Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/05 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 10
  • Dapɛn a Efi Ase October 17
  • Dapɛn a Efi Ase October 24
  • Dapɛn a Efi Ase October 31
  • Dapɛn a Efi Ase November 7
Yɛn Ahenni Som—2005
km 10/05 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase October 10

Dwom 17

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ mubetumi de nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no adi dwuma wɔ mo asafo no asasesin mu a, fa yɛ sɛnea wɔde October 1 Ɔwɛn-Aban ne October 8 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ wɔyɛ ɔyɛkyerɛ no biara wie a, si emu nsɛm a ɛfata so dua. Bio nso, twe adwene si nsɛmma nhoma no mu nsɛm afoforo a ebia nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani begye ho so.

15 min: Wowɔ Akenkan Ho Su Pa? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 21 kosi 26 afã bi a wɔapaw so. Dɛn na yebetumi de aka yɛn akenkan nhyehyɛe ho? (kr. 21, adaka) Dɛn nti na ehia sɛ yɛkenkan nhoma a wɔde ma yɛn no? (kr. 23, nky. 2) Ade titiriw bɛn na ɛbɛma yɛakura akenkan nhyehyɛe a eye mu? (kr. 26, nky. 3-4) Woyɛ dɛn nya bere kenkan Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no? Ɔkwan bɛn so na eyi aboa wo?

20 min: “Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm.”a Ma atiefo nka tebea horow a ebetumi ama ayɛ den sɛ wobenya akokoduru de adi adanse. Dɛn na aboa wɔn ma wɔayɛ saa?

Dwom 78 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 17

Dwom 36

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw asɛntitiriw biako anaa nsɛntitiriw abien a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ September 2005 Yɛn Ahenni Som mu no ɔfã 3 no ho mfa nkyerɛ sɛnea yebetumi de Kyerɛwnsɛm no adi dwuma bere a yɛreyɛ Bible adesua.

15 min: Kwati Intanɛt So Asiane No. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina December 8, 2004, Awake! kratafa 18 kosi 21 so.

20 min: “Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ayamye So.”b Ma atiefo nka sɛnea yebetumi ada ayamye adi akyerɛ afoforo bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no. Yebesusuw akwan foforo a yɛbɛfa so akyerɛ wɔn a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no ho anigye wɔ Yɛn Ahenni Som mu nsɛm a ɛbɛba akyiri yi mu.

Dwom 2 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 24

Dwom 68

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho amanneɛbɔ ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka mo ntoboa no kyerɛ. Ma wɔmfa krataa a ɛhyɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som mu nyansahyɛ a ɛfa sɛnea yɛde nhoma ma ho no anaa ɔkwan foforo a mubetumi afa so ayɛ saa wɔ mo asasesin mu no nyɛ sɛnea wɔde nhoma bɛma wɔ November mu ho ɔyɛkyerɛ.—Hwɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 8, nky. 5.

15 min: Asafo mu ahiade.

20 min: Susuw Onyankopɔn Gyinapɛn Wɔ Ntadehyɛ ne Ahosiesie Ho. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina August 1, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17 kosi 19 so. Ma atiefo nka sɛnea yɛn ahosiesie a ɛfata no betumi abue kwan ma yɛadi adanse.

Dwom 153 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 31

Dwom 209

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa October asɛnka akontaabu mma. Sɛ mubetumi de nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 no adi dwuma wɔ mo asasesin mu a, fa yɛ sɛnea wɔde October 15 Ɔwɛn-Aban ne October 22 Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, to nhyɛase ma nsrahwɛ a edi hɔ no denam “Nea Ɛbɛba No Mu Nsɛm” a wobɛtwe n’adwene asi so no so.—Hwɛ October 1998 Yɛn Ahenni Som, kr. 8, nky. 7 kosi 8.

15 min: Boa Obi a Woma No Nsɛmma Nhoma Daa No. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina May 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8 so. Yɛpɛ sɛ yefi ase ma obi nsɛmma nhoma daa a, yɛbɛyɛ no dɛn? (nky. 1) Yɛbɛyɛ dɛn de kyerɛwsɛm biako asiesie asɛm a yɛbɛka akyerɛ obi a yɛma no nsɛmma nhoma daa no ntoatoaso? (nky. 3) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen sɛ yɛbɛkenkan kyerɛwsɛm a yɛapaw no ara kɛkɛ. (nky. 4) Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ne obi a yɛma no nsɛmma nhoma daa no ayɛ Bible adesua? (nky. 5) Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a ɔdawurubɔfo bi ne obi a ɔma no nsɛmma nhoma daa susuw kyerɛwsɛm biako ho.

20 min: Mmabun a Wɔwɔ Akokoduru Nanso Wobu Ade. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina September 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 23 kosi 24, wɔ asɛmti ketewa “Fi Obu Mu Twe Wo Ho Fi Ho” ase no so. Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔbabun baako anaa mmabun baanu nka ɔhaw ahorow a wɔahyia wɔ sukuu mu ne nea aboa wɔn ma wɔadi ho dwuma ɔkwampa so nkyerɛ.

Dwom 222 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 7

Dwom 39

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

20 min: Aso a Wobɛyɛ Atie Asɛm Yiye Wɔ Asafo Nhyiam Ase. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina September 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12 kosi 14, nkyekyɛm 11 kosi 14 so. Munsusuw nyansahyɛ a wɔde ama no ho, na ma atiefo nka nea aboa wɔn ma wotumi nya asafo nhyiam ahorow so mfaso nkyerɛ.

20 min: “Sua Sɛnea Wɔne Afoforo Susuw Nsɛm Ho.”c Ma adawurubɔfo bi a woapaw wɔn nka sɛnea wɔatumi ne nnipa a wɔn nsɛm tebea gu ahorow a wɔte asafo no asasesin mu asusuw nsɛm ho no nkyerɛ.

Dwom 50 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena