Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/05 kr. 1
  • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ayamye So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ayamye So
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayamye—Suban a Yɛde Yɛn Kasa Ne Yɛn Nneyɛe Da No Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ayamye Nan Abufuw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
Yɛn Ahenni Som—2005
km 10/05 kr. 1

Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ayamye So

1 Ɔbea bi a na ɔwɔ Adansefo ho adwemmɔne reka bere a edi kan a ohyiaa Yehowa Adansefo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Menkae dekode a yɛkaa ho asɛm, nanso nea mekae ne ayamye kɛse a oyii adi kyerɛɛ me no, n’ahɔhoyɛ su ne ahobrɛase kɛse a ɔwɔ no. Ɛtwee me bɛn no ankasa” Nsɛm yi si hia a ehia sɛ yefi koma mu kyerɛ wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no ho anigye so dua.—Filip. 2:4.

2 Ɔdɔ Wɔ Ayamye: Ɔkwan biako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo ne sɛ yɛbɛda ayamye adi. (1 Kor. 13:4) Obi a ne yam ye no ma afoforo yiyedi ho hia no, na ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so ayɛ nneɛma bi de aboa wɔn. Nokwarem no, asɛm a yɛka no ankasa yɛ ayamye a yɛda no adi. Nanso ɛnyɛ asɛm no a yɛka kyerɛ nnipa no ara nko na ɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho yiye. Sɛnea yɛne nnipa di nsɛm—yɛn adamfofa su, sɛnea yefi obu mu yɛ ade, ɔkwan a yɛfa so tie asɛm, nsɛm a yɛka ne sɛnea yɛka no, ne sɛnea yɛyɛ yɛn anim kasa kyerɛ afoforo mpo—bɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho ampa.—Mat. 8:2, 3.

3 Ɔdɔ mu a yefi dwen nnipa ho no nso bɛka yɛn ma yɛde mmoa a mfaso wɔ so ama. Bere a onua kwampaefo bi reka asɛm wɔ afie afie mu no, ɔbea kunafo bi a ne mfe akɔ anim pam no ntɛm ara bere a ohui sɛ ɔyɛ Ɔdansefo no. Ɔbea no kae sɛ, bere a onua no bɔɔ pon ano dɔn no, na ogyina atweri so wɔ gyaade rebɔ mmɔden sɛ ɔde anyinam kanea foforo bɛhyɛ nea awu no ananmu. Onua no kae sɛ: “Ɛyɛ hu sɛ wo nko ara bɛyɛ saa.” Ɔbea no frɛɛ no kɔɔ gyaade hɔ. Onua no gyee anyinam kanea no de hyɛɛ mu gyaw ne hɔ kɔe. Bere tiaa bi akyi no, ɔbea no babarima baa fie bɛhwɛɛ sɛnea ne ho te, na ɔkaa nea esii no kyerɛɛ no. N’ani gyei araa ma ɔpɛe sɛ ohu onua no da no ase. Eyi ma wɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran, na awiei koraa no, okunafo no babarima no penee so ma ɔne no yɛɛ Bible adesua.

4 Sɛ yɛda ayamye adi a, yɛma afoforo hu ɔdɔ a Yehowa wɔ ma nnipa, na ɛma Ahenni asɛm a yɛka no tu mpɔn. Enti, momma ‘yɛmfa ayamye so nna yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo’ bere nyinaa.—2 Kor. 6:4, 6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena