Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/05 kr. 1
  • Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nnamyɛ A Yɛde Bɛka Onyankopɔn Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2005
km 10/05 kr. 1

Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm

1 Sɛ́ Kristofo asomfo no, yenim sɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wobetie asɛm a yɛka no. (Mat. 10:14) Nanso, yɛmma asɛm no ho anigye a ebinom nkyerɛ no mmu yɛn abam na ama yɛagyae asɛmpa no ka. (Mmeb. 29:25) Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so de akokoduru ka Onyankopɔn asɛm no?

2 Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ “Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so” no ho anisɔ kɛse. Eyi kanyan no ma ɔde “awerɛhyem a emu yɛ den” kaa asɛm no. (Filip. 3:8; 1 Tes. 1:5) Ɛwom sɛ ebinom buu asɛm a ɔkae no sɛ nkwaseasɛm na tumi biara nni mu de, nanso na onim sɛ “ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa.” (Rom. 1:16) Ne saa nti bere a na ɔrehyia ɔsɔretia mpo no, ɔkɔɔ so “kasaa akokoduru so denam Yehowa tumi so.”—Aso. 14:1-7; 20:18-21, 24.

3 Yɛn Ahoɔden Fibea: Ɛnyɛ Paulo ankasa ahoɔden na ɛma otumi dii adanse akokoduru so. Bere a Paulo reka ɔne Silas ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛn Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu.” (1 Tes. 2:2; Aso. 16:12, 37) Bio nso, bere a na Paulo da afiase wɔ Roma no, ɔsrɛe sɛ afoforo mmɔ mpae mma no ‘sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de akokoduru aka asɛmpa no sɛnea ɛsɛ sɛ ɔka no no.’ (Efe. 6:18-20) Esiane sɛ Paulo amfa ne ho anto ne ho so na mmom ɔde ne ho too Yehowa so nti, otumi kɔɔ so de akokoduru kaa asɛmpa no.—2 Kor. 4:7; Filip. 4:13.

4 Saa ara na ɛte nnɛ. Onua bi a na ɛyɛ no den sɛ ɔbɛma afoforo ahu sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ n’adwumam ma enti na ontumi nni adanse bɔnnɔ so no bɔɔ asɛm no ho mpae na ofii ase dii adanse. Mfitiase a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛm no akyerɛ ne yɔnko dwumayɛni bi no, ɔbɔɔ asɛm no gui, nanso bere a ne yɔnko no tee owusɔre anidaso ho asɛm no, ɔma ɔne no yɛɛ Bible adesua. Efi saa bere no, onua no de hokwan biara a onyae no dii adanse. Bere a ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ baabi foforo no, ɔde mfe 14 boaa ne mfɛfo adwumayɛfo 34 ma wɔbɔɔ asu. Yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛhyɛ yɛn den saa ara ma ‘yɛde akokoduru nyinaa aka n’asɛm no.’—Aso. 4:29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena