwuma mpanyimfo anaa “awuranom” nso fam no, ɛsɛ sɛ ‘wɔde nea ɛteɛ, na ɛyɛ pɛ ma’ wɔn adwumayɛfo.—Kolosefo 3:22-24; 4:1; fa toto 1 Petro 2:18-20 ho.
Bible no ka nokware a wodi wɔ adwumayɛ mu ho nsɛm pii. Ɛwom sɛ nokwaredi nni hɔ nnɛ ma ɛyɛ awerɛhow de, nanso wɔtaa hu na wɔkyerɛ ho anisɔ sɛ su pa. Eyi na Bible no si so dua. Yesu kae bere bi sɛ: “Nea odi ade ketewaa mu nokware no di pii mu nokware; na nea ɔnteɛ ade ketewaa mu no, na ɔnteɛ bebree mu nso.”—Luka 16:10; fa toto Mmebusɛm 20:10; 22:22, 23; Luka 6:31 ho.
Wo Afrika ɔman bi mu no, ná korɔnbɔ ne atosɛm pii kɔ so wɔ adɛnkyɛmmo adwuma no mu. Wosii gyinae sɛ wɔbɛma onipa foforo ahwɛ adwuma no so. Wɔka kyerɛɛ aban asoafo no sɛ wɔmfa wɔn a wosusuw sɛ wɔfata dibea no din mmra. Bere a mpanyimfo no hyiae sɛ wobesi gyinae no, wotwitwaa edin ahorow no mu mmiako mmiako, esiane nokware a wonni titiriw nti. Awiei koraa no, woduu edin a etwa to no so—nea ɔmampanyin no paw no.
Aban asoafo no mu biako kae sɛ: “Na sɛ ɔnyɛ amanyɛ kuw no muni!”
Ɔmampanyin no buae sɛ eyi nyɛ amammui dibea.
Ɔfoforo kae sɛ: “Ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.”
Ɔmampanyin no kae sɛ: “Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔde adwuma no ma no no.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Yenim sɛ wodi nokware, na onipa a ɔte sɛɛ na yɛhwehwɛ. Yenim sɛ yebetumi de yɛn ho ato no so.”
Yiw, mpɛn pii no wɔn a wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma hu sɛ mfaso wɔ eyi so ma wɔn wɔ nnɛ Wiase yi mpo mu.
Kora Nyansa a Mfaso wɔ so So
Yɛasusuw nea ‘Onyankopɔn nimdeɛ a wobehu’ no kyerɛ ho nhwɛso kakraa bi ho. (Mmebusɛm 2:1-9) Afotu a ehia na mfaso pii wɔ so wɔ Bible no mu. Nsiyɛ, nkitahodi, ɔbarima ne ɔbea nna, awaregyae, towtua, sɛnea wogyina nipasu mu nsonsoe ne ohia ano ho nyinasosɛm ahorow yɛ asetra afã horow a Bible no ka ho asɛm no mu bi ara kwa. Nnipa ɔpepem pii bedi ho adanse sɛ sɛnea wɔn asetra asi wɔn yiye anaa ansi wɔn yiye no gyina sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow adi dwuma afa so.
Bere a akyinnye biara nni ho sɛ mfaso wɔ Bible no so nnɛ no, ɛma yenya mfaso horow a ɛtra hɔ daa ho anidaso nso. Sɛ́ nhwɛso no, Bible no hyɛ bɔ sɛ ɛnkyɛ wobeyi nneɛma a ɛde nnɛ wiase yi mu yaw ne amanehunu ba no afi hɔ, denam Onyankopɔn ho a ɔde begye nsɛm mu so.—Daniel 2:44; 2 Petro 3:11-13; Adiyisɛm 21:1-5.
Enti yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua nea wubetumi biara fa Bible no ho. Sɛ wunni bi a bɔ mmɔden sɛ wubenya bi. Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ani begye sɛ wɔbɛboa wo. Sɛnea afoforo pii anya mfaso afi Bible no mu nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a wɔde adi dwuma so no, wobetumi aboa wo nso ma w’ani asɔ bo a Onyankopɔn asɛm no som nnɛ ne daakye.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Bible no yɛ akwankyerɛ nhoma a mfaso wɔ so a ɛma abusua asetra yɛ anigye