Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/96 kr. 7
  • Ka Asɛm Akokoduru So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ka Asɛm Akokoduru So
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnamyɛ A Yɛde Bɛka Onyankopɔn Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Borɔn So Ne Asasesin A Nnwuma Ahorow Wom Mu
    Yɛn Ahenni Som—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 1/96 kr. 7

Ka Asɛm Akokoduru So

1 Wɔ nnansa yi mfe mu no, ɛreyɛ den pii ama adawurubɔfo a wɔwɔ mmeae bi sɛ wobenya nnipa ne wɔn akasa wɔ wɔn afie mu. Wɔn mu pii bɔ amanneɛ sɛ sɛ wɔkɔ afie afie a, nnipa a wɔnto wɔn wɔ fie no bɛboro ɔha biara mu 50. Ne saa nti, ɛbere a wodi no pii yɛ nea wɔsɛe no kwa.

2 Mfe bi a atwam no, na wɔto nnipa pii wɔ fie Kwasida, a na wɔtaa bu no sɛ ɛyɛ da a wɔde home no. Amammerɛ asesa. Ɛnnɛ nnipa taa kɔ adwuma, di abusua ahiade ahorow te sɛ nneɛma totɔ, ho dwuma anaa wɔde wɔn ho hyɛ ahomegye, a ɛno nso ma wofi fie mu. Enti abɛyɛ asɛnnennen sɛ wɔbɛto nnipa wɔ afie afie Kwasida mpo.

3 Sɛ nkurɔfo nni fie a, ɛkyerɛ pefee sɛ wɔwɔ baabi foforo. Esiane sɛ yɛn botae ne sɛ yɛne nkurɔfo bɛkasa nti, dɛn nti na yɛnkasa nkyerɛ wɔn a yehyia wɔn no—wɔ abɔnten, gua so, anaa adwuma mu. Na ɛyɛ Paulo su sɛ ɔbɛbɛn “wɔn a wɔbɛto no” no na wadi wɔn adanse. (Aso. 17:17) Ná ɛyɛ adansedi a ɛsow aba saa bere no, na ɛyɛ adansedi a ɛsow aba wɔ yɛn mmere yi mu.

4 Sɛ yɛkɔ afie afie a, yɛtaa hu sɛ nkurɔfo nenam hɔ a wɔnyɛ hwee anaasɛ ebia wɔretwɛn obi. Ɛda a wim ayɛ kama no, wotumi tra dua bi ase anaasɛ wɔyɛ wɔn kar ho adwuma anaa wɔhohoro ho. Ebia nea yebehia na yɛatumi afi nkɔmmɔbɔ ase ara ne sɛ yɛde animtew bɛnwenwene, na yɛakyia adamfofa so. Sɛ wɔte bɛn hɔ a, yebetumi mpo aka sɛ gyama yɛakɔ wɔn fie seesei ara a yɛanto wɔn, na afei yɛn ani agye sɛ yɛanya hokwan yi ne wɔn rebɛkasa. Nnipa pii nam wɔn pɛ mu a wofi daa akokoduru kakra adi so anya osuahu pa pii.

5 Akokoduru Sow Aba: Onua bi kae sɛ ɔbɛn nnipa a wogyina hɔ, wɔretwɛn bɔs, wɔnam bɔkɔɔ, anaa wɔte wɔn kar mu. Ɔnam anigye a ɔde nwenwene ne kasadɛ so yɛ n’ade sɛ ofipamfo bi a ɔpɛ nnipa a ɔrebɛsra no kɛkɛ. Saa kwan yi so no, ɛnyɛ nhoma bebree nko na wama, na mmom wafi Bible adesua bebree nso ase.

6 Na onua foforo ne ne yere rekɔ afie afie na wohyiaa ɔbea bi a okura kotoku kɛse bi a nnuan wom. Wɔne no fii nkɔmmɔbɔ ase kamfoo no wɔ nsi a ɔde di n’abusua ahiade ho dwuma no ho. Wobisaa no sɛ: “Na hena na obetumi adi adesamma ahiade ho dwuma?” Ɛno kanyan ɔbea no anigye. Nkɔmmɔ tiawa a wɔbɔe no ma ɔtoo nsa frɛɛ wɔn kɔɔ ne fie ma wofii Bible adesua ase wɔ hɔ.

7 Enti bere foforo a woredi adanse wɔ afie afie no, sɛ́ ɛyɛ Kwasida anaa dapɛn no mu da foforo no, sɛ wuhu sɛ nnipa nni fie a, dɛn nti na wunnya akokoduru kakra nka ho, na wonkasa nkyerɛ nnipa a wuhyia wɔn no—wɔ abɔnten anaa beae foforo? (1 Tes. 2:2) Wo som adwuma no betumi asow aba kɛse, na wubenya anigye kɛse wɔ wo som adwuma no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena