Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 15
“Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ ‘ahotefo’ wɔ tumi soronko bi ma enti ɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mpae afa wɔn so. Wususuw ho dɛn? [Ma ommua.] Hyɛ nea Yesu Kristo kae nsow. [Kenkan Yohane 14:6.] Eyi ma ebinom adwenem yɛ wɔn nãã wɔ mpae a wɔbɔ fa ‘ahotefo’ so no ho. Ɔwɛn-Aban yi susuw saa asɛm a ɛho hia no ho.”
Nyan! Oct. 8
“Amumɔyɛsɛm ne akode a etumi tɔre abɔde a nkwa wom ase a wɔde bedi dwuma ho asɛm haw nnipa pii nnɛ. So wususuw sɛ nnipa nniso betumi atu amumɔyɛsɛm ase afi wiase yi mu? [Ma ommua.] Bible kyerɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ. [Kenkan Hesekiel 34:28.] Nyan! yi pɛɛpɛɛ emu nsɛm no bi mu.”
Ɔwɛn-Aban Oct. 1
“Nnipa pii abisa sɛ ebia ɔhaw ahorow a yehu sɛ atwa yɛn ho ahyia nyinaa—akodi, nsɛmmɔnedi ne amumɔyɛsɛm bɛba awiei da bi anaa. Wususuw ho dɛn? [Ma ommua.] Bible de awerɛkyekyesɛm yi ma yɛn awerɛhyem. [Kenkan Dwom 37:10, 11.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn mfaa bɔne ne amanehunu a ɛde ba no mmaa awiei no mu.”
Nyan! Oct. 8
“Ɛnnɛ, ɛte sɛ nea awofo a wonni ahokafo mmusua adɔɔso ma ɛyɛ nwonwa. Bible kyerɛ sɛ wɔn asɛm no yɛ yɛn Bɔfo no mmɔbɔ. [Kenkan Dwom 146:9.] Nyan! yi kyerɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm betumi aboa awofo a wonni ahokafo ma wɔatumi atete wɔn mma.”