Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase October 13
Dwom 215
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October 1 Ɔwɛn-Aban ne October 8 Nyan! no bɛma. Ma ɔpanyin ne ɔdawurubɔfo a onni ahoɔden nyɛ telefon so adansedi ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: “Momfa Anigye Nsom Yehowa.”a (Ɛsɛ sɛ obiara de krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no ba ma wɔde susuw asɛm yi ho.) Sɛ mususuw nkyekyɛm 4 ho wie a, ka sɛ yɛde Ahwehwɛde nhomawa no ne Nimdeɛ nhoma no bɛma November mu. Tĩ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔada no adi wɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no biako mu tiawa. Afei ma wɔmfa asɛm a wɔka kyerɛ yi nyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea wɔbobɔ asɛm a wɔka kyerɛ no so. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho yiye mma asɛnka adwuma no.
15 min: Bible Adesua a Yɛbɛyɛ De Nhyira Ba. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka yɛn nhoma ahorow mu osuahu ahorow kakra fa Bible adesua a enya nkɔso ho. (w00-TW 3/1 kr. 6; yb98-E kr. 55-60) Ma atiefo nka nea yesua fi osuahu ahorow yi mu ne sɛnea yenya Bible adesua a yɛyɛ so mfaso ho asɛm.
Dwom 172 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 20
Dwom 86
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
35 min: “So Wode Yɛn Nsɛmma Nhoma no Redi Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So?”b Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Wɔ nkyekyɛm 2 no mu no, ka nsɛmma nhoma dodow a mo asafo no de ma ho asɛm na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ pii. Sɛ mususuw nkyekyɛm 6 ho wie a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no de nnianim nsɛm tiawa kanyan anigye na ɔde kyerɛwsɛm biako si nsɛmma nhoma no mu asɛm biako so dua. Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no serew adamfofa kwan so, de ɛnne a ɛda ayamye adi kasa, na ɔkyerɛ nsɛmma nhoma no ho anigye. Ɛsɛ sɛ wodi kan bobɔ ɔyɛkyerɛ no so yiye na ɛyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no ma ho nhwɛso pa.
Dwom 151 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 27
Dwom 64
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa October asɛnka akontaabu mma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnhwɛ nsɛm a wɔkyerɛw too hɔ wɔ ɔsom afe a etwaam no da koro nhyiam titiriw dwumadi no ase mu mfa nsiesie wɔn ho mma dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam no. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛfata a ɛkyerɛ sɛnea wɔde October 15 Ɔwɛn-Aban ne November 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma abien no ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ nsɛm a wɔka kyerɛ no biako mu no, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa obi a wɔma no nsɛmma nhoma daa nkyɛn sankɔhwɛ a wɔyɛ ho. Twe adwene si “Nea Ɛbɛba no Mu Nsɛm” adaka no so fa bɔ kwan ma sankɔhwɛ a edi hɔ.—Hwɛ October 1998 Yɛn Ahenni Som, kr. 8, nky. 7-8.
20 min: Fa Honhom Nkrante no Di Dwuma. (Efe. 6:17) Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 143-4 so. Ma wɔmma nsɛmmisa yi ho mmuae: (1) Dɛn nti na yɛde Bible di dwuma bere a yɛrema nsɛmmisa ho mmuae no? (2) Edin Yehowa Adansefo no kyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa bɛn? (3) Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe, na ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua no? (4) Wɔ yɛn asasesin mu no, dɛn ne akwan bi a etu mpɔn a yebetumi afa so ada Bible mu adwene ahorow adi? (5) Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yɛbɛkenkan afi Bible mu tẽẽ? (6) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi ahyɛ afoforo nkuran ma wɔde Bible no adi dwuma yiye? Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a egyina dwumadi a ɛwɔ kratafa 144 so a anyɛ yiye koraa no, ɔdawurubɔfo a ɔfata de kyerɛwsɛm biako ma asɛmmisa bi ho mmuae. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wɔde Bible no bedi dwuma bere biara a wodi adanse no.
13 min: Asafo mu osuahu ahorow. Ma atiefo nka osuahu ahorow a wonyae bere a wɔkɔɔ ɔmansin anaa da koro nhyiam titiriw anaa bere a wɔredi adanse bɔnnɔ so wɔ adwumam, sukuu mu, anaa beae foforo no.
Dwom 52 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 3
Dwom 147
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Asafo mu ahiade.
25 min: Munnya Mo Ho Wɔ Nnwuma Pa Fam. (1 Tim. 6:18) Ɔpanyin de nsɛmmisa a wɔde ama wɔ ha no yɛ atiefo nkɔmmɔbɔ wɔ da koro nhyiam titiriw dwumadi a wɔyɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no ho. Ma asafo no nka sɛnea wɔatumi de nea wosuae no adi dwuma. (Wobetumi adi kan de afã horow ama afoforo.) Twe adwene si dwumadi no afã a edidi so yi so: (1) “Nnwuma Pa De Mfaso Kɛse Ba.” (Ɔsɛnk. 2:11) Dɛn nti na Onyankopɔn asomfo di nnwuma pa a wɔaka ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no akyi mmom sen sɛ wobedi wiase yi mu nnwuma hunu akyi? (2) “Munnya Mo Ho Wɔ Onyankopɔn Anim.” (Mat. 6:20) Ɔkwan bɛn so na ebinom ‘ahyehyɛ ademude wɔ ɔsoro,’ na mfaso ahorow bɛn na wɔanya? (3) “Yɛ Bible Adesua Ma W’asɛnka Adwuma Ntu Mpɔn.” (om-TW kr. 91) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛafi Bible adesua ase na yɛatoa so ayɛ? (4) “Nnwuma Pa a Yɛbɛyɛ Wɔ Otwa Bere Yi Mu.” (Mat. 13:37-39) Nnwuma pa ho nhwɛso bɛn na tete Kristofo yɛe, na ɔkwan bɛn so na Ahenni adwuma no atrɛw nnɛ? (5) “Momma Mo Nnwuma Pa Nhyɛ Yehowa Anuonyam.” (Mat. 5:14-16) Ɔkwan bɛn so na ebinom ama wɔn ‘kanea ahyerɛn’? (6) “Mmabun a Yɛbɛkamfo Wɔn Wɔ Nnwuma Pa a Wɔde Yi Yehowa Ayɛ Ho.” (Dw. 148:12, 13) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ mmabun wɔ yɛn mansin yi mu rekamfo Yehowa? (7) “Kɔ So Yɛ Nnwuma Pa na Nya Yehowa Nhyira.” (Mmeb. 10:22) Sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho wɔ nnwuma pa mu a, nhyira bɛn na yebenya sɛ ankorankoro, abusua, asafo, ne wiase nyinaa ahyehyɛde?
Dwom 180 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.