Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Sept. 1
“Nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no ani nnye nyamesom ho bio. Wususuw sɛ, sɛ obi som Nyankopɔn a, ɛbɛboa no ma wayɛ nipa pa? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea Bible ka siei sɛ nnipa bi bɛhwehwɛ wɔ nyamesom ho wɔ nna a edi akyiri mu no nsow. [Kenkan 2 Timoteo 4:3, 4.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea nokware som hyɛ Onyankopɔn anuonyam na yenya so mfaso no mu.”
Awake! Sept.
“Nnipa pii ntumi nhu sɛ Onyankopɔn mu gyidi ne nyansahu hyia anaa. Wususuw ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Hebrifo 3:4.] Awake! yi pɛɛpɛɛ nea ama nyansahufo bi agye adi sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no mu.”
Ɔwɛn-Aban Sept. 15
Ka asɛm bi a asi nnansa yi a nkurɔfo reka ho asɛm wɔ mo mpɔtam hɔ. Afei bisa sɛ: “Wususuw sɛ Bible mu asɛm yi fa yɛn bere yi ho? [Kenkan 2 Timoteo 3:1, na twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”
Awake! Sept.
“Nnipa pii susuw sɛ wɔbɔɔ yɛn. Afoforo nso ka sɛ yefi mmoa mu na ɛbae. W’adwene yɛ wo dɛn wɔ ho? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya asɛm yi ho mmuae a ɛfata no nsow. [Kenkan Hiob 12:7, 8.] Awake! soronko yi ma yehu sɛnea Onyankopɔn nyansa da adi wɔ abɔde mu ne sɛnea abɔde yɛ fɛ fa.”