Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Nnipa pii te nka sɛ adesamma som ahorow no yɛ akwan ahorow kɛkɛ a edi botae koro ho dwuma. Afoforo nso gye di sɛ nokware gyidi koro pɛ na ɛwɔ hɔ. So woasusuw eyi ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi hwehwɛ tete abebusɛm bi a ɛma yehu saa asɛmmisa yi mu.” Twe adwene si Mateo 13:24-30 so.
Nyan! Sept. 8
“Nneɛma a aba so foforo nya nkurɔfo pii asetra so nkɛntɛnso kɛse nnɛ. Ebinom te nka sɛ wɔtwe adwene si ntaade a nkurɔfo hyɛ ne sɛnea wɔte so kɛse. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Nyan! de nneɛma a aba so foforo ho adwene a ɛkari pɛ ma.” Kenkan Kolosefo 3:12.
Ɔwɛn-Aban Sept. 15
“Wɔ nnɛ wiase yi mu no, ebinom te nka sɛ wɔde wɔn ho akɔhyɛ aware a ɔdɔ nnim mu. Ɛhe na nnipa a wɔte saa no betumi adan akɔhwehwɛ mmoa? [Twɛn ma ommua.] Bible no ma yɛn awerehyem sɛ Onyankopɔn nnyinasosɛm betumi aboa yɛn. [Kenkan Yesaia 48:17, 18.] Saa Ɔwɛn-Aban yi susuw Bible nnyinasosɛm a ebetumi ama aware ayɛ anigye ho.”
Nyan! Oct. 8
“Yɛn ho dwiriw yɛn wɔ sɛnea mmoa tumi di nkitaho no ho. Nanso so na wunim sɛ wɔ akwan bi so no nnipa da nsow? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 65:2.] Nea ɛnte sɛ mmoa no, yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛne Onyankopɔn bedi nkitaho. Nsɛmma nhoma yi susuw ɔkwan a yebetumi afa so ne nkurɔfo ne Onyankopɔn anya nkitahodi no ho.”