Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Wɔ nnɛ wiase mu no, nokwaredi yɛ su pa a wɔtaa kamfo mmom sen sɛ wɔde bɛbɔ wɔn bra. Sɛ nnipa dodow no ara te sɛ adamfo a wɔaka ne ho asɛm wɔ ha yi a, anka yɛn ani rennye? [Kenkan Mmebusɛm 17:17. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi da mfaso a yenya fi yɛn mmusua ne yɛn nnamfo a yedi wɔn nokware no mu adi.”
Nyan! Sept. 8
“Ebia sɛnea nneɛma kɔ pɛpɛɛpɛ wɔ adebɔ mu no ayɛ wo nwonwa. [Ka nhwɛso biako a wɔde ama wɔ asɛm no mu.] So ɛnyɛ awerɛhow sɛ biakoyɛ nni nnipa ntam kɛse? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn de asomdwoe ne koroyɛ bɛba yɛn asase so no mu.” Kenkan Yesaia 11:9.
Ɔwɛn-Aban Sept. 15
“Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ate Yesu Kristo ho asɛm. Ebinom ka sɛ na ɔyɛ onipa a ɔda nsow ara kwa. Afoforo som no sɛ Ade Nyinaa so Tumfo Nyankopɔn. Wususuw sɛ na Yesu Kristo yɛ hena? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ onipa ko a ɔyɛ, baabi a ofi bae ne beae a seesei ɔwɔ mu pefee.” Kenkan Yohane 17:3.
Nyan! Sept. 22
“Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya baabi pa atra. Wususuw sɛ da bi bɛba a obiara benya dan pa atra mu? [Twɛn ma ommua.] Awake! yi ma yehu sɛnea nnɛ dan ho yɛ den fa. Ɛsan kyerɛ nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ yi bɛbam no mu.” Kenkan Yesaia 65:21, 22.