Nnamyɛ A Yɛde Bɛka Onyankopɔn Asɛm
1 Sɛ wuhyia ɔsɔretia anaasɛ sɛ asɛmpa no ho atamfo taa wo a, ɛka wo dɛn? So woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so adi adanse a nea asɔretiafo bɛka anaa wɔbɛyɛ mfa ho? Ɛwom sɛ kakraa bi na ebia wɔn koma betu anaasɛ ɛbɛyɛ wɔn sɛ wonnyae asɛnka no de, nanso yɛn nyinaa betumi anya mfaso fi Paulo ne Silas nhwɛso no mu. Wɔamma ɔtaa ammu wɔn aba mu anaasɛ wɔammua wɔn ano. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yehuu amane kan, na wɔbɔɔ yɛn adapaa no. . . . yɛyɛɛ nnam yɛn Nyankopɔn mu kaa Onyankopɔn asɛmpa no.” (1 Tes. 2:2) Ahoɔden a efi Yehowa hɔ na ɛma wotumi kɔɔ so kaa asɛm no. (Dw. 138:3) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛn nso yebetumi ada nnamyɛ a yehia no adi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi nkonim wɔ ɔsɔretia mu.
2 Yehowa na ɔyɛ yɛn guankɔbea wɔ amanehunu bere mu. Ɔno na yɛde ahobrɛase srɛ ne mmoa. (Dw. 18:2, 3) Yɛn nuanom a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn mma ‘wɔmmfa nnam nyinaa nka n’asɛm.’ (Aso. 4:29) Yehowa buaa saa mpaebɔ yi denam honhom kronkron a ɔde hyɛɛ asuafo no mama no so. Ɔbɛyɛ saa ara ama yɛn.—Aso. 4:31.
HOKWAN AHOROW A YƐDE BƐKASA A YƐDE BEDI DWUMA
3 Wɔ asafo biara mu no, wɔyɛ asɛnka nhyiam horow a ɛbɛma wɔasusuw honhom mu nneɛma a ɛhyɛ nkuran ho ansa na wɔahyɛn asasesin no mu ho nhyehyɛe. So woboa nhyiam horow yi bere biara a ɛbɛyɛ yiye? Sɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo den ama wo nso woabɔ mmɔden ahyɛ afoforo den. Bere a mowɔ asɛnka mu no, hokwan afoforo a mode bɛboaboa mo ho mo ho na moahyehyɛ mo ho mo ho nkuran wɔ hɔ. Akwampaefo ne afoforo a wotumi de bere pii yɛ ɔsom adwuma no betumi ama adawurubɔfo afoforo anya wɔn osuahu mu mfaso bere a wɔkɔ afie afie no. Ɛdenam nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Reasoning nhoma no mu a yɛde bedi dwuma no so no, yɛn nyinaa betumi asiesie yɛn ho yiye ma yɛde gyidi akasa.
4 Wɔ mmeae bi no, anuanom no ahu sɛ nnipa pii nni fie wɔ ɛda no mu. Ebia wɔde akwan horow pii bedi dwuma de adu saafo yi nkyɛn. Adawurubɔfo binom yɛ mmorɔn so adwuma wɔ baabi a ɛbɛn bɔs anaasɛ keteke gyinabea. Afoforo nso di kan ne wɔn a wɔne wɔn te kar mu no kasa. Wɔ baabi no, anuawanom baanu bi a wodii adanse wɔ saa kwan yi so no maa nsɛmma nhoma bɛboro 50 wɔ nea ennu dɔnhwerew biako mu.
5 Wɔ faako a woma nkurɔfo nhoma ahorow wɔ baguam no, ebia wubetumi agye wɔn fie address na woayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ho nhyehyɛe. Egye akokoduru ne nnamyɛ na wɔakɔ ahɔho nkyɛn na wɔne wɔn afi nkɔmmɔbɔ ase, nanso nea efi mu ba no betumi ayɛ akatua kɛse. Te sɛ asomafo no, ɛho hia sɛ yɛde ‘nnam pae mu kasa ma [Yehowa].’—Aso. 14:3.
6 Ebinom yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma, na eyi nso gye nnamyɛ. Wɔ 1987 ɔsom afe no mu no, asafo ahorow bɛboro 120 na wɔde wɔn ho hyɛɛ saa adwuma yi mu. Nea ɛka ho no, anuanom bɛboro 200 na wotwaa akwansin ɔhaha pii de yɛɛ asasesin a wɔmmfa nhyɛɛ asafo biara nsa wɔ ɔmantifi mu adwuma sɛ bere tiaa mu akwampaefo atitiriw. Ɛyɛ anigye sɛ wuhu sɛ anuanom no fi wɔn pɛ mu de wɔn ho hyɛ saa dwumadi yi mu a wɔde wɔn ankasa ho bɔ afɔre mpo.
FA NEA YƐDE REMA NO MA WƆ NNAMYƐ MU
7 Nhoma a yɛde rema July mu no ne nhoma nketewa a akyɛ no abien de agye ntoboa ¢150. Saa nhoma dedaw ahorow yi kura nsɛm a ɛho hia yiye ma wɔn a nokware ho kɔm ne sukɔm de wɔn no. Fa eyinom ma wɔ ahotoso mu bere a wode mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no redi dwuma no. Hwɛ Reasoning nhoma no mu pɛ nnianim asɛm a ebetumi ayɛ adwuma yiye wɔ w’asasesin no mu.
8 Bere a Yesu frɛɛ Paulo nea edi kan sɛ ommedi n’akyi no, ɔde nsiyɛ gyee so na ɔde nnamyɛ kaa asɛm. (Aso. 9:5, 15, 16, 20, 27, 28) Ɔde nokwaredi toaa saa kwan no so ara koduu ne wu mu. Yehia sɛ yesuasua ne nhwɛso no na yɛkɔ so nya adwuma a ɛne Onyankopɔn Asɛm a wɔde nnamyɛ ka no mu kyɛfa.