So Wode Yɛn Nsɛmma Nhoma no Redi Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So?
1 Ɛyɛ Soronko! Saa na yebetumi afrɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no. Mprempren wotintim nsɛmma nhoma ɔpehaha pii wɔ wiase nyinaa, nanso emu abien pɛ—Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na ɛtwe adwene si daa nkwa so. Wɔnam nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri so na ɛyɛ nsɛmma nhoma yi a ɛkyekye wɔn a da biara da asetram nhyɛso ne ɔhaw ahorow ama wɔahaw no werɛ, ɛhyɛ wɔn nkuran na ɛma wɔn afotu pa no. Ɔbarima bi kyerɛwee sɛ: “Mo nsɛmma nhoma no akenkan yɛ anigye ankasa. Ɛnyɛ ‘awerɛkyekyesɛm’ a mfaso nni so na ɛwom, na mmom sɛnea wɔma asetra yɛ nea atirimpɔw wom ho akwankyerɛ na ɛwom.” So wokyerɛ yɛn nsɛmma nhoma no ho anisɔ saa ara?
2 Akwan titiriw a yɛfa so trɛw Ahenni asɛm no mu biako ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a yɛkyekyɛ no. (Mat. 24:14) Ɛwom sɛ eyi yɛ nokware de, nanso yɛahyɛ no nsow sɛ nsɛmma nhoma a yɛde ma no akɔ fam koraa wɔ Ghana mmeae bi. Sɛ nsɛmma nhoma a wode ma rekɔ fam a, wobɛyɛ dɛn atumi ama eyi anya nkɔanim? Dɛn ne nneɛma bi a ɛho hia a yebetumi ama atra yɛn adwenem a ɛbɛma yɛn ankasa ama nsɛmma nhoma pii?
3 Kyerɛ Ho Anisɔ: Ade biako a ɛho hia ne sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛ yɛn nsɛmma nhoma no mu nsɛm ho anisɔ. Ɛnyɛ honhom fam mfaso nko na nsɛmma nhoma no a w’ankasa wobɛkenkan daa no bɛma woanya na mmom ɛbɛkanyan wo ma wode ama afoforo anigye so nso.
4 Hwehwɛ nsɛm a ɛfa ɔhaw ahorow a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ ho. Hwehwɛ nsɛm a mmarima, mmea ne mmabun a wubehyia wɔn wɔ afie mu anaa mmɔnten so ani begye ho. Siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛ sɛnea nsɛmma nhoma no ka nsɛm fa ankorankoro ne mmusua ho. Sɛ w’ani sɔ sɛnea nsɛmma nhoma no som bo paa no a, wobɛpɛ sɛ wode ma afoforo!
5 Ma W’ani Nkũ Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Ho: Ɛsɛ sɛ nsɛmma nhoma a wode bɛma anigyefo no nya ɔfã titiriw wɔ w’asɛnka nhyehyɛe mu. Bere bɛn na ɛfata sen biara sɛ wode nsɛmma nhoma bɛma? So woabɔ mmɔden sɛ wode bɛyɛ dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa bɛkɔ afie afie anwummere anwummere ansa na mo Asafo Nhoma Adesua afi ase? Ebinom kyekyɛ nsɛmma nhoma anɔpatutuutu. Afoforo nso ahu sɛ anwummere adansedi yɛ bere pa a wɔde nsɛmma nhoma ma. Memeneda ye ma nsɛmma nhoma kyekyɛ wɔ akwan horow so, nanso wubetumi ayɛ saa dwumadi yi nna foforo nso. Ɛsɛ sɛ afie afie, nnwumayɛbea ne mmɔnten so asɛnka nyinaa yɛ akwan a yɛfa so ma nsɛmma nhoma pii daa.
6 Nya Adwempa Wɔ Ne Ma Ho: Sɛ wode nsɛmma nhoma rema a, da anigye adi. Du koma mu. Dannan wo nsɛm mu denam nsɛm a wɔka kyerɛ pii a wubesiesie so. Afei sɛ wuhyia nsɛm tebea a egu ahorow a, wubetumi ne nnipa ahorow nyinaa akasa ma wo nsɛm no afa wɔn ahiade ho. (1 Pet. 3:15) Ahosiesie a yedi kan yɛ yi taa ma nneɛma kɔ yiye bere a yɛde nsɛmma nhoma rema no.
7 Nya adwempa denam nsɛmma nhoma a wode bɛkɔ baabiara a wokɔ so. Fa ma bere a woredi gua, bere a wote kar mu, bere a woretwɛn obi anaa bere foforo biara a ɛfata wɔ wo da biara da asetra mu. Ɛwom sɛ yɛtaa de nsɛmma nhoma ma bere a yɛabɔ Bible mu asɛm ho nkɔmmɔ tiawa bi de, nanso yebetumi de nea aba dedaw no bi ama yɛn Bible asuafo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, abusuafo. Yebetumi de ama wɔ ayaresabea, adwumayɛdan mu, ne mmeae ahorow a wɔma hokwan no. Wubetumi abu nsɛmma nhoma a ɛte saa a wode ma no nyinaa ho akontaa ɔsram biara wɔ w’asɛnka akontaabu kratasin so.
8 Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara nya nsɛmma nhoma biara a ɛba no dodow pɔtee a ogye. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ sɛ asafo no nsɛmma nhoma a wogye ɔsram biara no renyɛ nea asafo no ankasa besua nko na mmom nea wɔde bɛkɔ asɛnka nso.
9 Fa yɛ wo botae sɛ wobɛma nsɛmma nhoma dodow bi ɔsram biara. Ɛsɛ sɛ botae a wode besi w’anim no yɛ nea wubetumi adu ho, bere a woasusuw w’ankasa nsɛm tebea ne bere a wutumi de yɛ asɛnka adwuma ho no.
10 So Wubetumi Ama Nsɛmma Nhoma Pii? Nnipa komapafo pii wɔ hɔ nnɛ a wɔrehwehwɛ nokware no. Ebetumi aba sɛ nsɛmma nhoma biako mu asɛm ara ne nea wohia ma akyerɛ wɔn kwan aba nokware no mu! Yehowa ama yɛn asɛm a ɛyɛ anigye sɛ yɛnka, na yɛn nsɛmma nhoma no di dwuma titiriw wɔ asɛm no a yɛbɛma afoforo ate no mu. So wobɛma w’ani akũ sɛnea wode yɛn nsɛmma nhoma no bedi dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so ho daakye? Sɛ woyɛ saa a, ɛnyɛ nsɛmma nhoma pii nko na wode bɛma na mmom Yehowa behyira wo pii.—Mmeb. 28:20a.