Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/00 kr. 1
  • So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nnamyɛ A Yɛde Bɛka Onyankopɔn Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 12/00 kr. 1

So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?

1 Ɛmfa ho sɛ asɔretiafo kyeree Petro ne Yohane dii wɔn ani no, wɔkɔɔ so de akokoduru kaa Ahenni ho asɛmpa no. (Aso. 4:17, 21, 31) Sɛ yɛde akokoduru bɛka asɛm no nnɛ no kyerɛ dɛn?

2 Akokoduru a Yɛde Bɛka Asɛm No: Asɛmfua foforo a wɔde gyina hɔ ma “akokoduru” ne “aboɔduru,” na ɛkyerɛ “pintinn ne boasetɔ a yɛde yɛ ade.” Wɔ nokware Kristofo fam no, akokoduru a yɛde bɛka asɛm no kyerɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya bɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo a yensuro. (Aso. 4:20; 1 Pet. 3:15) Ɛkyerɛ sɛ yɛn ani nwu sɛ yɛbɛka asɛmpa no. (Dw. 119:46; Rom. 1:16; 2 Tim. 1:8) Enti, ɛho hia sɛ yenya akokoduru na ama yɛatumi aka Ahenni ho asɛmpa no wɔ awiei bere yi mu. Ɛma yetumi ka asɛmpa no wɔ baabiara a yebehu nkurɔfo.—Aso. 4:29; 1 Kor. 9:23.

3 Akokoduru a Wubenya Wɔ Sukuu Mu: So ehu ne fɛre ma ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka asɛm no akyerɛ wo mfɛfo sukuufo? Ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw; ebetumi ayɛ asɛnnennen ankasa. Nanso, sɛ wobɔ mpae srɛ akokoduru a wode bɛka asɛm no akyerɛ afoforo a, Yehowa bɛhyɛ wo den. (Dw. 138:3) Akokoduru bɛboa wo ma woada wo ho adi sɛ Yehowa Dansefo na woagyina fɛwdi ano. Asɛm a wobɛka wɔ sukuu mu no bɛma wɔn a wotie wo no anya nkwa.—1 Tim. 4:16.

4 Akokoduru a Wubenya Wɔ Adwumam: So w’adwumamfo nim wo sɛ Yehowa Adansefo no mu biako? Ebia ɔkwan koro pɛ a w’adwumamfo betumi afa so ate asɛmpa no ne sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ wɔn. Akokoduru a wubenya no nso betumi ama woasrɛ kwan wɔ adwumam akɔ Kristofo nhyiam nketewa ne akɛse.

5 Akokoduru a Yebenya Bere a Yehyia Ɔsɔretia: Ɛho hia sɛ yenya akokoduru bere a yɛahyia ɔsɔretia no. (1 Tes. 2:1, 2) Ɛboa yɛn ma yekura yɛn gyidi mu bere a wohunahuna yɛn, di yɛn ho fɛw, anaasɛ wɔtaa yɛn no. (Fil. 1:27, 28) Ɛhyɛ yɛn den ma yegyina pintinn bere a wɔhyɛ yɛn sɛ yemmu Onyankopɔn, Yehowa, mmara a yedi so so no. Ɛhyɛ yɛn den ma yɛhwehwɛ asomdwoe bere a afoforo ne yɛn yɛ akasakasa no.—Rom. 12:18.

6 Ɛmfa ho nsɛnnennen biara a yehyia no, momma yemmia yɛn ani sɛ yɛbɛka asɛm no akokoduru so.—Efe. 6:18-20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena