Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Nnipa pii te nka sɛ abakɔsɛm a mfaso wɔ so wɔ ‘Apam Dedaw’ no mu. Nanso wontumi nhu sɛ yebetumi de emu akwankyerɛ adi dwuma nnɛ anaa. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Romafo 15:4.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea ‘Apam Dedaw’ no de afotu a mfaso wɔ so a yebetumi de abɔ yɛn bra da biara ne daakye ho anidaso ankasa ma.”
Awake! Sept
“So wususuw sɛ Onyankopɔn na ɔma asiane sisi? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Deuteronomium 32:4.] Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma asiane sisi no mu. Ɛsan ka sɛnea wubetumi abɔ w’abusua ho ban ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban Sept. 15
“Mepɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ asɛm yi ho. [Kenkan Deuteronomium 32:4.] Sɛ Onyankopɔn yɛ tumi nyinaa wura na ɔteɛ a, so woasusuw nea enti a amanehunu ne nneɛma bɔne abu so pii wɔ wiase no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama kwan ma nneɛma bɔne akɔ so abesi nnɛ no mu.”
Awake! Sept.
“Yɛn mu dodow no ara pɛ sɛ yenya apɔwmuden ne nkwatenten. Wugye di sɛ adwempa a yebenya wɔ asetram no betumi ama yɛanya apɔwmuden? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 17:22.] Nsɛmma nhoma yi ka nea enti a ɛfata sɛ yenya adwempa ho asɛm.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 26 no kyerɛ no.